< 诗篇 52 >
1 以东人多益来告诉扫罗说:“大卫到了亚希米勒家。”那时,大卫作这训诲诗,交与伶长。 勇士啊,你为何以作恶自夸? 神的慈爱是常存的。
Dawid “maskil” dwom. Ɔtoeɛ ɛberɛ a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Dawid akɔ Ahimelek fie” no. Ɔkɛseɛ, adɛn enti na wohoahoa wo ho wɔ wo bɔne ho? Adɛn enti na wohoahoa wo ho da mu nyinaa, wo a woyɛ animguasedeɛ wɔ Onyankopɔn ani so?
Wo tɛkrɛma bɔ ɔsɛeɛ ho pɔ; ɛte sɛ yiwan a ano yɛ tahwetahwe. Wo a wotwa nkontompo nko ara.
3 你爱恶胜似爱善, 又爱说谎,不爱说公义。 (细拉)
Wʼani gye bɔne ho sene papa, wopɛ atorɔ sene sɛ wobɛka nokorɛ.
Wodɔ asɛm biara a ɛde ɔhaw ba, Ao wo tɛkrɛma daadaafoɔ!
5 神也要毁灭你,直到永远; 他要把你拿去,从你的帐棚中抽出, 从活人之地将你拔出。 (细拉)
Ampa ara, Onyankopɔn de ɔsɛeɛ a ɛnni awieeɛ bɛbrɛ wo; ɔbɛtwe wo afiri wo ntomadan mu na watete wo mu; Ɔbɛtɔre wʼase wɔ ateasefoɔ asase so.
Ateneneefoɔ bɛhunu yei na wɔasuro; wɔbɛsere no na wɔaka sɛ,
7 说:看哪,这就是那不以 神为他力量的人, 只倚仗他丰富的财物,在邪恶上坚立自己。
“Hwɛ, onipa no nie deɛ wamfa Onyankopɔn anyɛ nʼabandenden na mmom ɔde ne ho too nʼahonya dodoɔ so na ɔnyaa ahoɔden de sɛee afoforɔ no!”
8 至于我,就像 神殿中的青橄榄树; 我永永远远倚靠 神的慈爱。
Nanso, mete sɛ ngo dua a ɛrenyini wɔ Onyankopɔn fie: mede me ho to Onyankopɔn dɔ a ɛnsa da no so daa nyinaa.
9 我要称谢你,直到永远, 因为你行了这事。 我也要在你圣民面前仰望你的名; 这名本为美好。
Mɛyi wo ayɛ daa wɔ deɛ woayɛ nti; wo din so na mʼani bɛda, ɛfiri sɛ ɛyɛ. Mɛyi wo ayɛ wɔ wʼahotefoɔ anim. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde “mahalat” sankuo nne na ɛto.