< 約伯記 3 >

1 此後,約伯開口咒詛自己的生日,
Akyiri no Hiob kasae, na ɔdomee da a wɔwoo no.
2 說:
Ɔkae se,
3 願我生的那日 和說懷了男胎的那夜都滅沒。
“Ma da a wɔwoo me no nyera, ne anadwo a wɔkae se, ‘Wɔawo ɔbabarima no!’
4 願那日變為黑暗; 願上帝不從上面尋找它; 願亮光不照於其上。
Saa da no nnuru sum; mma Ɔsoro Nyankopɔn nhwehwɛ akyi kwan; mma hann biara ntɔ ngu so.
5 願黑暗和死蔭索取那日; 願密雲停在其上; 願日蝕恐嚇它。
Ma sum ne owusum nnye no mfa; ma omununkum nkata so; na sum mmunkam ne hann so.
6 願那夜被幽暗奪取, 不在年中的日子同樂, 也不入月中的數目。
Ma sum kabii nnye saa anadwo no mfa; ma wonyi saa anadwo no mfi asranna so na wɔmmfa nhyɛ ɔsram biara mu.
7 願那夜沒有生育, 其間也沒有歡樂的聲音。
Saa anadwo no nyɛ obonin; mma wɔnnte anigye nteɛmu wɔ mu.
8 願那咒詛日子且能惹動鱷魚的 咒詛那夜。
Ma wɔn a wɔdome nna no nnome saa da no; wɔn a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛkanyan dɛnkyɛmmirampɔn no.
9 願那夜黎明的星宿變為黑暗, 盼亮卻不亮, 也不見早晨的光線;
Ma nʼanɔpa nsoromma nnuru sum; na ɔntwɛn adekyee kwa a onhu anɔpawia nsensanee a edi kan no,
10 因沒有把懷我胎的門關閉, 也沒有將患難對我的眼隱藏。
efisɛ anto nea ɔwoo me no awotwaa mu ama wawo me na anka mʼani renhu saa abɛbrɛsɛ yi.
11 我為何不出母胎而死? 為何不出母腹絕氣?
“Adɛn nti na manwu awoe hɔ, bere a mifi me na awotwaa mu no?
12 為何有膝接收我? 為何有奶哺養我?
Adɛn nti na nkotodwe gyee me ne nufu sɛ minnum?
13 不然,我就早已躺臥安睡,
Anka sesɛɛ meda hɔ asomdwoe mu; anka mada regye mʼahome
14 和地上為自己重造荒邱的君王、謀士,
me ne wiase ahemfo ne fotufo, wɔn a wosisii adan maa wɔn ho na nnɛ yi abubu no,
15 或與有金子、將銀子裝滿了房屋的王子 一同安息;
me ne ahenemma a na wɔwɔ sika kɔkɔɔ, wɔn a wɔde dwetɛ hyɛɛ wɔn afi mu ma.
16 或像隱而未現、不到期而落的胎, 歸於無有,如同未見光的嬰孩。
Anaasɛ adɛn nti na wɔansie me sɛ ɔpɔnba, te sɛ akokoaa a wanhu adekyee hann da?
17 在那裏惡人止息攪擾, 困乏人得享安息,
Ɛhɔ na amumɔyɛfo gyae basabasayɛ, na abrɛfo nya ahomegye.
18 被囚的人同得安逸, 不聽見督工的聲音。
Nneduafo nso nya wɔn ahofadi; na wɔnte nnommumfo wuranom ateɛteɛ bio.
19 大小都在那裏; 奴僕脫離主人的轄制。
Nketewa ne akɛse wɔ hɔ, na akoa de ne ho fi ne wura nsam.
20 受患難的人為何有光賜給他呢? 心中愁苦的人為何有生命賜給他呢?
“Adɛn nti na wɔma mmɔborɔfo hann, na ɔkra mu ahohiahiafo nya nkwa,
21 他們切望死,卻不得死; 求死,勝於求隱藏的珍寶。
wɔn a wɔn kɔn dɔ owu nanso ɛmma, wɔn a wɔbrɛ hwehwɛ owu sen sɛnea wɔhwehwɛ nnwetɛbona,
22 他們尋見墳墓就快樂, 極其歡喜。
wɔn a anigye ahyɛ wɔn ma na wodu ɔda mu a wodi ahurusi.
23 人的道路既然遮隱, 上帝又把他四面圍困, 為何有光賜給他呢?
Adɛn nti na wɔde nkwa ma onipa a ne kwan ahintaw, nea Onyankopɔn aka no ahyɛ mu?
24 我未曾吃飯就發出歎息; 我唉哼的聲音湧出如水。
Ahomekokogu adan mʼaduan; na mʼapinisi gu te sɛ nsu.
25 因我所恐懼的臨到我身, 我所懼怕的迎我而來。
Nea na misuro no aba me so; nea na ɛbɔ me hu no ato me.
26 我不得安逸,不得平靜, 也不得安息,卻有患難來到。
Minni ahotɔ, minni asomdwoe; minni ahomegye na mmom, ɔhaw nko ara.”

< 約伯記 3 >