< 申命記 29 >

1 這是耶和華在摩押地吩咐摩西與以色列人立約的話,是在他和他們於何烈山所立的約之外。
Yei ne nhyehyɛeɛ a ɛwɔ apam a Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfoɔ no nyɛ wɔ Moab nka apam a ɔne wɔn yɛɛ no wɔ Horeb no.
2 摩西召了以色列眾人來,對他們說:「耶和華在埃及地,在你們眼前向法老和他眾臣僕,並他全地所行的一切事,你們都看見了,
Mose frɛɛ Israelfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ahunu deɛ Awurade yɛɛ Farao ne ne mpanimfoɔ ne ne ɔman nyinaa wɔ Misraim no.
3 就是你親眼看見的大試驗和神蹟,並那些大奇事。
Mo ankasa mohunuu sɔhwɛ akɛseɛ, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu ne anwanwadeɛ akɛseɛ no.
4 但耶和華到今日沒有使你們心能明白,眼能看見,耳能聽見。
Nanso, ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Awurade mmaa mo adwene a ɛte asɛm ase anaa ani a ɛhunu adeɛ anaa aso a ɛte asɛm.
5 我領你們在曠野四十年,你們身上的衣服並沒有穿破,腳上的鞋也沒有穿壞。
Mfeɛ aduanan mu a medii mo anim faa ɛserɛ so no, mo ntoma antete; saa ara na mo mpaboa a ɛhyɛ mo nan nso anhi.
6 你們沒有吃餅,也沒有喝清酒濃酒。這要使你們知道,耶和華是你們的上帝。
Moanni aduane, annom nsã anaa nsã a ano yɛ den. Meyɛɛ saa sɛdeɛ mobɛhunu sɛ mene Awurade, mo Onyankopɔn, no.
7 你們來到這地方,希實本王西宏、巴珊王噩都出來與我們交戰,我們就擊殺了他們,
Yɛduruu ha no, Hesbonhene Sihon ne Basanhene Og ba bɛko tiaa yɛn, nanso, yɛdii wɔn so.
8 取了他們的地給呂便支派、迦得支派,和瑪拿西半支派為業。
Yɛfaa wɔn asase de maa Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no sɛ wɔn agyapadeɛ.
9 所以你們要謹守遵行這約的話,好叫你們在一切所行的事上亨通。
Ɛno enti, monni saa apam yi so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, biribiara a mobɛyɛ no bɛyɛ yie.
10 「今日,你們的首領、族長、長老、官長、以色列的男丁,你們的妻子兒女,和營中寄居的,以及為你們劈柴挑水的人,都站在耶和華-你們的上帝面前,
Mo nyinaa—mo mmusuakuo mpanimfoɔ, mo atemmufoɔ, mo ahwɛfoɔ ne Israel mmarima nyinaa, ɛnnɛ mogyina Awurade, mo Onyankopɔn, anim,
mo ne mo mma ne mo yerenom ne ahɔhoɔ a wɔte mo mu a wɔbu mo nnua, soa mo nsuo.
12 為要你順從耶和華-你上帝今日與你所立的約,向你所起的誓。
Mogyina ha sɛ mo ne Awurade, mo Onyankopɔn, rebɛyɛ apam, apam a Awurade ne mo reyɛ ɛnnɛ. Ɔde ntam bɛsɔ ano,
13 這樣,他要照他向你所應許的話,又向你列祖亞伯拉罕、以撒、雅各所起的誓,今日立你作他的子民,他作你的上帝。
na wasi so gyinaeɛ sɛ ɛnnɛ, moyɛ ne nkurɔfoɔ na ɔno nso bɛyɛ mo Onyankopɔn sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo bɔ no na ɔkaa ntam kyerɛɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no.
14 我不但與你們立這約,起這誓,
Mereyɛ saa apam yi a ne ntam bata ho. Apam yi, ɛnyɛ mo a
15 凡與我們一同站在耶和華-我們上帝面前的,並今日不在我們這裏的人,我也與他們立這約,起這誓。
mo ne yɛn gyina ha ɛnnɛ wɔ Awurade mo Onyankopɔn anim no nko dea. Na mmom ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔnni ha nso.
16 「我們曾住過埃及地,也從列國經過;這是你們知道的。
Mo ankasa monim sɛdeɛ yɛtenaa Misraim ne sɛdeɛ yɛreba ha no yɛfaa aman so bɛsii ha.
17 你們也看見他們中間可憎之物,並他們木、石、金、銀的偶像。
Mohunuu akyiwadeɛ ahoni a wɔde nnua ne aboɔ ne dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ wɔ wɔn nkyɛn.
18 惟恐你們中間,或男或女,或族長或支派長,今日心裏偏離耶和華-我們的上帝,去事奉那些國的神;又怕你們中間有惡根生出苦菜和茵蔯來,
Monhwɛ yie sɛ ɔbarima anaa ɔbaa anaa abusua biara a wɔwɔ mo mu ɛnnɛ no mu biara akoma rennane mfiri Awurade, mo Onyankopɔn, ho nkɔsom saa aman yi anyame; monhunu sɛ, duhini biara nni mo mu a ɛpu bɔnwoma a ɛyɛ nwono saa.
19 聽見這咒詛的話,心裏仍是自誇說:『我雖然行事心裏頑梗,連累眾人,卻還是平安。』
Ɛnsɛ sɛ obiara a ɔte nnome ho kɔkɔbɔ nsɛm yi susu sɛ ɔno deɛ hwee renka no. Mma no nka wɔ ne tirim sɛ, “Me ho sɔnn, ɛmfa ho sɛ menam asoɔden kwan so.” Yei de ɔsɛeɛ a ɛso bɛba.
20 耶和華必不饒恕他;耶和華的怒氣與憤恨要向他發作,如煙冒出,將這書上所寫的一切咒詛都加在他身上。耶和華又要從天下塗抹他的名,
Awurade remfa nkyɛ saa nnipa no. Nʼabufuo ne ne ninkunu bɛhye atia wɔn. Nnome a wɔatwerɛ no saa nwoma yi mu nyinaa bɛba wɔn so na Awurade bɛpepa wɔn din afiri ɔsoro ase.
21 也必照着寫在律法書上、約中的一切咒詛將他從以色列眾支派中分別出來,使他受禍。
Awurade bɛtwe wɔn afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu na wahwie apam no mu nnome nyinaa a wɔatwerɛ wɔ saa mmara nwoma no mu agu wɔn so.
22 你們的後代,就是以後興起來的子孫,和遠方來的外人,看見這地的災殃,並耶和華所降與這地的疾病,
Afei, nkyirimma a wɔbɛba, wɔn a wɔfiri mo ase ne wɔn a wɔfiri ahɔhoɔ ase a wɔfiri akyirikyiri asase so bɛhunu asase no sɛeɛ ne nyarewa a Awurade de bɛbrɛ asase no.
23 又看見遍地有硫磺,有鹽鹵,有火跡,沒有耕種,沒有出產,連草都不生長-好像耶和華在忿怒中所傾覆的所多瑪、蛾摩拉、押瑪、洗扁一樣-
Wɔbɛhunu sɛ, wɔn asase no dɔteɛ adane sɔfe ne nkyene a wɔdua so biribiara a ɛnyɛ yie, na hwee nso nnyini wɔ so—mpo, ɛserɛ ahahan. Ɛbɛyɛ te sɛ Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim a Awurade sɛee no nʼabufuo mu no.
24 所看見的人,連萬國人,都必問說:『耶和華為何向此地這樣行呢?這樣大發烈怒是甚麼意思呢?』
Aman a atwa ahyia no bɛbisa sɛ, “Adɛn enti na Awurade ayɛ saa asase yi saa? Adɛn enti na ne bo fu denden saa?”
25 人必回答說:『是因這地的人離棄了耶和華-他們列祖的上帝,領他們出埃及地的時候與他們所立的約,
Na wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ, “Saa asɛm yi siiɛ, ɛfiri sɛ, nnipa a wɔwɔ asase no so buu apam a wɔne Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn yɛeɛ ɛberɛ a ɔyii wɔn firii Misraim asase so.
26 去事奉敬拜素不認識的別神,是耶和華所未曾給他們安排的。
Wɔdane kɔsom anyame foforɔ a wɔyɛ ahɔhoɔ ma wɔn, anyame a Awurade nkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsom.
27 所以耶和華的怒氣向這地發作,將這書上所寫的一切咒詛都降在這地上。
Ɛno enti na Awurade abufuo dɛre tiaa saa asase yi, nam so de nnome a wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no baa wɔn so no.
28 耶和華在怒氣、忿怒、大惱恨中將他們從本地拔出來,扔在別的地上,像今日一樣。』
Abufuhyeɛ mu, Awurade tutuu ne nkurɔfoɔ ase firii wɔn asase so twaa wɔn asuo de wɔn kɔguu asase foforɔ a wɔte so seesei no.”
29 「隱祕的事是屬耶和華-我們上帝的;惟有明顯的事是永遠屬我們和我們子孫的,好叫我們遵行這律法上的一切話。」
Ahintasɛm nyinaa firi Awurade mo Onyankopɔn hɔ, na nneɛma a wada no adi akyerɛ yɛn ne yɛn asefoɔ no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛbɛdi ne mmaransɛm yi so.

< 申命記 29 >