< 歷代志下 1 >
1 大衛的兒子所羅門國位堅固;耶和華-他的上帝與他同在,使他甚為尊大。
Ɔhene Dawid babarima Salomo soo ahenni no mu den, efisɛ Awurade, ne Nyankopɔn kaa ne ho maa no tumi a ɛso.
2 所羅門吩咐以色列眾人,就是千夫長、百夫長、審判官、首領與族長都來。
Ɔfrɛɛ Israel nyinaa, asahene ne asraafodɔm ntuanofo, atemmufo, amanyɛ ne mmusua ntuanofo nyinaa.
3 所羅門和會眾都往基遍的邱壇去,因那裏有上帝的會幕,就是耶和華僕人摩西在曠野所製造的。
Na Salomo dii nnipa no nyinaa anim kɔɔ bepɔw Gibeon so baabi a wɔde Onyankopɔn Ahyiae Ntamadan no asi. Eyi yɛ Ntamadan a Mose a ɔyɛ Awurade somfo sii wɔ sare no so no.
4 只是上帝的約櫃,大衛已經從基列‧耶琳搬到他所預備的地方,因他曾在耶路撒冷為約櫃支搭了帳幕,
Na Dawid ayi Onyankopɔn Adaka no afi Kiriat-Yearim de akɔ ntamadan sononko bi a wasi wɔ Yerusalem mu.
5 並且戶珥的孫子、烏利的兒子比撒列所造的銅壇也在基遍耶和華的會幕前。所羅門和會眾都就近壇前。
Nanso na kɔbere mfrafrae afɔremuka a Hur nena a ɔyɛ Uri babarima Besaleel sii no da so wɔ Gibeon, wɔ Awurade Asɔredan no anim. Enti Salomo ne nnipa no boaa wɔn ho ano wɔ hɔ, bisaa Awurade akwankyerɛ.
6 所羅門上到耶和華面前會幕的銅壇那裏,獻一千犧牲為燔祭。
Hyiadan no anim hɔ, Salomo foro kɔɔ kɔbere mfrafrae afɔremuka no ho wɔ Awurade anim, bɔɔ ɔhyew afɔre ahorow apem wɔ so.
7 當夜,上帝向所羅門顯現,對他說:「你願我賜你甚麼,你可以求。」
Da no anadwo, Onyankopɔn yii ne ho adi wɔ dae mu kyerɛɛ Salomo, bisaa no se, “Dɛn na wopɛ? Bisa na mede bɛma wo!”
8 所羅門對上帝說:「你曾向我父大衛大施慈愛,使我接續他作王。
Salomo buaa Onyankopɔn se, “Wudii mʼagya Dawid nokware na woyɛɛ no adɔe, na afei wode me asi nʼanan mu sɛ ɔhene.
9 耶和華上帝啊,現在求你成就向我父大衛所應許的話;因你立我作這民的王,他們如同地上塵沙那樣多。
Na afei Awurade Nyankopɔn, mesrɛ wo di bɔ a wohyɛɛ mʼagya Dawid no so, efisɛ wode me asi nnipa a wɔn dodow te sɛ asase so mfutuma so hene.
10 求你賜我智慧聰明,我好在這民前出入;不然,誰能判斷這眾多的民呢?」
Ma me nyansa ne nimdeɛ, na memfa nni wɔn so yiye, na hena koraa na obetumi adi wo man kɛse sɛɛ so?”
11 上帝對所羅門說:「我已立你作我民的王。你既有這心意,並不求資財、豐富、尊榮,也不求滅絕那恨你之人的性命,又不求大壽數,只求智慧聰明好判斷我的民;
Onyankopɔn ka kyerɛɛ Salomo se, “Esiane sɛ wʼahiasɛm kɛse ne sɛ wopɛ sɛ woboa wo manfo, na woammisa ahode, anuonyam anaa wʼatamfo wu anaa nkwa tenten, na mmom, wubisaa nyansa ne nimdeɛ a wode bedi me nkurɔfo so yiye nti,
12 我必賜你智慧聰明,也必賜你資財、豐富、尊榮。在你以前的列王都沒有這樣,在你以後也必沒有這樣的。」
mɛma wo nyansa ne nimdeɛ a wubisae no. Afei, mɛma wo sika, ahode ne anuonyam a ɔhene biara a wadi wʼanim no nnyaa bi da, nanso ɔrennya no saa da biara da.”
13 於是,所羅門從基遍邱壇會幕前回到耶路撒冷,治理以色列人。
Na Salomo fii hyiadan a ɛwɔ Gibeon bepɔw no so no mu san kɔɔ Yerusalem kodii hene wɔ Israel so.
14 所羅門聚集戰車馬兵,有戰車一千四百輛,馬兵一萬二千名,安置在屯車的城邑和耶路撒冷,就是王那裏。
Salomo nyaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ bebree. Na ɔwɔ nteaseɛnam apem ahannan ne apɔnkɔ mpem dumien. Ɔde emu fa kɛse guguu nteaseɛnam nkuropɔn no so na ɔmaa bi nso kaa Yerusalem.
15 王在耶路撒冷使金銀多如石頭,香柏木多如高原的桑樹。
Salomo bere so no, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ buu so sɛ abo wɔ Yerusalem. Na sida aboɔden nnua nso buu so sɛ ankye nnua a na abu so wɔ Yuda mmepɔw no ase no.
16 所羅門的馬是從埃及帶來的,是王的商人一群一群按着定價買來的。
Na Salomo tɔɔ apɔnkɔ fii Misraim ne Kilikia, efisɛ na ɔhene no aguadifo nya wɔn fi Kilikia a wɔn bo no ye.
17 他們從埃及買來的車,每輛價銀六百舍客勒,馬每匹一百五十舍客勒。赫人諸王和亞蘭諸王所買的車馬,也是按這價值經他們手買來的。
Saa bere no na wotumi tɔ Misraim nteaseɛnam a wɔde ba Yerusalem no nnwetɛbona kilogram ason, na apɔnkɔ nso, wotumi tɔ no nnwetɛbona kilogram abien. Wɔn nso kɔtontɔn wɔn nyinaa maa Hetifo ne Aram ahemfo.