< 利未記 20 >
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se,
2 「你還要曉諭以色列人說:凡以色列人,或是在以色列中寄居的外人,把自己的兒女獻給摩洛的,總要治死他;本地人要用石頭把他打死。
‘Obiara a ofi mo mu a ɔde ne ba bɛbɔ ɔhyew afɔre ama Molek no, sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔhɔho no, ɛsɛ sɛ wokum no. Ɛsɛ sɛ wosiw no abo.
3 我也要向那人變臉,把他從民中剪除;因為他把兒女獻給摩洛,玷污我的聖所,褻瀆我的聖名。
Na mʼankasa metia saa onipa no na mayi no afi ne nkurɔfo mu, efisɛ ɔde ne ba ama Molek ama wagu me kronkronbea ne me din kronkron no ho fi.
4 那人把兒女獻給摩洛,本地人若佯為不見,不把他治死,
Na sɛ nnipa a wɔte mpɔtam hɔ no nso boapa yɛ wɔn ho sɛ wonnim sɛ ɔbarima no de ne ba abɔ afɔre ama Molek na wɔankum no a, mʼankasa metia
5 我就要向這人和他的家變臉,把他和一切隨他與摩洛行邪淫的人都從民中剪除。
ɔbarima no ne ne fifo na matwa ɔno ne nnipa a wɔde wɔn ho to anyame foforo so no nyinaa afi wɔn nkurɔfo mu.
6 「人偏向交鬼的和行巫術的,隨他們行邪淫,我要向那人變臉,把他從民中剪除。
“‘Metia obiara a ɔkɔ asuman ne ahonhom nkyɛn okodi wɔn akyi aguaman so, na matwa saa onipa no afi ne nkurɔfo mu.
7 所以你們要自潔成聖,因為我是耶和華-你們的上帝。
“‘Enti montew mo ho na monyɛ kronkron na mene Awurade mo Nyankopɔn.
8 你們要謹守遵行我的律例;我是叫你們成聖的耶和華。
Ɛsɛ sɛ mudi me mmara nyinaa so, efisɛ mene Awurade a meyɛ mo kronkron no.
9 凡咒罵父母的,總要治死他;他咒罵了父母,他的罪要歸到他身上。
“‘Obiara a ɔbɛdome nʼagya anaa ne na no, ɛsɛ sɛ wokum no, efisɛ wadome ne na ne nʼagya, ne mogya begu nʼatifi.
“‘Sɛ ɔbarima bi kɔfa obi yere a, ɛsɛ sɛ wokum ɔbarima no ne ɔbea no nyinaa wɔabɔ aguaman.
11 與繼母行淫的,就是羞辱了他父親,總要把他們二人治死,罪要歸到他們身上。
“‘Sɛ ɔbarima bi ne nʼagya yere da a, ɛsɛ sɛ wokum ɔbarima no ne ɔbea no, wɔn mogya begu wɔn atifi.
12 與兒婦同房的,總要把他們二人治死;他們行了逆倫的事,罪要歸到他們身上。
“‘Na sɛ ɔbarima bi kɔfa nʼase a ɔyɛ ne babarima yere a, ɛsɛ sɛ wokum wɔn baanu no nyinaa; wɔn ankasa na wɔagu wɔn ho wɔn ho fi; wɔn mogya begu wɔn atifi.
13 人若與男人苟合,像與女人一樣,他們二人行了可憎的事,總要把他們治死,罪要歸到他們身上。
“‘Sɛ ɔbarima bi fa ne yɔnko barima a, wonkum wɔn baanu no nyinaa; wɔn mogya begu wɔn ankasa atifi.
14 人若娶妻,並娶其母,便是大惡,要把這三人用火焚燒,使你們中間免去大惡。
“‘Sɛ ɔbarima bi fa ɔbea bi na ɔsan kɔfa ɔbea no na ka ho a, ɛyɛ atiwuisɛm. Ɛsɛ sɛ wɔhyew saa nnipa baasa yi nyinaa anikann de apepa amumɔyɛsɛm no afi mo mu.
“‘Sɛ ɔbarima bi fa aboa a, ɛsɛ sɛ wokum ɔbarima no na wokum aboa no nso.
16 女人若與獸親近,與牠淫合,你要殺那女人和那獸,總要把他們治死,罪要歸到他們身上。
“‘Sɛ ɔbea nso ma aboa fa no a, munkum ɔbea no ne aboa no nyinaa; wɔn mogya begu wɔn ankasa atifi.
17 「人若娶他的姊妹,無論是異母同父的,是異父同母的,彼此見了下體,這是可恥的事;他們必在本民的眼前被剪除。他露了姊妹的下體,必擔當自己的罪孽。
“‘Sɛ ɔbarima ne ne nuabea da a, sɛ ɛyɛ nʼagya babea o, sɛ nso ɛyɛ ne na babea o, ɛyɛ animguasesɛm, wobegyina bagua mu ayi wɔn afi wɔn nkurɔfo mu. Ɔbarima no ara bɛsoa nʼafɔdi.
18 婦人有月經,若與她同房,露了她的下體,就是露了婦人的血源,婦人也露了自己的血源,二人必從民中剪除。
“‘Sɛ ɔbarima bi kɔfa ɔbea a wabu ne nsa a, ɛsɛ sɛ woyi wɔn fi wɔn nkurɔfo mu, efisɛ ɔbarima no ada ɔbea no adagyaw adi.
19 不可露姨母或是姑母的下體,這是露了骨肉之親的下體;二人必擔當自己的罪孽。
“‘Sɛ obi ne nʼagya nuabea da a, ɛyɛ akyiwade. Saa ara nso na ɔne ne na nuabea da a, ɛyɛ akyiwade ara ne no, efisɛ, wɔn nyinaa yɛ mogya baako. Wɔn baanu nyinaa bɛsoa wɔn afɔdi.
20 人若與伯叔之妻同房,就羞辱了他的伯叔;二人要擔當自己的罪,必無子女而死。
“‘Sɛ ɔbarima bi fa nʼagya nuabarima yere a, wafa ade a ɛyɛ nʼagya nuabarima no dea; wɔn asotwe ne sɛ, wɔbɛsoa wɔn bɔne awu a wɔrenwo ba.
21 人若娶弟兄之妻,這本是污穢的事,羞辱了他的弟兄;二人必無子女。
“‘Sɛ ɔbarima bi ware ne nua yere a, ɛyɛ afide, efisɛ wafa ne nua ade na wɔn nyinaa renwo ba.
22 「所以,你們要謹守遵行我一切的律例典章,免得我領你們去住的那地把你們吐出。
“‘Ɛsɛ sɛ mudi me mmara nyinaa so na mampam mo amfi mo asase foforo yi so.
23 我在你們面前所逐出的國民,你們不可隨從他們的風俗;因為他們行了這一切的事,所以我厭惡他們。
Munnni ɔman no amanne a maka no mo anim sɛ enye no akyi, efisɛ nneɛma a wɔyɛ a enye no nyinaa, mabɔ mo ho kɔkɔ dedaw. Ɛno nti na mikyi saa aman no.
24 但我對你們說過,你們要承受他們的地,就是我要賜給你們為業、流奶與蜜之地。我是耶和華-你們的上帝,使你們與萬民有分別的。
Mahyɛ mo wɔn asase no ho bɔ sɛ mede bɛma mo. Ɛyɛ asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so. Mene Awurade mo Nyankopɔn a mama mo ada nsow wɔ aman a aka no nyinaa mu.
25 所以,你們要把潔淨和不潔淨的禽獸分別出來;不可因我給你們分為不潔淨的禽獸,或是滋生在地上的活物,使自己成為可憎惡的。
“‘Ɛsɛ sɛ mo nso muhu nnomaa ne mmoa a mama mo ho kwan sɛ monwe wɔn nam ne wɔn a ɛnsɛ sɛ mowe wɔn nam no ntam nsonoe. Ɛwɔ mu sɛ mmoa ne nnomaa a mabra sɛ monnnwe no, wɔabu so wɔ asase no so de, nanso monnnwe mfa ngu mo ho fi nhyɛ me abufuw.
26 你們要歸我為聖,因為我-耶和華是聖的,並叫你們與萬民有分別,使你們作我的民。
Mobɛyɛ kronkron ama me, efisɛ me Awurade, meyɛ kronkron na mayi mo afi nnipa nyinaa mu asi nkyɛn sɛ moyɛ me de.
27 「無論男女,是交鬼的或行巫術的,總要治死他們。人必用石頭把他們打死,罪要歸到他們身上。」
“‘Ɔbarima anaa ɔbea a ɔyɛ samanfrɛfo anaasɛ osumanni wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ mukum no. Ɛsɛ sɛ musiw no abo; ne mogya begu nʼankasa atifi.’”