< 以西結書 2 >
1 他對我說:「人子啊,你站起來,我要和你說話。」
Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, sɔre gyina hɔ, na me ne wo nkasa.”
2 他對我說話的時候,靈就進入我裏面,使我站起來,我便聽見那位對我說話的聲音。
Ɔrekasa no, Honhom no bɛhyɛɛ me mu maa me so gyinaa hɔ, na metee sɛ ɔrekasa kyerɛ me.
3 他對我說:「人子啊,我差你往悖逆的國民以色列人那裏去。他們是悖逆我的,他們和他們的列祖違背我,直到今日。
Ɔkaa sɛ, “Onipa ba, meresoma wo akɔ Israelfoɔ mu, atuateɛ ɔman a wayɛ dɔm atia me; wɔne wɔn agyanom ayɛ dɔm atia me abɛsi ɛnnɛ.
4 這眾子面無羞恥,心裏剛硬。我差你往他們那裏去,你要對他們說:主耶和華如此說。
Nnipa a meresoma wo wɔn nkyɛn no yɛ nnipa a wɔn aso yɛ den na wɔn aso awu. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ.’
5 他們或聽,或不聽,(他們是悖逆之家),必知道在他們中間有了先知。
Na sɛ wɔtie anaa wɔantie a, ɛsiane sɛ wɔyɛ atuatefoɔ enti, wɔbɛhunu ampa ara sɛ odiyifoɔ bi aba wɔn mu.
6 人子啊,雖有荊棘和蒺藜在你那裏,你又住在蠍子中間,總不要怕他們,也不要怕他們的話;他們雖是悖逆之家,還不要怕他們的話,也不要因他們的臉色驚惶。
Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, anaasɛ wɔn nsɛm. Nsuro, ɛwom sɛ nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ atwa wo ho ahyia, na wote anyanyankyerɛ mu deɛ, nanso nsuro deɛ wɔka, na mma wɔmmɔ wo hu sɛ wɔyɛ atuatefoɔ.
7 他們或聽,或不聽,你只管將我的話告訴他們;他們是極其悖逆的。
Wɔyɛ atuatefoɔ ankasa nanso ɛsɛ sɛ woka me nsɛm kyerɛ wɔn; sɛ wɔbɛtie oo sɛ wɔrentie oo.
8 「人子啊,要聽我對你所說的話,不要悖逆像那悖逆之家,你要開口吃我所賜給你的。」
Nanso, wo onipa ba, tie asɛm a meka kyerɛ wo no. Ɛnte atua te sɛ saa atuatefoɔ no; bue wʼanomu na di deɛ mede ma wo no.”
Afei mehwɛeɛ na mehunuu nsa bi a atene wɔ me so, na emu na nwoma mmobɔeɛ bi wɔ.
10 他將書卷在我面前展開,內外都寫着字,其上所寫的有哀號、歎息、悲痛的話。
Ɔtrɛɛ mu wɔ mʼanim. Nʼafanu no mu, na wɔatwerɛ abubuo, awerɛhoɔ ne nnome nsɛm.