< 以西結書 13 >

1 耶和華的話臨到我說:
Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
2 「人子啊,你要說預言攻擊以色列中說預言的先知,對那些本己心發預言的說:『你們當聽耶和華的話。』」
“Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel adiyifo a wɔhyɛ nkɔm mprempren no. Ka kyerɛ wɔn a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nkɔm no se: ‘Muntie Awurade asɛm!
3 主耶和華如此說:「愚頑的先知有禍了,他們隨從自己的心意,卻一無所見。
Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Nnome nka adiyifo nkwaseafo a wodi wɔn ankasa honhom akyi na wonhuu hwee no.
4 以色列啊,你的先知好像荒場中的狐狸,
Ao Israelfo, mo adiyifo yi te sɛ nnwiriwii mu sakraman.
5 沒有上去堵擋破口,也沒有為以色列家重修牆垣,使他們當耶和華的日子在陣上站立得住。
Monkɔɔ sɛ morekosiesie afasu no afaafa a abubu no ama Israelfi, sɛnea ebetumi agyina pintinn wɔ ɔko no ano wɔ Awurade da no.’
6 這些人所見的是虛假,是謊詐的占卜。他們說是耶和華說的,其實耶和華並沒有差遣他們,他們倒使人指望那話必然立定。
Wɔn adehu yɛ atoro, na wɔn adebisa yɛ nnaadaa. Wɔka se, ‘Awurade aka se,’ wɔ bere a Awurade nsomaa wɔn, nanso wɔhwɛ anim sɛ wɔn nkɔmhyɛ bɛba mu.
7 你們豈不是見了虛假的異象嗎?豈不是說了謊詐的占卜嗎?你們說,這是耶和華說的,其實我沒有說。」
Sɛ moka se, ‘Sɛɛ na Awurade se,’ wɔ bere a menkasae a, na mo anisoadehu nyɛ atoro? Na mo adebisa nso, ɛnyɛ nnaadaa ana?
8 所以主耶和華如此說:「因你們說的是虛假,見的是謊詐,我就與你們反對。這是主耶和華說的。
“Ɛno nti, sɛnea Otumfo Awurade se ni: ‘Mo nsɛm a ɛyɛ atoro ne mo nnaadaa anisoadehu nti, me ne mo anya’, Otumfo Awurade asɛm ni.
9 我的手必攻擊那見虛假異象、用謊詐占卜的先知,他們必不列在我百姓的會中,不錄在以色列家的冊上,也不進入以色列地;你們就知道我是主耶和華。
Me nsa betia adiyifo a wɔn anisoadehu yɛ atoro na wɔn abisa yɛ nnaadaa. Wɔremfra me nkurɔfo bagua mu, na wɔrenkyerɛw wɔn din wɔ Israelfi nhoma no mu na wɔn anan rensi Israel asase so. Na afei mubehu sɛ mene Otumfo Awurade.
10 因為他們誘惑我的百姓,說:『平安!』其實沒有平安,就像有人立起牆壁,他們倒用未泡透的灰抹上。
“Esiane sɛ wɔama me nkurɔfo ayera kwan, na wɔka se ‘Asomdwoe,’ wɔ bere a asomdwoe nni hɔ, na afei sɛ wɔto ɔfasu a enni ahoɔden bi a na wɔde akaadoo afa so,
11 所以你要對那些抹上未泡透灰的人說:『牆要倒塌,必有暴雨漫過。大冰雹啊,你們要降下,狂風也要吹裂這牆。』
ɛno nti ka kyerɛ wɔn a wɔka akaadoo no se, ɔfasu no rebebu. Osu a ɔhweam wɔ mu bɛtɔ, na mɛsoma mparuwbo, na mframa a ano yɛ den bɛbɔ.
12 這牆倒塌之後,人豈不問你們說:『你們抹上未泡透的灰在哪裏呢?』」
Na sɛ ɔfasu no bu gu fam a, nnipa remmisa wo se, ‘he na akaadoo a wɔde sraa ho no afa,’ ana?
13 所以主耶和華如此說:「我要發怒,使狂風吹裂這牆,在怒中使暴雨漫過,又發怒降下大冰雹,毀滅這牆。
“Ɛno nti, nea Otumfo Awurade ka ni: ‘Mʼabufuwhyew mu, mɛma ahum atu, na mʼabufuw mu no, mparuwbo ne osuhweam de adesɛe ahoɔden atɔ.
14 我要這樣拆毀你們那未泡透灰所抹的牆,拆平到地,以致根基露出,牆必倒塌,你們也必在其中滅亡;你們就知道我是耶和華。
Medwiriw ɔfasu a mode akaadoo afa ho no na mabubu agu fam ama ne fapem ho ada hɔ. Sɛ ɔfasu no hwe ase a, wɔbɛsɛe mo wɔ mu, na mubehu sɛ mene Awurade.
15 我要這樣向牆和用未泡透灰抹牆的人成就我怒中所定的,並要對你們說:『牆和抹牆的人都沒有了。』
Enti mede mʼabufuwhyew bɛkɔ ɔfasu no ne wɔn a wɔde akaadoo sraa ho no so. Mɛka akyerɛ mo se, “Ɔfasu no nni hɔ bio na saa ara na wɔn a wɔde akaadoo sraa ho no nso nni hɔ,
16 這抹牆的就是以色列的先知,他們指着耶路撒冷說預言,為這城見了平安的異象,其實沒有平安。這是主耶和華說的。」
saa Israel adiyifo a wɔhyɛɛ nkɔm maa Yerusalem na wohuu asomdwoe anisoade wɔ bere a asomdwoe nni hɔ no,” Otumfo Awurade na ose.’
17 「人子啊,你要面向本民中、從己心發預言的女子說預言,攻擊她們,
“Afei onipa ba, ma wʼani nkɔ wo nkurɔfo a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nkɔm no mmabea so. Hyɛ nkɔm tia wɔn
18 說主耶和華如此說:『這些婦女有禍了!她們為眾人的膀臂縫靠枕,給高矮之人做下垂的頭巾,為要獵取人的性命。難道你們要獵取我百姓的性命,為利己將人救活嗎?
na ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Nnome nka mmea a wɔpempam ntafowayi bansrɛ hyehyɛ wɔn nsakɔn na wɔpempam nkataanim ntiaa ne atenten kata wɔn anim de sum nnipa mfiri. Mubesum me nkurɔfo nkwa mfiri na mo de, moakora mo de so ana?
19 你們為兩把大麥,為幾塊餅,在我民中褻瀆我,對肯聽謊言的民說謊,殺死不該死的人,救活不該活的人。』」
Moasopa me wɔ me nkurɔfo mu de agye atoko nsa ma kakraa bi ne brodo asinasin. Monam atoro a mudi kyerɛ me nkurɔfo a wotie atoro so akunkum wɔn a anka ɛnsɛ sɛ wowuwu, na moama wɔn a anka ɛnsɛ sɛ wɔtena nkwa mu no afa wɔn ho adi.
20 所以主耶和華如此說:「看哪,我與你們的靠枕反對,就是你們用以獵取人、使人的性命如鳥飛的。我要將靠枕從你們的膀臂上扯去,釋放你們獵取如鳥飛的人。
“‘Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mitia mo ntafowayi bansrɛ a mode sum nkurɔfo mfiri sɛ nnomaa no, na mɛtetew afi mo abasa so; megyaa nnipa a musum wɔn afiri sɛ nnomaa no.
21 我也必撕裂你們下垂的頭巾,救我百姓脫離你們的手,不再被獵取,落在你們手中。你們就知道我是耶和華。
Mɛtetew mo nkataanim no mu afi mo anim, na magye me nkurɔfo nkwa afi mo nsam, na morennya wɔn so tumi bio. Afei mubehu sɛ me ne Awurade.
22 我不使義人傷心,你們卻以謊話使他傷心,又堅固惡人的手,使他不回頭離開惡道得以救活。
Esiane sɛ mode atoro maa atreneefo aba mu buu wɔ bere a menhyɛɛ wɔn awerɛhow, na mohyɛɛ amumɔyɛfo nkuran se wɔnkɔ so wɔ wɔn akwammɔne so na moagye wɔn nkwa no
23 你們就不再見虛假的異象,也不再行占卜的事;我必救我的百姓脫離你們的手;你們就知道我是耶和華。」
nti, morenhu atoro anisoade bio na mubegyae ntafowayi nso. Megye me nkurɔfo afi mo nsam na afei mubehu sɛ me ne Awurade no.’”

< 以西結書 13 >