< 以賽亞書 41 >

1 眾海島啊,當在我面前靜默; 眾民當重新得力, 都要近前來才可以說話, 我們可以彼此辯論。
“Monyɛ komm wɔ mʼanim, mo nsupɔw! Ma aman no nhyɛ wɔn ho den! Ma wɔmmra ha mmɛkasa; momma yɛmmɔ mu nhyia wɔ asennii hɔ.
2 誰從東方興起一人, 憑公義召他來到腳前呢? 耶和華將列國交給他, 使他管轄君王, 把他們如灰塵交與他的刀, 如風吹的碎稭交與他的弓。
“Hena na wakanyan nea ofi apuei no, afrɛ no trenee mu sɛ ɔmmɛsom no? Ɔde aman hyɛ ne nsa na ɔbrɛ ahemfo ase wɔ nʼanim. Ɔde nʼafoa ma wɔdan mfutuma, ɔde ne bɛmma ma wɔdan ntɛtɛ a mframa bɔ hwete.
3 他追趕他們, 走他所未走的道, 坦然前行。
Ɔtaa wɔn na ɔkɔ nʼanim a biribiara nti ne ho, wɔ kwan a ɔmfaa so da no so.
4 誰行做成就這事, 從起初宣召歷代呢? 就是我-耶和華! 我是首先的, 也與末後的同在。
Hena na wayɛ eyi akosi awiei, afrɛ awo ntoatoaso afi mfiase? Me Awurade, meka adikanfo ne akyikafo ho, Mene ɔno ara.”
5 海島看見就都害怕; 地極也都戰兢, 就近前來。
Nsupɔw no ahu na wɔbɔ hu; nsase ano ho popo. Wotwiw bɛn, na wɔba anim;
6 他們各人幫助鄰舍, 各人對弟兄說:壯膽吧!
na obiara boa ne yɔnko na ɔka kyerɛ ne nua se, “Yɛ den!”
7 木匠勉勵銀匠, 用鎚打光的勉勵打砧的, 論銲工說,銲得好; 又用釘子釘穩,免得偶像動搖。
Odwumfo hyɛ sikadwumfo nkuran, na nea ɔde asae yɛ no trontrom boa nea ɔbɔ atommo so. Ɔka fa nea ɔsɔw no ho se, “Eye pa ara.” Ɔbobɔ ohoni no mu nnadewa sɛnea ɛrentu nhwe fam.
8 惟你以色列-我的僕人, 雅各-我所揀選的, 我朋友亞伯拉罕的後裔,
“Nanso wo, Israel, me somfo, Yakob, nea mayi no no, mo, mʼadamfo Abraham asefo.
9 你是我從地極所領來的, 從地角所召來的, 且對你說:你是我的僕人; 我揀選你,並不棄絕你。
Mefaa wo fii nsase ano, fii nʼakyirikyiri ntwea so, na mefrɛɛ wo. Mekae se, ‘Woyɛ me somfo’; mapaw wo na mempoo wo ɛ.
10 你不要害怕,因為我與你同在; 不要驚惶,因為我是你的上帝。 我必堅固你,我必幫助你; 我必用我公義的右手扶持你。
Enti nsuro, na mene wo wɔ hɔ; mma wo werɛ nhow, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den, na mɛboa wo; mede me trenee nsa nifa bɛma wo so.
11 凡向你發怒的必都抱愧蒙羞; 與你相爭的必如無有,並要滅亡。
“Wɔn a wɔn bo afuw wo no nyinaa, ampa ara wɔn ani bewu na wɔn anim agu ase; wɔn a wɔsɔre tia wo no rensɛ hwee na wobewuwu.
12 與你爭競的,你要找他們也找不着; 與你爭戰的必如無有,成為虛無。
Ɛwɔ mu sɛ wobɛhwehwɛ wʼatamfo de, nanso worenhu wɔn. Wɔn a wotu wo so sa no rensɛ hwee koraa.
13 因為我耶和華- 你的上帝必攙扶你的右手, 對你說:不要害怕! 我必幫助你。
Na mene Awurade, wo Nyankopɔn, nea okura wo nsa nifa mu na ɔka kyerɛ wo se, Nsuro; mɛboa wo.
14 你這蟲雅各和你們以色列人, 不要害怕! 耶和華說:我必幫助你。 你的救贖主就是以色列的聖者。
Nsuro, osunson Yakob, Israel a wusua, na me ankasa mɛboa wo,” Awurade na ose, wo gyefo, Israel Ɔkronkronni no.
15 看哪,我已使你成為 有快齒打糧的新器具; 你要把山嶺打得粉碎, 使岡陵如同糠詷。
“Hwɛ, mede wo bɛyɛ nhuwso apa, a ɛyɛ amono, ano yɛ nnam na ɛwɔ ɛse bebree. Wubehuhuw mmepɔw no so na woadwiriw wɔn, na woama nkoko ayɛ sɛ ntɛtɛ.
16 你要把它簸揚,風要吹去; 旋風要把它颳散。 你倒要以耶和華為喜樂, 以以色列的聖者為誇耀。
Wubehuhuw wɔn so, mframa bɛma wɔn so, na ahum abɔ wɔn akɔ. Nanso wʼani begye wɔ Awurade mu na woahyɛ Israel Ɔkronkronni no anuonyam.
17 困苦窮乏人尋求水卻沒有; 他們因口渴,舌頭乾燥。 我-耶和華必應允他們; 我-以色列的上帝必不離棄他們。
“Ohiani ne mmɔborɔni kyin pɛ nsu, nanso bi nni hɔ; osukɔm ama wɔn tɛkrɛma so ayow. Nanso me Awurade, mɛma wɔn mmuae. Me, Israel Nyankopɔn, merennyaw wɔn.
18 我要在淨光的高處開江河, 在谷中開泉源; 我要使沙漠變為水池, 使乾地變為湧泉。
Mɛma nsubɔnten ateɛ wɔ sorɔnsorɔmmea a awu no so, na nsuti apue wɔ abon mu. Mɛdan nweatam ayɛ no mmura, na nsase a awo adan nsuti bebree.
19 我要在曠野種上香柏樹、 皂莢樹、番石榴樹,和野橄欖樹。 我在沙漠要把松樹、杉樹, 並黃楊樹一同栽植;
Meduadua wɔ nweatam so, sida, ɔkanto, ohuam ne ngonnua. Meduadua ɔpepaw wɔ asase wosee so asɛsɛ ne kwabɔhɔre abɔ mu,
20 好叫人看見、知道、 思想、明白; 這是耶和華的手所做的, 是以色列的聖者所造的。
sɛnea nnipa behu na wɔate, na wɔasusuw ho na wɔate ase sɛ, Awurade nsa na ayɛ saa ade yi, Israel ɔkronkronni no na ɔma ɛbae.
21 耶和華對假神說: 你們要呈上你們的案件; 雅各的君說: 你們要聲明你們確實的理由。
“Bɔ wo nkuro,” Awurade na ose. “Kyerɛkyerɛ wʼasɛm mu,” Yakob Hene na ose.
22 可以聲明,指示我們將來必遇的事, 說明先前的是甚麼事, 好叫我們思索,得知事的結局, 或者把將來的事指示我們。
“Fa wʼahoni no bra na wɔmmɛka nea ebesi nkyerɛ yɛn. Wɔmmɛka sɛnea na kan nneɛma no te nkyerɛ yɛn, sɛnea yebedwen ho afa na yɛahu nea ebefi mu aba. Anaasɛ wɔmpae mu nka nneɛma a ebesi nkyerɛ yɛn.
23 要說明後來的事, 好叫我們知道你們是神。 你們或降福,或降禍, 使我們驚奇,一同觀看。
Monka yɛn nea ebesi daakye, na ama yɛahu sɛ moyɛ anyame. Monyɛ biribi, sɛ eye anaa enye, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn werɛ bɛhow na ehu aka yɛn.
24 看哪,你們屬乎虛無; 你們的作為也屬乎虛空。 那選擇你們的是可憎惡的。
Nanso, monnka hwee, na mo nnwuma so nni mfaso; nea ɔfa mo no yɛ akyiwade.
25 我從北方興起一人; 他是求告我名的, 從日出之地而來。 他必臨到掌權的, 好像臨到灰泥, 彷彿窯匠踹泥一樣。
“Makanyan obi a ofi atifi fam na ɔreba, nea ofi owia apuei na ɔbɔ me din. Otiatia ahemfo so te sɛ dɔte a wɔde si dan, te sɛ ɔnwemfo a ɔrewɔw dɔte.
26 誰從起初指明這事,使我們知道呢? 誰從先前說明,使我們說他不錯呢? 誰也沒有指明; 誰也沒有說明; 誰也沒有聽見你們的話。
Hena na ɔkaa eyi ho asɛm fii mfiase, sɛnea anka ɛbɛma yɛahu, anaa waka ato hɔ, sɛnea yebetumi aka se, ‘Ne de no ye’? Obiara anka eyi, obiara anni kan anka, obiara ante nsɛm biara amfi wo nkyɛn.
27 我首先對錫安說: 看哪,我要將一位報好信息的賜給耶路撒冷。
Me na midii kan ka kyerɛɛ Sion, ‘Hwɛ, woni!’ Memaa Yerusalem ɔsomafo a ɔde asɛmpa ba.
28 我看的時候並沒有人; 我問的時候, 他們中間也沒有謀士可以回答一句。
Mehwɛ, nanso obiara nni hɔ, obiara nni wɔn mu a obetu wɔn fo, sɛ mibisa wɔn a, obiara ntumi mma mmuae.
29 看哪,他們和他們的工作都是虛空, 且是虛無。 他們所鑄的偶像都是風, 都是虛的。
Hwɛ, wɔn nyinaa yɛ atorofo! Wɔn nneyɛe nka hwee; wɔn nsɛsode yɛ mframa ne basabasayɛ nko ara.

< 以賽亞書 41 >