< 耶利米書 9 >
1 但願我的頭為水, 我的眼為淚的泉源, 我好為我百姓中被殺的人晝夜哭泣。
Ao, sɛ me etiri yɛ asutire, na mʼaniwa yɛ nisuo abura a, anka mɛsu awia ne anadwo ama me nkurɔfoɔ a wɔakunkum wɔn no.
2 惟願我在曠野有行路人住宿之處, 使我可以離開我的民出去; 因他們都是行姦淫的, 是行詭詐的一黨。
Ao, sɛ mewɔ akwantufoɔ asoeɛ wɔ anweatam no so a, anka mɛgya me nkurɔfoɔ hɔ na mafiri wɔn nkyɛn; ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ, nnipa kuo a wɔnni nokorɛ.
3 他們彎起舌頭像弓一樣, 為要說謊話。 他們在國中增長勢力, 不是為行誠實, 乃是惡上加惡, 並不認識我。 這是耶和華說的。
“Wɔsiesie wɔn tɛkrɛma te sɛ agyan de di atorɔ; Ɛnyɛ nokorɛ so na wɔnam di yie wɔ asase yi so. Wɔyɛ bɔne toatoa so; na wɔnnye me nto mu,” Awurade na ɔseɛ.
4 你們各人當謹防鄰舍, 不可信靠弟兄; 因為弟兄盡行欺騙, 鄰舍都往來讒謗人。
“Monhwɛ yie wɔ mo nnamfonom ho; monnnye mo nuammarima mpo nni. Ɛfiri sɛ onuabarima biara yɛ ɔdaadaafoɔ, na adamfo biara yɛ osekuni.
5 他們各人欺哄鄰舍,不說真話; 他們教舌頭學習說謊, 勞勞碌碌地作孽。
Adamfo daadaa adamfo, na wɔn mu biara nka nokorɛ. Wɔn tɛkrɛma akokwa atorodie mu, na wɔde bɔneyɛ ha wɔn ho.
6 你的住處在詭詐的人中; 他們因行詭詐,不肯認識我。 這是耶和華說的。
Wote nnaadaa mfimfini; na wɔn nnaadaa mu wɔmpɛ sɛ wɔgye me to mu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
7 所以萬軍之耶和華如此說: 看哪,我要將他們鎔化熬煉; 不然,我因我百姓的罪該怎樣行呢?
Ɛno enti, sei na Asafo Awurade seɛ, “Hwɛ, mɛnane wɔn asɔ wɔn ahwɛ, na ɛdeɛn bio na mɛtumi ayɛ ɛsiane me nkurɔfoɔ yi bɔne nti?
8 他們的舌頭是毒箭,說話詭詐; 人與鄰舍口說和平話, 心卻謀害他。
Wɔn tɛkrɛma yɛ agyan a ano wɔ borɔ; ɛka nnaadaasɛm. Obiara kasa asomdwoeɛ mu kyerɛ ne yɔnko, nanso nʼakoma mu deɛ, ɔsum no afidie.
9 耶和華說:我豈不因這些事討他們的罪呢? 豈不報復這樣的國民呢?
Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ yei ho?” Sei na Awurade seɛ. “Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔ ɔman a ɛte sei so awere anaa?”
10 我要為山嶺哭泣悲哀, 為曠野的草場揚聲哀號; 因為都已乾焦,甚至無人經過。 人也聽不見牲畜鳴叫, 空中的飛鳥和地上的野獸都已逃去。
Mɛsu na mɛtwa adwo ama mmepɔ no, mɛbɔ abubuo a ɛfa anweatam adidibea ho. Ayɛ fo na obi mfa hɔ bio, na wɔnte anantwie su wɔ hɔ. Ewiem nnomaa no atutu kɔ na mmoa no nso adwane kɔ.
11 我必使耶路撒冷變為亂堆,為野狗的住處, 也必使猶大的城邑變為荒場,無人居住。
“Mɛyɛ Yerusalem mmubuiɛ sie, sakraman atuo; na mɛma Yuda nkuro ada mpan sɛdeɛ obiara ntumi ntena hɔ.”
12 誰是智慧人,可以明白這事?耶和華的口向誰說過,使他可以傳說?遍地為何滅亡,乾焦好像曠野,甚至無人經過呢?
Onipa bɛn na ɔnim nyansa ara sɛ ɔbɛte yei ase? Hwan na Awurade akyerɛkyerɛ no a ɔbɛtumi akyerɛ aseɛ? Adɛn enti na wɔasɛe asase no ama ada mpan sɛ anweatam a obiara ntumi mfa soɔ?
13 耶和華說:「因為這百姓離棄我在他們面前所設立的律法,沒有遵行,也沒有聽從我的話;
Awurade kaa sɛ, “Esiane sɛ wɔapo me mmara a mehyɛ maa wɔn no enti, wɔanyɛ ɔsetie amma me na wɔanni me mmara so.
14 只隨從自己頑梗的心行事,照他們列祖所教訓的隨從眾巴力。」
Mmom, wɔadi wɔn akoma asoɔden akyi, wɔadi Baalnom akyi sɛdeɛ wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn no.”
15 所以萬軍之耶和華-以色列的上帝如此說:「看哪,我必將茵蔯給這百姓吃,又將苦膽水給他們喝。
Ɛno enti, deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie: “Hwɛ, mɛma saa nnipa yi adi aduane a ɛyɛ nwono na wɔanom nsuo a wɔde awuduro afra.
16 我要把他們散在列邦中,就是他們和他們列祖素不認識的列邦。我也要使刀劍追殺他們,直到將他們滅盡。」
Mɛbɔ wɔn ahwete amanaman a wɔn anaa wɔn agyanom nnim so, na mede akofena bɛtaa wɔn kɔsi sɛ mɛsɛe wɔn.”
17 萬軍之耶和華如此說: 你們應當思想, 將善唱哀歌的婦女召來, 又打發人召善哭的婦女來,
Sɛdeɛ Awurade tumfoɔ seɛ nie: “Dwene ho! Frɛ mmaa agyaadwotwafoɔ no, frɛ wɔn a wɔakwadare mu pa ara.
18 叫她們速速為我們舉哀, 使我們眼淚汪汪, 使我們的眼皮湧出水來。
Ma wɔmmra ntɛm mmesu ngu yɛn so kɔsi sɛ yɛn ani so bɛtaataa nisuo na nisuo adware yɛn.
19 因為聽見哀聲出於錫安,說: 我們怎樣敗落了! 我們大大地慚愧! 我們撇下地土; 人也拆毀了我們的房屋。
Wɔte agyaadwotwa nnyegyeeɛ firi Sion sɛ, ‘Wɔasɛe yɛn! Yɛn anim agu ase yie! Ɛsɛ sɛ yɛtu firi yɛn asase so ɛfiri sɛ, yɛn afie abubu.’”
20 婦女們哪,你們當聽耶和華的話, 領受他口中的言語; 又當教導你們的兒女舉哀, 各人教導鄰舍唱哀歌。
Afei, Ao mmaa, montie Awurade asɛm; monyɛ aso mma nsɛm a ɛfiri nʼanom. Monkyerɛ mo mmammaa sɛdeɛ wɔtwa dwo; monkyerɛ mo ho mo ho abubuo bɔ.
21 因為死亡上來, 進了我們的窗戶, 入了我們的宮殿; 要從外邊剪除孩童, 從街上剪除少年人。
Owuo aforo afa yɛn mpomma mu ahyɛne yɛn aban mu; apamo mmɔfra afiri mmɔntene so ne mmeranteɛ afiri ɔman adwaberem.
22 你當說,耶和華如此說: 人的屍首必倒在田野像糞土, 又像收割的人遺落的一把禾稼, 無人收取。
Ka sɛ, “Sei na Awurade seɛ, “‘Nnipa afunu bɛdeda hɔ te sɛ sumina a ɛgugu petee mu, te sɛ aburoo a otwafoɔ atwa agu nʼakyi a obiara mmoaboaa ano.’”
23 耶和華如此說:「智慧人不要因他的智慧誇口,勇士不要因他的勇力誇口,財主不要因他的財物誇口。
Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Mma onyansafoɔ mfa ne nyansa nhyehyɛ ne ho anaa ɔhoɔdenfoɔ mfa nʼahoɔden nhyehyɛ ne ho anaa ɔdefoɔ mfa nʼahonya nhyehyɛ ne ho.
24 誇口的卻因他有聰明,認識我是耶和華,又知道我喜悅在世上施行慈愛、公平,和公義,以此誇口。這是耶和華說的。」
Mmom ma deɛ ɔhyehyɛ ne ho nhyehyɛ ne ho sɛ ɔwɔ nhunumu, na ɔnim sɛ, me ne Awurade a ɔyɛ adɔeɛ, na ɔbu atɛntenenee na ɔyɛ adetenenee wɔ asase so ɛfiri sɛ yeinom na ɛsɔ mʼani,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
25 耶和華說:「看哪,日子將到,我要刑罰一切受過割禮、心卻未受割禮的,
“Nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “A mɛtwe wɔn a wɔatwa twetia wɔ honam fam nko ara no nyinaa aso:
26 就是埃及、猶大、以東、亞捫人、摩押人,和一切住在曠野剃周圍頭髮的;因為列國人都沒有受割禮,以色列人心中也沒有受割禮。」
Misraimfoɔ, Yudafoɔ, Edomfoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ ne wɔn a wɔtete anweatam a ɛwɔ akyirikyiri nsase so nyinaa. Na nokorɛm, saa aman yi nyinaa yɛ momonotofoɔ na mpo Israel fiefoɔ nyinaa yɛ akoma mu momonotofoɔ.”