< 出埃及記 29 >
1 「你使亞倫和他兒子成聖,給我供祭司的職分,要如此行:取一隻公牛犢,兩隻無殘疾的公綿羊,
“Ɛkwan a ɛsɛ sɛ mofa so hyɛ Aaron ne ne mma asɔfoɔ nie: momfa nantwie ba ne nnwennini mmienu a wɔn ho nni dɛm;
2 無酵餅和調油的無酵餅,與抹油的無酵薄餅;這都要用細麥麵做成。
afei momfa esiam muhumuhu a mmɔreka nni mu nyɛ burodo a ɛyɛ dɛ ne taterɛ a wɔde ngo afra ne ɔfam a wɔde ngo agu so.
3 這餅要裝在一個筐子裏,連筐子帶來,又把公牛和兩隻公綿羊牽來。
Fa burodo no gu kɛntɛn mu na fa nantwie ba no ne odwennini no ka ho bra Ahyiaeɛ Ntomadan no ano.
Momfa Aaron ne ne mmammarima no mmra Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano hɔ, na momfa nsuo nnware wɔn.
5 要給亞倫穿上內袍和以弗得的外袍,並以弗得,又帶上胸牌,束上以弗得巧工織的帶子。
Afei, momfa Aaron atadeɛ yuu no nhyɛ no. Monhyɛ no atadekɔnsini no, ne asɔfotadeɛ no ne adaaboɔ no ne abɔwomu no,
na momfa abotire a sikakɔkɔɔ kronkron bobɔ mu no mmɔ no.
Afei, momfa srango no na monhwie ngu ne tiri so.
Ne mmammarima no nso, momfa wɔn ntadeɛ yuu no nhyehyɛ wɔn.
9 給亞倫和他兒子束上腰帶,包上裹頭巾,他們就憑永遠的定例得了祭司的職任。又要將亞倫和他兒子分別為聖。
Momfa wɔn abɔwomu no ne ɛkyɛ nka wɔn ho. Saa ɛkwan yi so na momfa nhyɛ Aaron ne ne mma ne wɔn asefoɔ ma wɔnyɛ asɔfoɔ daa nyinaa.
10 「你要把公牛牽到會幕前,亞倫和他兒子要按手在公牛的頭上。
“Mode nantwie ba no bɛba Ahyiaeɛ Ntomadan no anim na Aaron ne ne mmammarima de wɔn nsa agu aboa no apampam.
Afei, monkum no wɔ Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano.
12 要取些公牛的血,用指頭抹在壇的四角上,把血都倒在壇腳那裏。
Momfa ne mogya nsrasra mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no so. Momfa mo nsateaa na ɛnyɛ, na monhwie mogya a ɛbɛka no ngu afɔrebukyia no ase.
13 要把一切蓋臟的脂油與肝上的網子,並兩個腰子和腰子上的脂油,都燒在壇上。
Monyi ne mu sradeɛ no ne ne berɛboɔ kotokuo no ne ne sawa mmienu no ne sradeɛ a ɛwɔ ho no na monhye no wɔ afɔrebukyia no so.
14 只是公牛的皮、肉、糞都要用火燒在營外。這牛是贖罪祭。
Afei, momfa aboa no ne ne wedeɛ ne nʼagyanan no mfiri beaeɛ hɔ na monkɔhye no sɛ bɔne ho afɔrebɔ.
15 「你要牽一隻公綿羊來,亞倫和他兒子要按手在這羊的頭上。
“Sɛ wɔrebɛkum nnwennini no nso a, Aaron ne ne mmammarima no mfa wɔn nsa ngu aboa no baako apampam
na wɔnkum no. Wɔnsɔ ne mogya no na wɔmfa mpete afɔrebukyia no ho nyinaa.
17 要把羊切成塊子,洗淨五臟和腿,連塊子帶頭,都放在一處。
Twitwa odwennini no asinasini na hohoro nʼayamdeɛ no mu ne ne nnyawa no ho; fa ne ti no ne deɛ moatwitwa no gu faako
18 要把全羊燒在壇上,是給耶和華獻的燔祭,是獻給耶和華為馨香的火祭。
na monhye no wɔ afɔrebukyia no so; ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani.
19 「你要將那一隻公綿羊牽來,亞倫和他兒子要按手在羊的頭上。
“Afei, momfa odwennini a aka no na Aaron ne ne mmammarima mfa wɔn nsa ngu nʼapampam,
20 你要宰這羊,取點血抹在亞倫的右耳垂上和他兒子的右耳垂上,又抹在他們右手的大拇指上和右腳的大拇指上;並要把血灑在壇的四圍。
na wɔnkum no. Monsɔ mogya no bi na momfa ketewaa bi nsosɔ Aaron ne ne mmammarima no aso nifa, wɔn kokurobetie nifa ne wɔn nan nifa kokurobetie so. Afei mompete nkaeɛ no ngu afɔrebukyia no ho nyinaa.
21 你要取點膏油和壇上的血,彈在亞倫和他的衣服上,並他兒子和他兒子的衣服上,他們和他們的衣服就一同成聖。
Montwerɛ mogya a ɛwɔ afɔrebukyia no so no bi na momfa mfra srango na momfa mpete Aaron ne ne mmammarima so ne wɔn ntadeɛ mu. Ɛnam saa so bɛma wɔne wɔn ntadeɛ ho ate wɔ Awurade anim.
22 「你要取這羊的脂油和肥尾巴,並蓋臟的脂油與肝上的網子,兩個腰子和腰子上的脂油並右腿(這是承接聖職所獻的羊)。
“Momfa odwennini no sradeɛ ne ne duapuo ne ne mu sradeɛ ne ne berɛboɔ kotokuo ne ne sawa mmienu ne ɛho sradeɛ ne ne srɛ nifa—yei ne odwennini a wɔde bɛhyɛ Aaron ne ne mmammarima asɔfoɔ.
23 再從耶和華面前裝無酵餅的筐子中取一個餅,一個調油的餅和一個薄餅,
Momfa burodo mua baako ne taterɛ a wɔde srango afra, na monyi ɔfam baako mfiri kɛntɛn a wɔde burodo a mmɔreka nni mu agu mu a wɔde asi Awurade anim no mu.
24 都放在亞倫的手上和他兒子的手上,作為搖祭,在耶和華面前搖一搖。
Momfa yeinom nhyɛ Aaron ne ne mmammarima nsam na wɔmfa nkyerɛ sɛ ɔhim afɔrebɔdeɛ mma Awurade.
25 要從他們手中接過來,燒在耶和華面前壇上的燔祭上,是獻給耶和華為馨香的火祭。
Ɛno akyi, monnye mfiri wɔn nsam na monhye no afɔrebukyia no so sɛ ohwam afɔdeɛ mma no.
26 「你要取亞倫承接聖職所獻公羊的胸,作為搖祭,在耶和華面前搖一搖,這就可以作你的分。
Afei, momfa Aaron asɔfohyɛdwan no yan na monhim no Awurade anim, mfa nkyerɛ sɛ, morebɔ no afɔdeɛ; ɛno akyi momfa
27 那搖祭的胸和舉祭的腿,就是承接聖職所搖的、所舉的,是歸亞倫和他兒子的。這些你都要成為聖,
odwennini a moate ne ho no yan ne ne srɛ
28 作亞倫和他子孫從以色列人中永遠所得的分,因為是舉祭。這要從以色列人的平安祭中,作為獻給耶和華的舉祭。
mma Aaron ne ne mmammarima. Ɛsɛ sɛ daa ɛyɛ Israelfoɔ asɛdeɛ sɛ wɔbɛboa saa afɔrebɔ yi—sɛ ɛyɛ asomdwoeɛ afɔrebɔ anaa aseda afɔrebɔ, de hyɛ Awurade animuonyam.
29 「亞倫的聖衣要留給他的子孫,可以穿着受膏,又穿着承接聖職。
“Aaron ntadeɛ kronkron yi, wɔbɛkora na wɔate ho de ama ne mmammarima a daakye wɔbɛdi nʼadeɛ, sɛdeɛ sɛ wɔn asɔfohyɛ duru so a, wɔbɛtumi de ahyɛ wɔn.
30 他的子孫接續他當祭司的,每逢進會幕在聖所供職的時候,要穿七天。
Ɔsɔfopanin biara a ɔbɛdi Aaron adeɛ no bɛhyɛ saa ntadeɛ yi nnanson ansa na wafiri nʼasɔfodwuma ase wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ne kronkronbea hɔ.
“Fa odwennini no nam a wɔate ho no ne odwennini nam a wɔde hyɛɛ ɔsɔfoɔ no na monnoa no baabi a ɛhɔ te.
32 亞倫和他兒子要在會幕門口吃這羊的肉和筐內的餅。
Aaron ne ne mmammarima bɛdi burodo a ɛwɔ kɛntɛn no mu no, na wɔde ɛnam no abɔ so wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano.
33 他們吃那些贖罪之物,好承接聖職,使他們成聖;只是外人不可吃,因為這是聖物。
Wɔn nko ara na wɔbɛwe ɛnam no adi nnuane a wɔde tee wɔn ho no. Nnipa a wɔmfra asɔfoɔ abusua no mu no renni bi, ɛfiri sɛ, wɔate ho.
34 那承接聖職所獻的肉或餅,若有一點留到早晨,就要用火燒了,不可吃這物,因為是聖物。
Sɛ ɛba sɛ adeɛ kye ɛnam anaa burodo no bi so a, monhye no. Ɛnsɛ sɛ wɔdi, ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron.
35 「你要這樣照我一切所吩咐的,向亞倫和他兒子行承接聖職的禮七天。
“Yei ne ɛkwan a momfa so nhyɛ Aaron ne ne mmammarima no asɔfoɔ. Nnanson na wɔmfa nni saa asɔfohyɛ no ho dwuma.
36 每天要獻公牛一隻為贖罪祭。你潔淨壇的時候,壇就潔淨了;且要用膏抹壇,使壇成聖。
Ɛda biara, mode nantwie ba bɛbɔ afɔdeɛ de adwira mo ho. Ɛno akyi, pra afɔrebukyia no ho bɔne nyinaa na yɛ no kronkron na hwie ngo gu so fa te ho.
37 要潔淨壇七天,使壇成聖,壇就成為至聖。凡挨着壇的都成為聖。」
Te afɔrebukyia no ho na daa yɛ no kronkron saa ara nnanson ma Onyankopɔn. Ɛno akyi, afɔrebukyia no ho bɛte yie sɛdeɛ biribiara a wɔde bɛka no no bɛyɛ Onyankopɔn dea.
“Ɛda biara, mommɔ nnwanten mma mmienu afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so.
Momfa odwammaa no baako mmɔ afɔdeɛ no anɔpa na momfa baako nso mmɔ afɔdeɛ anwummerɛ.
40 和這一隻羊羔同獻的,要用細麵伊法十分之一與搗成的油一欣四分之一調和,又用酒一欣四分之一作為奠祭。
Afɔrebɔ no mu baako, momfa asikyiresiam lita mmienu ne fa a wɔayam no muhumuhu mfra ngo a wɔakyi firi ngo dua mu nkɔtoa mmienu ne fa; saa ara na momfa bobesa lita baako nyɛ ahwiesa.
41 那一隻羊羔要在黃昏的時候獻上,照着早晨的素祭和奠祭的禮辦理,作為獻給耶和華馨香的火祭。
Momfa odwammaa no baako a waka no mmɔ anwummerɛ afɔdeɛ a asikyiresiam ne nsã ka ho te sɛ anɔpa deɛ no ara. Ɛbɛyɛ ɔhyeɛ afɔrehwam ama Awurade.
42 這要在耶和華面前、會幕門口,作你們世世代代常獻的燔祭。我要在那裏與你們相會,和你們說話。
“Saa afɔrebɔ yi bɛkɔ so ɛda biara wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano wɔ Awurade anim. Ɛhɔ na mɛhyia mo ne mo akasa.
43 我要在那裏與以色列人相會,會幕就要因我的榮耀成為聖。
Na mɛhyia Israel mma wɔ hɔ na mʼanimuonyam ate Ahyiaeɛ Ntomadan no ho.
44 我要使會幕和壇成聖,也要使亞倫和他的兒子成聖,給我供祭司的職分。
“Ampa ara, mɛte Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ho ne Aaron ne ne mmammarima a wɔyɛ mʼasɔfoɔ no ho.
Na mɛtena Israelfoɔ mu na mayɛ wɔn Onyankopɔn,
46 他們必知道我是耶和華-他們的上帝,是將他們從埃及地領出來的,為要住在他們中間。我是耶和華-他們的上帝。」
na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade, wɔn Onyankopɔn. Mede wɔn firi Misraim baeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtena wɔn mu. Mene Awurade wɔn Onyankopɔn.