< 撒母耳記下 9 >
1 大衛問說:「掃羅家還有剩下的人沒有?我要因約拿單的緣故向他施恩。」
Da bi, Dawid pɛɛ sɛ obehu sɛ obi aka wɔ Saulo fi ana. Efisɛ na wahyɛ Yonatan bɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔn adɔe.
2 掃羅家有一個僕人,名叫洗巴,有人叫他來見大衛,王問他說:「你是洗巴嗎?」回答說:「僕人是。」
Ɔfrɛɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Siba a na anka ɔfra Saulo asomfo mu. Na ɔhene bisaa no se, “Wo na wɔfrɛ wo Siba no ana?” Obuaa no se, “Yiw, me ne Siba no.”
3 王說:「掃羅家還有人沒有?我要照上帝的慈愛恩待他。」洗巴對王說:「還有約拿單的一個兒子,是瘸腿的。」
Ɔhene no bisaa no se, “Obi aka wɔ Saulo fi ana? Sɛ ɛte saa a mepɛ sɛ mɛyɛ wɔn adɔe a efi Onyankopɔn wɔ ɔkwan biara a metumi so.” Siba buaa ɔhene se, “Yonatan babarima obubuafo bi da so wɔ hɔ.”
4 王說:「他在哪裏?」洗巴對王說:「他在羅‧底巴,亞米利的兒子瑪吉家裏。」
Ɔhene bisae se, “Ɔwɔ he?” Siba buae se, “Ɔwɔ Amiel babarima Makir fi wɔ Lo-debar.”
5 於是大衛王打發人去,從羅‧底巴亞米利的兒子瑪吉家裏召了他來。
Na ɔhene Dawid ma wɔkɔfaa no fii Amiel babarima Makir fi wɔ Lo-debar, de no brɛɛ no.
6 掃羅的孫子、約拿單的兒子米非波設來見大衛,伏地叩拜。大衛說:「米非波設!」米非波設說:「僕人在此。」
Ne din de Mefiboset, a ɔyɛ Yonatan babarima ne Saulo nena. Ɔbaa Dawid anim no, ɔde ahopopo kotow no, kae se, “Meyɛ wo somfo.”
7 大衛說:「你不要懼怕,我必因你父親約拿單的緣故施恩與你,將你祖父掃羅的一切田地都歸還你;你也可以常與我同席吃飯。」
Dawid ka kyerɛɛ no se, “Nsuro, na nea ɛbɛyɛ biara no, esiane wʼagya Yonatan nti, mɛyɛ wo adɔe. Nsase a na ɛyɛ wo nena Saulo agyapade no nyinaa, mɛsan de ama wo, na woadidi me didipon so daa daa.”
8 米非波設又叩拜,說:「僕人算甚麼,不過如死狗一般,竟蒙王這樣眷顧!」
Mefiboset bɔɔ ne mu ase kae se, “Hena ne me, ɔkraman funu a ɛsɛ sɛ wɔyɛ me saa adɔe yi?”
9 王召了掃羅的僕人洗巴來,對他說:「我已將屬掃羅和他的一切家產都賜給你主人的兒子了。
Ɔhene frɛɛ ne somfo Siba, ka kyerɛɛ no se, “Mede biribiara a na ɛyɛ Saulo ne ne fifo agyapade no nyinaa ama wo wura Saulo nenabarima no.
10 你和你的眾子、僕人要為你主人的兒子米非波設耕種田地,把所產的拿來供他食用;他卻要常與我同席吃飯。」洗巴有十五個兒子,二十個僕人。
Wo ne wo mmabarima ne mo asomfo na mobɛdɔw asase no, ayɛ so mfuw ama no, na wanya aduan ama ne fifo. Na Mefiboset de, ɔne me bɛtena mʼahemfi ha.” Na Siba a na ɔwɔ mmabarima dunum ne asomfo aduonu no buae se,
11 洗巴對王說:「凡我主我王吩咐僕人的,僕人都必遵行。」王又說:「米非波設必與我同席吃飯,如王的兒子一樣。」
“Me wura pa, asɛm a woaka akyerɛ me no nyinaa, medi so.” Na efi saa bere no, Mefiboset ne Dawid didii daa te sɛnea ɔyɛ nʼasen mu ba.
12 米非波設有一個小兒子,名叫米迦。凡住在洗巴家裏的人都作了米非波設的僕人。
Na Mefiboset wɔ ɔba abarimaa bi a ne din de Mika. Na efi saa bere no, Siba fifo nyinaa bɛyɛɛ Mefiboset asomfo.
13 於是米非波設住在耶路撒冷,常與王同席吃飯。他兩腿都是瘸的。
Na Mefiboset a ɔyɛ obubuafo no tu kɔɔ Yerusalem kɔtenaa ahemfi hɔ.