< 創世記 28 >
1 以撒叫了雅各來,給他祝福,並囑咐他說:「你不要娶迦南的女子為妻。
Isak frɛɛ Yakob, hyiraa no hyɛɛ no se, “Nware saa Kanaanfo mmea yi bi da.
2 你起身往巴旦‧亞蘭去,到你外祖彼土利家裏,在你母舅拉班的女兒中娶一女為妻。
Ka wo ho kɔ Betuel a ɔyɛ wo na Rebeka agya no nkyɛn wɔ Paddan-Aram, na kɔware wo wɔfa Laban mmabea no mu baako.
3 願全能的上帝賜福給你,使你生養眾多,成為多族,
Otumfo Nyankopɔn no nhyira wo. Ɔmma wʼase nnɔ bebree, na wʼasefo no abɛyɛ ɔman kɛse a mmusuakuw bebree befi mu aba.
4 將應許亞伯拉罕的福賜給你和你的後裔,使你承受你所寄居的地為業,就是上帝賜給亞伯拉罕的地。」
Onyankopɔn mfa nhyira a ɔde hyiraa Abraham no nhyira wo ne wʼasefo. Ɔmma asase a nnɛ wote so sɛ ɔhɔho yi, a ɛyɛ asase a Onyankopɔn de maa Abraham no nyɛ wo dea.”
5 以撒打發雅各走了,他就往巴旦‧亞蘭去,到亞蘭人彼土利的兒子拉班那裏。拉班是雅各、以掃的母舅。
Sɛnea Isak gyaa ne ba Yakob kwan ni: Yakob kɔɔ Laban a ɔyɛ Aramni Betuel babarima nkyɛn wɔ Paddan-Aram. Na saa Laban yi yɛ Esau ne Yakob mama Rebeka ne nuabarima.
6 以掃見以撒已經給雅各祝福,而且打發他往巴旦‧亞蘭去,在那裏娶妻,並見祝福的時候囑咐他說:「不要娶迦南的女子為妻」,
Esau tee sɛ Isak ahyira Yakob, na wagya no kwan ma ɔkɔ Paddan-Aram sɛ ɔnkɔware wɔ hɔ. Ohyiraa no no, ɔhyɛɛ no se, “Nware saa Kanaanfo mmea yi bi da.”
Yakob tiee nʼagya ne ne na afotu no sii mu kɔɔ Paddan-Aram.
Esau huu sɛ nʼagya Isak mpɛ Kanaanfo mmea asɛm.
9 便往以實瑪利那裏去,在他二妻之外又娶了瑪哈拉為妻。她是亞伯拉罕兒子以實瑪利的女兒,尼拜約的妹子。
Enti osii mu kɔɔ Abraham babarima Ismael nkyɛn, kɔwaree ne babea Mahalat. Na Mahalat yɛ Nebaiot nuabea, na ɔyɛ Ismael a ɔno nso yɛ Abraham babarima no babea. Esau waree Mahalat kaa ne yerenom ho.
Yakob fii Beer-Seba de nʼani kyerɛɛ Haran.
11 到了一個地方,因為太陽落了,就在那裏住宿,便拾起那地方的一塊石頭枕在頭下,在那裏躺臥睡了,
Oduu baabi na onwini redwo no, ɔpɛɛ baabi soɛe, efisɛ na ade resa. Ɔfaa ɔbo bi wɔ faako a wadu hɔ de yɛɛ sumii.
12 夢見一個梯子立在地上,梯子的頭頂着天,有上帝的使者在梯子上,上去下來。
Ɔdae no, ɔsoo dae bi. Dae no mu no, ohuu sɛ antweri bi si fam a nʼatifi ka wim, na Onyankopɔn abɔfo redi so aforosian.
13 耶和華站在梯子以上,說:「我是耶和華-你祖亞伯拉罕的上帝,也是以撒的上帝;我要將你現在所躺臥之地賜給你和你的後裔。
Ohuu sɛ Onyankopɔn gyina antweri no atifi. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Mene Awurade, Abraham Nyankopɔn, ne wʼagya Isak Nyankopɔn. Mede asase a woda so yi bɛma wo ne wʼasefo.
14 你的後裔必像地上的塵沙那樣多,必向東西南北開展;地上萬族必因你和你的後裔得福。
Wʼasefo bɛyɛ sɛ asase so mfutuma, na mobɛtrɛtrɛw akɔ apuei ne atɔe, atifi ne anafo nyinaa. Wo ne wʼasefo mu na wofi behyira wiase mmusuakuw nyinaa.
15 我也與你同在。你無論往哪裏去,我必保佑你,領你歸回這地,總不離棄你,直到我成全了向你所應許的。」
Eyinom nyinaa akyi no, mɛka wo ho, na baabiara a wobɛkɔ no, medi wʼakyi, na mɛsan de wo aba saa asase yi so. Merennyaw wo da, kosi sɛ bɔ a mahyɛ wo yi nyinaa bɛba mu.”
16 雅各睡醒了,說:「耶和華真在這裏,我竟不知道!」
Yakob nyanee no, ɔkaa wɔ ne tirim se, “Ampa ara, sɛɛ na Awurade wɔ saa beae ha yi, a na minnim!”
17 就懼怕,說:「這地方何等可畏!這不是別的,乃是上帝的殿,也是天的門。」
Yakob suroe, na ɔkɔɔ so kaa wɔ ne tirim se, “Ɛha yɛ hu papa. Ɛha nyɛ baabiara sɛ Onyankopɔn fi. Ɔsoro pon ano ne ha.”
18 雅各清早起來,把所枕的石頭立作柱子,澆油在上面。
Enti Yakob sɔree anɔpatutuutu maa ɔbo a ɔde yɛɛ sumii no so sii hɔ, hwiee ngo guu so.
19 他就給那地方起名叫伯特利;但那地方起先名叫路斯。
Ɔtoo beae no din Bet-El a ase kyerɛ Onyame fi. Kan no na anka wɔfrɛ saa kurow no Lus.
20 雅各許願說:「上帝若與我同在,在我所行的路上保佑我,又給我食物吃,衣服穿,
Na Yakob kaa ntam se, “Sɛ Onyankopɔn bɛka me ho, ahwɛ me so wɔ saa akwantu yi mu, ama me aduan adi, ama me ntama afura,
21 使我平平安安地回到我父親的家,我就必以耶和華為我的上帝。
sɛnea ɛbɛyɛ a mɛsan aba mʼagya fi asomdwoe mu a, ɛno de, Awurade bɛyɛ me Nyankopɔn.
22 我所立為柱子的石頭也必作上帝的殿;凡你所賜給我的,我必將十分之一獻給你。」
Saa ɔbo a mede asi hɔ sɛ nkaedum yi bɛyɛ Onyankopɔn fi. Biribiara a wo, Onyankopɔn, de bɛma me no, mede mu nkyɛmu du mu baako bɛma wo.”