< 歷代志上 10 >

1 非利士人與以色列人爭戰,以色列人在非利士人面前逃跑,在基利波山有被殺仆倒的。
Afei, Filistifoɔ no bɛto hyɛɛ Israel so, ma Israelfoɔ no dwaneeɛ. Wɔkunkumm wɔn mu pii wɔ bepɔ Gilboa so.
2 非利士人緊追掃羅和他兒子們,就殺了掃羅的兒子約拿單、亞比拿達、麥基舒亞。
Filistifoɔ no kaa Saulo ne ne mmammarima hyɛeɛ. Wɔkunkumm wɔn mu baasa a wɔn ne Yonatan, Abinadab ne Malki-Sua.
3 勢派甚大,掃羅被弓箭手追上,射傷甚重,
Ɔko no ano yɛɛ den wɔ Saulo ho hyiaaɛ, ma Filistifoɔ agyantofoɔ no nyaa Saulo piraa no yie.
4 就吩咐拿他兵器的人說:「你拔出刀來,將我刺死,免得那些未受割禮的人來凌辱我。」但拿兵器的人甚懼怕,不肯刺他;
Saulo firi apenesie mu ka kyerɛɛ nʼakodeɛkurafoɔ no sɛ, “Twe wʼakofena, na fa wɔ me kum me na Filistifoɔ abosonsomfoɔ yi ammɛto me, angu mʼanim ase.” Nanso, na nʼakodeɛkurafoɔ no suro enti, wanyɛ saa. Enti, Saulo twee ɔno ara nʼakofena, de kumm ne ho.
5 掃羅就自己伏在刀上死了。拿兵器的人見掃羅已死,也伏在刀上死了。
Ɛberɛ a nʼakodeɛkurafoɔ no hunuu sɛ Saulo awuo no, ɔno nso de nʼakofena kumm ne ho.
6 這樣,掃羅和他三個兒子,並他的全家都一同死亡。
Ɛno enti, Saulo ne ne mmammarima baasa no wuwuu wɔ hɔ ara, ma nʼahennie nnidisoɔ no baa awieeɛ.
7 住平原的以色列眾人見以色列軍兵逃跑,掃羅和他兒子都死了,也就棄城逃跑,非利士人便來住在其中。
Ɛberɛ a Israelfoɔ a wɔwɔ Yesreel bɔnhwa no mu no hunuu sɛ wɔadi wɔn akodɔm no so, na Saulo ne ne mmammarima baasa no awuwu no, wɔdwane gyaa wɔn nkuro hɔ. Ɛno enti, Filistifoɔ no kɔfaa wɔn nkuro no.
8 次日,非利士人來剝那被殺之人的衣服,看見掃羅和他兒子仆倒在基利波山,
Adeɛ kyeeɛ a Filistifoɔ no kɔɔ sɛ wɔrekɔyiyi atɔfoɔ no ho nneɛma no, wɔhunuu sɛ Saulo ne ne mmammarima no amu gugu bepɔ Gilboa so.
9 就剝了他的軍裝,割下他的首級,打發人到 非利士地的四境報信與他們的偶像和眾民,
Enti, wɔyiyii Saulo akodeɛ firii ne ho, twaa ne ti. Afei wɔbɔɔ Saulo wuo no ho dawuro, maa wɔn ahoni ne nnipa a wɔwɔ Filistia nyinaa teeɛ.
10 又將掃羅的軍裝放在他們神的廟裏,將他的首級釘在大袞廟中。
Wɔde nʼakodeɛ no guu wɔn anyame no abosonnan mu, na wɔkyekyeree ne ti no fam Dagon asɔredan no ɔfasuo ho.
11 基列‧雅比人聽見非利士人向掃羅所行的一切事,
Nanso, Yabes Gileadfoɔ tee deɛ Filistifoɔ ayɛ Saulo no,
12 他們中間所有的勇士就起身前去,將掃羅和他兒子的屍身送到雅比,將他們的屍骨葬在雅比的橡樹下,就禁食七日。
wɔn akofoɔ kɔfaa Saulo ne ne mmammarima baasa no amu baa Yabes. Na wɔsiee wɔn amu wɔ odum dua bi a ɛwɔ Yabes ase, na wɔdii mmuada nnanson.
13 這樣,掃羅死了。因為他干犯耶和華,沒有遵守耶和華的命;又因他求問交鬼的婦人,
Na Saulo wuiɛ, ɛfiri sɛ, wanni Awurade nokorɛ. Wanni Awurade ahyɛdeɛ so, na mpo, ɔkɔɔ asamanfrɛ,
14 沒有求問耶和華,所以耶和華使他被殺,把國歸於耶西的兒子大衛。
wɔ ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ ɔbisa akwankyerɛ firi Awurade hɔ. Ɛno enti, Awurade kumm no, de nʼahennie hyɛɛ Yisai babarima Dawid nsa.

< 歷代志上 10 >