< 以賽亞書 28 >
1 禍哉!以法蓮的酒徒, 住在肥美谷的山上, 他們心裏高傲, 以所誇的為冠冕, 猶如將殘之花。
Nnome nka nhwiren abotire a ɛyɛ Efraim asabofoɔ ahohoahoadeɛ no, nka nhwiren a ɛrepa a nʼahoɔfɛ wɔ animuonyam ma Israelfoɔ na ɛda asase bereɛ bɔnhwa so. Nnome nka kuropɔn no, deɛ nnipa a nsa asɛe wɔn no de hoahoa wɔn ho no.
2 看哪,主有一大能大力者, 像一陣冰雹, 像毀滅的暴風, 像漲溢的大水, 他必用手將冠冕摔落於地。
Hwɛ, Awurade wɔ obi a ɔwɔ tumi ne ahoɔden. Ɔte sɛ asukɔtweaa ne mframa a ɛsɛe adeɛ. Ɔte sɛ osutɔ a ɛne mframa nam, ne osubrane a ɛhyɛ nsuka ma. Ɔbɛto no ahwe fam ahoɔden so.
Saa nhwiren abotire no a ɛyɛ Efraim asabofoɔ ahohoahoadeɛ no, wɔbɛtiatia so.
4 那榮美將殘之花, 就是在肥美谷山上的, 必像夏令以前初熟的無花果; 看見這果的就注意, 一到手中就吞吃了。
Saa nhwiren a nʼahoɔfɛ ɛrepa wɔ animuonyam mu deɛ ɛda asase bereɛ bɔnhwa so no, ɛbɛyɛ sɛ borɔdɔma a ɛbere ansa na otwa berɛ aduru. Sɛ obi hunu na ɔte a ɔdi no ntɛm so.
5 到那日,萬軍之耶和華 必作他餘剩之民的榮冠華冕,
Saa ɛda no Asafo Awurade bɛyɛ Animuonyam ahenkyɛ, nhwiren abotire fɛfɛ ama ne nkurɔfoɔ nkaeɛfoɔ no.
6 也作了在位上行審判者公平之靈, 並城門口打退仇敵者的力量。
Ɔbɛyɛ atɛntenenee honhom ama ɔtemmufoɔ a wɔte adwa mu. Ɔbɛyɛ ahoɔden farebae ama wɔn a wɔpam atamfoɔ wɔ nkuro apono ano.
7 就是這地的人也因酒搖搖晃晃, 因濃酒東倒西歪。 祭司和先知因濃酒搖搖晃晃, 被酒所困, 因濃酒東倒西歪。 他們錯解默示, 謬行審判。
Nanso seesei deɛ, asabofoɔ na wɔdi Israel so, na nsaden ma wɔhinhim; nsaden ma asɔfoɔ ne adiyifoɔ tɔ ntentan na nsã ma wɔn ani so yɛ wɔn totɔtotɔ; na wɔhinhim. Wɔtɔ ntentan ɛberɛ a wɔrenya anisoadehunu, na wɔn ano fonfom wɔ adwenkyerɛ mu.
Ɛfeɛ agugu apono nyinaa so, na baabiara ayɛ efi.
9 譏誚先知的說: 他要將知識指教誰呢? 要使誰明白傳言呢? 是那剛斷奶離懷的嗎?
Wɔka sɛ, “Deɛn na Awurade dwene fa yɛn ho? Ɔdwen sɛ yɛyɛ mmɔfra anaa? Mmɔfra a wɔatwa wɔn nufoɔ anaa?
10 他竟命上加命,令上加令, 律上加律,例上加例, 這裏一點,那裏一點。
Ɔkasa bebree: Ɔka yei, na waka yei ɔma mmara foforɔ akyi mmara; ɔkyerɛ ɛha kakra, na wakyerɛ ɛhɔ nso kakra.”
11 先知說:不然,主要藉異邦人的嘴唇 和外邦人的舌頭對這百姓說話。
Ɛno enti, ɛyɛ ananafoɔ ano ne kasa foforɔ na Onyankopɔn de bɛkasa akyerɛ saa nkurɔfoɔ yi.
12 他曾對他們說: 你們要使疲乏人得安息, 這樣才得安息,才得舒暢, 他們卻不肯聽。
Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛha ne ahomegyebea no, momma abrɛfoɔ no nhome; ahodwobea nso nie,” nanso wɔantie no.
13 所以,耶和華向他們說的話是 命上加命,令上加令, 律上加律,例上加例, 這裏一點,那裏一點, 以致他們前行仰面跌倒, 而且跌碎,並陷入網羅被纏住。
Enti afei Awurade bɛti asɛm a ɔde maa wɔn no mu bio: Ɔbɛka yei, na waka yei, ɔbɛma mmara foforɔ akyi mmara; ɔbɛkyerɛ ɛha kakra, na wakyerɛ ɛhɔ nso kakra, na ɛbɛma wɔn apini wɔn akyi; wɔbɛpirapira, na wɔatɔ afidie mu, na wɔakye wɔn.
14 所以,你們這些褻慢的人, 就是轄管住在耶路撒冷這百姓的, 要聽耶和華的話。
Ɛno enti, montie Awurade asɛm, mo fɛdifoɔ a modi saa nkurɔfoɔ yi so wɔ Yerusalem.
15 你們曾說: 我們與死亡立約, 與陰間結盟; 敵軍如水漲漫經過的時候, 必不臨到我們; 因我們以謊言為避所, 在虛假以下藏身。 (Sheol )
Mohoahoa mo ho sɛ, “Yɛ ne owuo ayɛ apam, yɛ ne damena ayɛ nhyehyɛeɛ sɛ asotwe a ano yɛ den ba a, ɛrentumi nka yɛn, ɛfiri sɛ yɛde atorɔ ayɛ yɛn dwanekɔbea ne nnaadaa ayɛ yɛn atɛeɛ.” (Sheol )
16 所以,主耶和華如此說: 看哪,我在錫安放一塊石頭作為根基, 是試驗過的石頭, 是穩固根基,寶貴的房角石; 信靠的人必不着急。
Enti, deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie, “Hwɛ! Mede ɛboɔ bi retim Sion, ɛboɔ a wɔasɔ ahwɛ, tweatiboɔ a ɛsom bo ma fapem a ɛyɛ den; deɛ ɔde ne ho to soɔ no abasa mu rentu.
17 我必以公平為準繩, 以公義為線鉈。 冰雹必沖去謊言的避所; 大水必漫過藏身之處。
Mede atɛntenenee bɛyɛ susuhoma na teneneeyɛ ayɛ ɔfasuo kyirebennyɛ susuhoma. Asukɔtweaa bɛsɛe wo dwanekɔbea, a ɛyɛ atorɔ no, na nsuo abɛkata wʼatɛeɛ hɔ.
18 你們與死亡所立的約必然廢掉, 與陰間所結的盟必立不住。 敵軍如水漲漫經過的時候, 你們必被他踐踏; (Sheol )
Mɛtwa apam a wo ne owuo ayɛ no mu; nhyehyɛeɛ a wo ne damena ayɛ no nso rennyina. Sɛ asotwe a ano yɛ den no ba a, ɛbɛtwi afa mo so. (Sheol )
19 每逢經過必將你們擄去。 因為每早晨他必經過, 白晝黑夜都必如此。 明白傳言的必受驚恐。
Mperɛ dodoɔ biara a ɛbɛba no, ɛbɛsoa mo akɔ; anɔpa, awia ne anadwo biara, ɛbɛfa mu akɔ.” Saa nkra yi nteaseɛ de ehu bɛba.
20 原來,床榻短,使人不能舒身; 被窩窄,使人不能遮體。
Mpa no yɛ tia dodo ma sɛ wɔtene wɔn mu wɔ so. Nnasoɔ no yɛ tiaa sɛ ɛbɛ so wɔn ho kata.
21 耶和華必興起,像在毗拉心山; 他必發怒,像在基遍谷, 好做成他的工,就是非常的工; 成就他的事,就是奇異的事。
Awurade bɛsɔre sɛdeɛ ɔsɔree wɔ Perasim bepɔ so no. Ɔbɛkanyane ne ho sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Gibeon Bɔnhwa mu no yɛɛ nʼadwuma nwanwasoɔ no, na ɔdii dwumadie a ebi mmaa da no.
22 現在你們不可褻慢, 恐怕捆你們的綁索更結實了; 因為我從主-萬軍之耶和華那裏聽見, 已經決定在全地上施行滅絕的事。
Afei gyae wo fɛdie no, anyɛ saa a, wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu bɛyɛ duru; Awurade, Asafo Awurade aka akyerɛ me ɔsɛeɛ ho mmaraden a wɔahyɛ atia asase no nyinaa.
Montie na monte me nne; monwɛn mo aso na montie deɛ meka.
24 那耕地為要撒種的, 豈是常常耕地呢? 豈是常常開墾耙地呢?
Sɛ okuafoɔ funtum asase sɛ ɔrebɛdua so a, ɔyɛ no daa anaa? Ɔkɔ so tutu, fɛntɛm asase no anaa?
25 他拉平了地面, 豈不就撒種小茴香, 播種大茴香, 按行列種小麥, 在定處種大麥, 在田邊種粗麥呢?
Sɛ ɔsiesie asase no ani a, ɔnnua ɛme, na ɔmpete tɛtɛ wɔ so anaa? Ɔnnua ayuo ne atokoɔ mu biara wɔ nʼafa anaa?
Ne Onyankopɔn ma no akwankyerɛ na ɔkyerɛ no ɛkwan pa no.
27 原來打小茴香,不用尖利的器具, 軋大茴香,也不用碌碡; 但用杖打小茴香, 用棍打大茴香。
Wɔmfa asaeɛ mpɔ ɛme ho, wɔmfa teaseɛnam hankra mfa tɛtɛ so; wɔde poma na ɛboro ɛme, na wɔde abaa aboro tɛtɛ.
28 做餅的糧食是用磨磨碎, 因它不必常打; 雖用碌碡和馬打散, 卻不磨它。
Wɔyam aburoo de to burodo enti obi nnkɔ so nyam a ɔnwie da. Ɛwom sɛ ɔde nʼayuporeɛ teaseɛnam hankra fa so deɛ, nanso ɛnyɛ nʼapɔnkɔ na wɔyam.
29 這也是出於萬軍之耶和華- 他的謀略奇妙; 他的智慧廣大。
Yeinom nyinaa firi Asafo Awurade, afutuo mu nwanwani, na ne nyansa boro so.