< 出埃及記 35 >

1 摩西招聚以色列全會眾,對他們說:「這是耶和華所吩咐的話,叫你們照着行:
Afei, Mose frɛɛ Israelmma nyinaa ne wɔn yɛɛ nhyiamu ka kyerɛɛ wɔn se, “Eyi ne Awurade mmara a ɛsɛ sɛ mudi so.
2 六日要做工,第七日乃為聖日,當向耶和華守為安息聖日。凡這日之內做工的,必把他治死。
Monyɛ adwuma nnansia. Na da a ɛto so ason no de, momfa nhome; ɛyɛ da kronkron a ɛsɛ sɛ mode som Awurade. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma biara saa da no, ɛsɛ sɛ wokum no.
3 當安息日,不可在你們一切的住處生火。」
Da no, ogya mpo, monnsɔ bi ano wɔ mo afi mu.”
4 摩西對以色列全會眾說:「耶和華所吩咐的是這樣:
Mose ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa se, “Nsɛm a Awurade ahyɛ sɛ monyɛ ni:
5 你們中間要拿禮物獻給耶和華,凡樂意獻的可以拿耶和華的禮物來,就是金、銀、銅,
Obiara a ɔpɛ no mfa saa afɔrebɔde yi mu biara mmrɛ Awurade: “Sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafrae;
6 藍色、紫色、朱紅色線,細麻,山羊毛,
ntama a wɔde asaawa tuntum, bibiri ne koogyan ayɛ ne abirekyi nwi,
7 染紅的公羊皮,海狗皮,皂莢木,
odwennini nwoma a wɔahyɛ no aduru kɔkɔɔ ne abirekyi nwoma a wɔahyɛ, ɔkanto dua;
8 點燈的油,並做膏油和香的香料,
ngo a wɔde begu akanea no mu, ɔhyew nnuhuam a wɔde bɛyɛ ɔsrango ne; ɔhyew aduhuam;
9 紅瑪瑙與別樣的寶石,可以鑲嵌在以弗得和胸牌上。」
abo a ɛte sɛ apopobibiri ne abo a wɔde bɛhyehyɛ asɔfotade no ne nʼadɛbo no mu.
10 「你們中間凡心裏有智慧的都要來做耶和華一切所吩咐的:
“Mo a mowɔ nimdeɛ wɔ biribiyɛ ho no, mo nyinaa mommra na monyɛ nea Awurade aka no nyinaa te sɛ:
11 就是帳幕和帳幕的罩棚,並帳幕的蓋、鉤子、板、閂、柱子、帶卯的座,
“Ahyiae Ntamadan no so ntama ne ne nkataso, nkɔtɔkoro, mpuran nnua a esisi mu, adum ne nnyinaso;
12 櫃和櫃的槓,施恩座和遮掩櫃的幔子,
Apam Adaka no ne nnua a esisi ho; Mpata agua ntwamtam a ɛkata kronkronbea hɔ,
13 桌子和桌子的槓與桌子的一切器具,並陳設餅,
ɔpon ne nnua a wɔde soa ne ɛho nneɛma nyinaa, Ɔkyerɛ Brodo;
14 燈臺和燈臺的器具,燈盞並點燈的油,
akanea nnua ne nʼakanea ne ngo;
15 香壇和壇的槓,膏油和馨香的香料,並帳幕門口的簾子,
aduhuam afɔremuka ne nnua a wɔde bɛsoa; ɔsrango ne aduhuam a eyi hua pa, nsɛnanim a wɔde bɛsɛn Ahyiae Ntamadan no pon ano;
16 燔祭壇和壇的銅網,壇的槓並壇的一切器具,洗濯盆和盆座,
kɔbere Afɔremuka a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre, kɔbere ntwitae ne nnua a wɔde bɛsoa ho nneɛma, ne nea wɔhoro mu nneɛma ne ne ntaamu,
17 院子的帷子和帷子的柱子,帶卯的座和院子的門簾,
adiwo hɔ no ntwamtam, adum ne ne nnyinaso, ntama a wɔde bɛkata adiwo hɔ kwan ano,
18 帳幕的橛子並院子的橛子,和這兩處的繩子,
Ahyiae Ntamadan no adiwo hɔ nnua ne ne ntampehama,
19 精工做的禮服和祭司亞倫並他兒子在聖所用以供祭司職分的聖衣。」
asɔfotade a ɛyɛ fɛ a ɔsɔfo no bɛhyɛ asɔre wɔ kronkronbea hɔ ne Aaron ntade kronkron a sɛ ne mmabarima no yɛ asɔfodwuma a, wɔbɛhyɛ bi.”
20 以色列全會眾從摩西面前退去。
Na Israelmma nyinaa fii Mose anim,
21 凡心裏受感和甘心樂意的都拿耶和華的禮物來,用以做會幕和其中一切的使用,又用以做聖衣。
na wɔn a Onyankopɔn honhom kaa wɔn koma no de wɔn akyɛde a wɔde besi Ahyiae Ntamadan no ne ɛho nneɛma ne nea wɔde bɛpam atade kronkron no bae.
22 凡心裏樂意獻禮物的,連男帶女,各將金器,就是胸前鍼、耳環、打印的戒指,和手釧帶來獻給耶和華。
Mmea ne mmarima a asɛm no kaa wɔn koma no nyinaa bae. Wɔde sikakɔkɔɔ, agude, nsonkaa, nkaa, kɔnmuade ne sika adwinne bebree brɛɛ Awurade.
23 凡有藍色、紫色、朱紅色線,細麻,山羊毛,染紅的公羊皮,海狗皮的,都拿了來;
Wɔn a wɔwɔ ntama pa, kuntu a ɛyɛ tuntum, bibiri, abirekyi nwoma a wɔahyɛ, odwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ anaa aboa nwoma a ɛyɛ fɛ nso de bae.
24 凡獻銀子和銅給耶和華為禮物的都拿了來;凡有皂莢木可做甚麼使用的也拿了來。
Afoforo nso de dwetɛ ne kɔbere brɛɛ Awurade sɛ wɔn akyɛde. Ebinom de ɔkanto nnua nso bae.
25 凡心中有智慧的婦女親手紡線,把所紡的藍色、紫色、朱紅色線,和細麻都拿了來。
Mmea no bi a wonim adepam yiye no too asaawa tuntum, bibiri ne koogyan de yɛɛ ntama a ɛyɛ fɛ de brɛɛ Awurade.
26 凡有智慧、心裏受感的婦女就紡山羊毛。
Afoforo nso de anigye nam wɔn dom akyɛde so de abirekyi nwi yɛɛ ntama.
27 眾官長把紅瑪瑙和別樣的寶石,可以鑲嵌在以弗得與胸牌上的,都拿了來;
Mpanyimfo a wodi wɔn anim no de abo a ɛte sɛ apopobibiri bae sɛ wɔmfa nyɛ asɔfotade no ne nʼadɛbo.
28 又拿香料做香,拿油點燈,做膏油。
Wɔde nnuhuam ne ngo a wɔde begu akanea mu ne nea wɔde bɛfra ɔsrango no ne nnuhuam no ama adi mu no nso bae.
29 以色列人,無論男女,凡甘心樂意獻禮物給耶和華的,都將禮物拿來,做耶和華藉摩西所吩咐的一切工。
Eyi di ho adanse sɛ Israel mmarima ne mmea a na wɔpɛ sɛ wɔboa dwumadi a Awurade nam Mose so de hyɛɛ wɔn nsa no fi wɔn pɛ mu de wɔn akyɛde brɛɛ no.
30 摩西對以色列人說:「猶大支派中,戶珥的孫子、烏利的兒子比撒列,耶和華已經提他的名召他,
Mose ka kyerɛɛ Israelfo no se, “Awurade ayi Besaleel, Uri ba a ɔyɛ Hur a ofi Yuda abusua mu nena
31 又以上帝的靈充滿了他,使他有智慧、聰明、知識,能做各樣的工,
no sɛ ɔno Onyankopɔn Honhom ahyɛ no ma. Wama no nyansa, tumi ne adwene a ɔde besi Ahyiae Ntamadan no ayɛ biribiara a ɛwɔ mu.
32 能想出巧工,用金、銀、銅製造各物,
Obetumi adi adwinni afi sikakɔkɔɔ, dwetɛ, ne kɔbere mu.
33 又能刻寶石,可以鑲嵌,能雕刻木頭,能做各樣的巧工。
Obetumi adi abo adwinni na obetumi asen nnua nso; nokware mu, ɔwɔ ɔdom akyɛde bebree.
34 耶和華又使他,和但支派中亞希撒抹的兒子亞何利亞伯,心裏靈明,能教導人。
Na Onyankopɔn ama ɔno ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ofi Dan abusuakuw mu babarima ɔdom akyɛde a wɔnam so kyerɛ afoforo ade.
35 耶和華使他們的心滿有智慧,能做各樣的工,無論是雕刻的工,巧匠的工,用藍色、紫色、朱紅色線,和細麻、繡花的工,並機匠的工,他們都能做,也能想出奇巧的工。
Onyankopɔn ama wɔn baanu akyɛde sononko sɛ adwumfo, duadwumfo, adenwenfo a wotumi nwen nneɛma a ɛyɛ fɛ gu ntama pa a ɛyɛ tuntum, bibiri ne koogyan mu. Wonim saa adwinne yi nyinaa di ma ɛboro so.

< 出埃及記 35 >