< 約伯記 27 >

1 約伯接着說:
Hiob toaa nʼasɛm so sɛ,
2 上帝奪去我的理,全能者使我心中愁苦。 我指着永生的上帝起誓:
“Sɛ Onyankopɔn te ase yi, ɔno a wammu me atɛntenenee, Otumfoɔ a wama madi me kra mu awerɛhoɔ;
3 我的生命尚在我裏面; 上帝所賜呼吸之氣仍在我的鼻孔內。
mmerɛ dodoɔ a nkwa wɔ me mu, na Onyankopɔn homeɛ wɔ me mu yi,
4 我的嘴決不說非義之言; 我的舌也不說詭詐之語。
mʼano renka amumuyɛsɛm, na me tɛkrɛma rentwa nkontompo.
5 我斷不以你們為是; 我至死必不以自己為不正!
Merennye nto mu da sɛ deɛ woka no yɛ nokorɛ; merenka me mudie nhyɛ, kɔsi sɛ mɛwuo.
6 我持定我的義,必不放鬆; 在世的日子,我心必不責備我。
Mɛkura me tenenee mu. Merennyaa mu; sɛ mete ase yi, me tiboa remmu me fɔ.
7 願我的仇敵如惡人一樣; 願那起來攻擊我的,如不義之人一般。
“Ma mʼatamfoɔ nyɛ sɛ amumuyɛfoɔ, na wɔn a wɔkyiri me nyɛ sɛ atorofoɔ.
8 不敬虔的人雖然得利, 上帝奪取其命的時候還有甚麼指望呢?
Anidasoɔ bɛn na deɛ ɔnni nyamesu no wɔ wɔ ne wuo akyi, ɛberɛ a Onyankopɔn agye ne nkwa afiri ne nsam?
9 患難臨到他, 上帝豈能聽他的呼求?
Onyankopɔn tie ne sufrɛ ɛberɛ a amanehunu aba ne so anaa?
10 他豈以全能者為樂, 隨時求告上帝呢?
Nʼani bɛgye wɔ Otumfoɔ mu? Ɔbɛsu afrɛ Onyankopɔn ɛberɛ biara anaa?
11 上帝的作為,我要指教你們; 全能者所行的,我也不隱瞞。
“Mɛma mo Onyankopɔn tumi ho nkyerɛkyerɛ; meremfa Otumfoɔ no akwan nhinta.
12 你們自己也都見過, 為何全然變為虛妄呢?
Mo ankasa moahunu yeinom nyinaa. Afei nsɛnhunu yi ase ne sɛn?
13 上帝為惡人所定的分, 強暴人從全能者所得的報乃是這樣:
“Yei ne deɛ Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ ama omumuyɛfoɔ, agyapadeɛ a otirimuɔdenfoɔ nya firi Otumfoɔ nkyɛn:
14 倘或他的兒女增多,還是被刀所殺; 他的子孫必不得飽食。
Sɛ ɔwɔ mma dodoɔ sɛn ara, wɔn hyɛberɛ ne akofena; na nʼasefoɔ rennidi mmee da.
15 他所遺留的人必死而埋葬; 他的寡婦也不哀哭。
Ɔyaredɔm bɛsie wɔn a wɔbɛka wɔ nʼakyi, na wɔn akunafoɔ rensu wɔn.
16 他雖積蓄銀子如塵沙, 預備衣服如泥土;
Ɛwom sɛ ɔhɔre dwetɛ te sɛ mfuturo na ɔboa ntoma ano sɛ dɔteɛ deɛ,
17 他只管預備,義人卻要穿上; 他的銀子,無辜的人要分取。
nanso deɛ ɔpɛ gu hɔ no, ateneneefoɔ na wɔbɛfira na pɛpɛfoɔ no nso akyekyɛ dwetɛ no.
18 他建造房屋如蟲做窩, 又如守望者所搭的棚。
Efie a ɔsi no te sɛ ananse afafa, ɛte sɛ pata bi a ɔwɛmfoɔ abɔ.
19 他雖富足躺臥,卻不得收殮, 轉眼之間就不在了。
Ɔda hɔ te sɛ ɔdefoɔ, nanso ɔrenna saa bio; ɔbɛte nʼani no na ne nyinaa atu ayera.
20 驚恐如波濤將他追上; 暴風在夜間將他颳去。
Ahunahuna ba ne so sɛ nsuyire; ahum hwim no kɔ anadwo.
21 東風把他飄去, 又颳他離開本處。
Apueeɛ mframa soa no kɔ, na ɔnni hɔ bio; ɛtwe no firi ne teberɛ.
22 上帝要向他射箭,並不留情; 他恨不得逃脫上帝的手。
Ɛbɔ no a ahummɔborɔ nni mu ɛberɛ a ɔredwane afiri ne tumi ase.
23 人要向他拍掌, 並要發叱聲,使他離開本處。
Ɔde fɛ bɔ ne nsam na ɔpamoo no firi ne teberɛ.”

< 約伯記 27 >