< 罗马书 5 >

1 我们既因信称义,就借着我们的主耶稣基督得与 神相和。
Afei a ɛnam gyidie so ama Onyankopɔn abu yɛn bem no, yɛnam Awurade Yesu Kristo so anya Onyankopɔn asomdwoeɛ.
2 我们又借着他,因信得进入现在所站的这恩典中,并且欢欢喜喜盼望 神的荣耀。
Ɔnam gyidie so de yɛn aba Onyankopɔn adom a yɛte mu seesei no mu. Yɛn ani gye wɔ anidasoɔ mu sɛ yɛbɛnya Onyankopɔn anim animuonyam.
3 不但如此,就是在患难中也是欢欢喜喜的;因为知道患难生忍耐,
Afei, yɛn haw mu nso, yɛn ani gye, ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ ɔhaw de boasetɔ ba,
4 忍耐生老练,老练生盼望;
na boasetɔ de osuahunu ba, ɛnna osuahunu de anidasoɔ ba.
5 盼望不至于羞耻,因为所赐给我们的圣灵将 神的爱浇灌在我们心里。
Saa anidasoɔ yi renni yɛn hwammɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nam Honhom Kronkron a ɛyɛ nʼakyɛdeɛ a ɔde ama yɛn no so ahwie ne dɔ agu yɛn akoma mu.
6 因我们还软弱的时候,基督就按所定的日期为罪人死。
Ɛberɛ a ɛsɛ mu, ɛberɛ a yɛyɛ mmerɛ no, Kristo wu maa amumuyɛfoɔ.
7 为义人死,是少有的;为仁人死,或者有敢做的。
Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bɛwu ama deɛ ɔyɛ onipa tenenee mpo, na deɛ ɔyɛ onipa pa no deɛ, ebia obi bɛsi ne bo awu ama no.
8 惟有基督在我们还作罪人的时候为我们死, 神的爱就在此向我们显明了。
Nanso, Onyankopɔn da ne dɔ adi wɔ yei mu sɛ; ɛberɛ a yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn.
9 现在我们既靠着他的血称义,就更要借着他免去 神的忿怒。
Esiane sɛ wɔnam ne mogya no so abu yɛn bem no enti, wɔnam ne so bɛgye yɛn afiri Onyankopɔn abufuhyeɛ mu.
10 因为我们作仇敌的时候,且借着 神儿子的死,得与 神和好;既已和好,就更要因他的生得救了。
Na sɛ ɛberɛ a yɛyɛ atamfoɔ mpo Onyankopɔn de ne Ba no wuo yɛɛ mpatadeɛ maa yɛn a, saa mmerɛ yi a yɛne Onyankopɔn wɔ ayɔnkofa yi deɛ, yɛnim sɛ ɔnam ne Ba no so bɛgye yɛn nkwa.
11 不但如此,我们既借着我主耶稣基督得与 神和好,也就借着他以 神为乐。
Ɛnyɛ yei nko, mmom yɛnam AWURADE Yesu Kristo a ne mu na yɛanya mpata no gye yɛn ani wɔ Onyankopɔn mu.
12 这就如罪是从一人入了世界,死又是从罪来的,于是死就临到众人,因为众人都犯了罪。
Bɔne nam onipa baako so na ɛbaa ewiase, na ne bɔne no de owuo baeɛ. Ɛno enti owuo trɛ baa nnipa nyinaa so, ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa yɛɛ bɔne.
13 没有律法之先,罪已经在世上;但没有律法,罪也不算罪。
Na bɔne wɔ hɔ ansa na wɔde Mmara no reba. Nanso, mmara nni hɔ a, wɔmmu bɔne ho akonta.
14 然而从亚当到摩西,死就作了王,连那些不与亚当犯一样罪过的,也在他的权下。亚当乃是那以后要来之人的预像。
Nanso, ɛfiri Adam ɛberɛ so kɔsi Mose ɛberɛ so no, owuo dii nnipa nyinaa so kɔsii wɔn mpo a wɔanyɛ bɔne, sɛdeɛ Adam deɛ ɔyɛɛ asoɔden kyerɛɛ Onyankopɔn no. Ɛkwan bi so no, Adam yɛ Kristo, deɛ na ɔrebɛba no, sɛso.
15 只是过犯不如恩赐,若因一人的过犯,众人都死了,何况 神的恩典,与那因耶稣基督一人恩典中的赏赐,岂不更加倍地临到众人吗?
Nanso, wɔn baanu no nyinaa nyɛ pɛ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɔde kyɛ kwa no nte sɛ Adam bɔne no. Ɛyɛ nokorɛ sɛ ɛsiane saa onipa baako no bɔne enti nnipa pii wuwuiɛ. Nanso, Onyankopɔn adom no dɔɔso; ɛno enti na ɔnam onipa baako a ɔne Yesu Kristo adom so dom bebree kwa no.
16 因一人犯罪就定罪,也不如恩赐,原来审判是由一人而定罪,恩赐乃是由许多过犯而称义。
Bio, Onyankopɔn akyɛdeɛ no nte sɛ nsunsuansoɔ a ɛfiri onipa baako bɔne mu baeɛ no. Atemmuo no nam bɔne baako so de afɔbuo baeɛ, nanso bɔne bebree akyi no, akyɛdeɛ no de bembuo baeɛ.
17 若因一人的过犯,死就因这一人作了王,何况那些受洪恩又蒙所赐之义的,岂不更要因耶稣基督一人在生命中作王吗?
Sɛ ɛnam onipa baako bɔne so ɛna owuo dii ɔhene a, ɛnneɛ wɔn a wɔnya adom mmorosoɔ ne tenenee akyɛdeɛ no nam onipa baako a ɔne Yesu Kristo so bɛdi hene wɔ nkwa mu.
18 如此说来,因一次的过犯,众人都被定罪;照样,因一次的义行,众人也就被称义得生命了。
Enti sɛdeɛ onipa baako pɛ bɔne a ɔyɛeɛ no ma wɔbuu nnipa nyinaa fɔ no, saa ara nso na tenenee adeyɛ baako maa wɔbuu nnipa nyinaa bem, na yɛnyaa nkwa.
19 因一人的悖逆,众人成为罪人;照样,因一人的顺从,众人也成为义了。
Na sɛdeɛ ɛnam ɔbaakofoɔ asoɔden so enti nnipa nyinaa yɛɛ nnebɔneyɛfoɔ no, saa ara nso na onipa baako setie enti, wɔbɛyɛ bebree teneneefoɔ.
20 律法本是外添的,叫过犯显多;只是罪在哪里显多,恩典就更显多了。
Wɔyɛɛ mmara no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a bɔne bɛda adi pefee; nanso mpɛn dodoɔ a bɔne dɔɔso no, adom no dɔɔso mmoroso,
21 就如罪作王叫人死;照样,恩典也借着义作王,叫人因我们的主耶稣基督得永生。 (aiōnios g166)
enti sɛdeɛ bɔne di nnipa so de wɔn kɔ owuo mu no, saa ara na adom no nam tenenee so de daa nkwa a ɛwɔ Yesu Kristo, yɛn AWURADE mu bɛba. (aiōnios g166)

< 罗马书 5 >