< 民数记 14 >
Afei, nnipa no nyinaa firii aseɛ suu dendeenden anadwo no nyinaa.
2 以色列众人向摩西、亚伦发怨言;全会众对他们说:“巴不得我们早死在埃及地,或是死在这旷野。
Wɔde nne korɔ kasa tiaa Mose ne Aaron. Wɔsuu sɛ, “Sɛ yɛwuwuu wɔ Misraim anaa ɛserɛ so ha a, anka yɛpɛ no saa ara
3 耶和华为什么把我们领到那地,使我们倒在刀下呢?我们的妻子和孩子必被掳掠。我们回埃及去岂不好吗?”
sen sɛ wɔde yɛn bɛkɔ kuro a ɛwɔ yɛn anim no so. Awurade bɛkum yɛn wɔ hɔ na yɛn yerenom ne yɛn mma ayɛ nkoa wɔ hɔ. Momma yɛmfiri ha na yɛnkɔ Misraim!”
4 众人彼此说:“我们不如立一个首领回埃及去吧!”
Saa asɛm yi dii wɔn nyinaa tirim dɛm. Enti wɔteaam sɛ, “Momma yɛnyi ɔpanin bi na ɔnni yɛn anim nsane mfa yɛn nkɔ Misraim.”
Afei, Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam wɔ Israelfoɔ no anim.
6 窥探地的人中,嫩的儿子约书亚和耶孚尼的儿子迦勒撕裂衣服,
Akwansrafoɔ baanu, a wɔn ne Nun babarima Yosua ne Yefune babarima Kaleb sunsuanee wɔn ntadeɛ mu
7 对以色列全会众说:“我们所窥探、经过之地是极美之地。
na wɔka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Asase a ɛda yɛn anim no yɛ asase pa.
8 耶和华若喜悦我们,就必将我们领进那地,把地赐给我们;那地原是流奶与蜜之地。
Na sɛ yɛsɔ Awurade ani a, ɔde yɛn bɛduru asase no so dwoodwoo na ɔde hɔ ahyɛ yɛn nsa. Ɛyɛ asase bereɛ, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sen wɔ soɔ, na ɔde bɛma yɛn.
9 但你们不可背叛耶和华,也不要怕那地的居民;因为他们是我们的食物,并且荫庇他们的已经离开他们。有耶和华与我们同在,不要怕他们!”
Ao, monnyɛ dɔm ntia Awurade, na monnsuro nnipa a wɔwɔ asase no so no nso. Na wɔte sɛ burodo bi a yɛdie ma yɛn! Awurade ne yɛn wɔ hɔ na wɔn deɛ, wayi ne nsa afiri wɔn so! Monnsuro wɔn!”
10 但全会众说:“拿石头打死他们二人。”忽然,耶和华的荣光在会幕中向以色列众人显现。
Nanso mmuaeɛ a nnipa no maeɛ ara ne sɛ, wɔbɛsi wɔn aboɔ. Afei, Awurade animuonyam baeɛ
11 耶和华对摩西说:“这百姓藐视我要到几时呢?我在他们中间行了这一切神迹,他们还不信我要到几时呢?
na Awurade bisaa Mose sɛ, “Nnipa yi bɛbu me animtia akɔsi da bɛn? Anwanwadeɛ dodoɔ a mayɛ akyerɛ wɔn yi nyinaa akyi no, wɔnnye me nni?
12 我要用瘟疫击杀他们,使他们不得承受那地,叫你的后裔成为大国,比他们强胜。”
Mɛgye wɔn nsam nneɛma a mede ama wɔn nyinaa na mama ɔyaredɔm asɛe wɔn na mayɛ mo ɔman kɛseɛ a ɛso sene wɔn!”
13 摩西对耶和华说:“埃及人必听见这事;因为你曾施展大能,将这百姓从他们中间领上来。
Mose srɛɛ Awurade sɛ, “Na sɛ Misraimfoɔ yi te a, ɛdeɛn asɛm na wɔbɛdwene? Wɔn nyinaa hunuu tumi a wonam so de gyee wo nkurɔfoɔ.
14 埃及人要将这事传给迦南地的居民;那民已经听见你—耶和华是在这百姓中间;因为你面对面被人看见,有你的云彩停在他们以上。你日间在云柱中,夜间在火柱中,在他们前面行。
Wɔaka saa asɛm yi akyerɛ wɔn a wɔte asase yi so a wɔnim, Awurade, sɛ wowɔ Israel afa, na wo ne wɔn kasa anim ne anim. Wɔhunu omununkum dum ne ogya sɛ ɛgyina yɛn atifi, na wɔnim sɛ wodi yɛn anim bɔ yɛn ho ban awia ne anadwo.
15 如今你若把这百姓杀了,如杀一人,那些听见你名声的列邦必议论说:
Na sɛ wokum wo nkurɔfoɔ nyinaa a, aman a wɔate wo din no bɛka sɛ,
16 ‘耶和华因为不能把这百姓领进他向他们起誓应许之地,所以在旷野把他们杀了。’
‘ɛsɛ sɛ Awurade kum wɔn, ɛfiri sɛ, wantumi anhwɛ wɔn so wɔ ɛserɛ so hɔ. Ɔnni ahoɔden a ɔnam so bɛtumi de wɔn aba asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.’
“Ao, mesrɛ wo, fa wo tumi kɛseɛ a ntoboaseɛ wɔ mu no so fa yɛn bɔne kyɛ yɛn, na dɔ yɛn yie. Ɛwom sɛ woaka sɛ,
18 ‘耶和华不轻易发怒,并有丰盛的慈爱,赦免罪孽和过犯;万不以有罪的为无罪,必追讨他的罪,自父及子,直到三、四代。’
‘Awurade bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso. Nanso ɔbɔnefoɔ remfa ne ho nni a wɔntwe nʼaso; nanso, fa yɛn bɔne kyɛ yɛn. Yɛnim sɛ wonam agyanom bɔne so twee wɔn mma a wɔwɔ awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nan mu no aso.’
19 求你照你的大慈爱赦免这百姓的罪孽,好像你从埃及到如今常赦免他们一样。”
Ao, mesrɛ wo, fa saa nnipa yi bɔne kyɛ wɔn, ɛfiri sɛ, wo dɔ enti, wode wɔn bɔne akyɛ wɔn firi Misraim abɛsi saa ɛberɛ yi.”
Awurade kaa sɛ, “Ɛyɛ, mede bɛkyɛ wɔn sɛdeɛ woabisa no.
21 然我指着我的永生起誓,遍地要被我的荣耀充满。
Nanso, sɛ mete ase yi, na Awurade animuonyam ahyɛ asase nyinaa ma yi,
22 这些人虽看见我的荣耀和我在埃及与旷野所行的神迹,仍然试探我这十次,不听从我的话,
saa nnipa yi mu biara rensi asase no so ɛda biara da. Wɔahunu mʼanimuonyam ne anwanwadeɛ a meyɛɛ wɔ Misraim ne ɛserɛ so no, nanso ɛberɛ biara wɔyɛ asoɔden de sɔ me hwɛ.
23 他们断不得看见我向他们的祖宗所起誓应许之地。凡藐视我的,一个也不得看见;
Wɔrenhunu asase a mede hyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Wɔn a wɔyɛɛ asoɔden kyerɛɛ me no mu biara rensi hɔ.
24 惟独我的仆人迦勒,因他另有一个心志,专一跟从我,我就把他领进他所去过的那地;他的后裔也必得那地为业。
Nanso, mʼakoa Kaleb yɛ onipa sononko. Wadi me nsɛm so pɛpɛɛpɛ. Mede no bɛkɔ asase a ɔkɔɔ so sɛ ɔkwansrafoɔ no, na nʼasefoɔ anya ɛhɔ mu kyɛfa.
25 亚玛力人和迦南人住在谷中,明天你们要转回,从红海的路往旷野去。”
Nanso, ɛsiane sɛ Israelfoɔ suro Amalekfoɔ na Kanaanfoɔ tete bɔnhwa mu no enti, ɔkyena, ɛsɛ sɛ mosane de mo ani kyerɛ Po Kɔkɔɔ no kɔ ɛserɛ so.”
Awurade bisaa Mose ne Aaron sɛ,
27 “这恶会众向我发怨言,我忍耐他们要到几时呢?以色列人向我所发的怨言,我都听见了。
“Da bɛn na saa nnipa bɔnefoɔ yi bɛgyae me ho nkɔmmɔdie? Na mate nsɛm a wɔka fa me ho nyinaa.
28 你们告诉他们,耶和华说:‘我指着我的永生起誓,我必要照你们达到我耳中的话待你们。
Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Awurade ka ntam sɛ ɔbɛyɛ deɛ mosuro.
29 你们的尸首必倒在这旷野,并且你们中间凡被数点、从二十岁以外、向我发怨言的,
Mo nyinaa mobɛwuwu wɔ ɛserɛ so ha: Ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu rekorɔ no a wɔadi me ho nkɔmmɔ no,
30 必不得进我起誓应许叫你们住的那地;惟有耶孚尼的儿子迦勒和嫩的儿子约书亚才能进去。
wɔn mu biara renkɔ Bɔhyɛ Asase no so. Wɔn a wɔbɛkɔ hɔ ara ne Yefune babarima Kaleb ne Nun babarima Yosua.
31 但你们的妇人孩子,就是你们所说、要被掳掠的,我必把他们领进去,他们就得知你们所厌弃的那地。
Moka sɛ mo mma bɛyɛ nnipa a wɔte asase no so no nkoa. Ɛyɛ, mede wɔn bɛkɔ asase no so dwoodwoo ama wɔakɔfa deɛ mose mompɛ no.
Na mo deɛ, mo amu na ɛbɛka ɛserɛ so ha.
33 你们的儿女必在旷野飘流四十年,担当你们淫行的罪,直到你们的尸首在旷野消灭。
Ɛsɛ sɛ mokyini ɛserɛ so ha sɛ atutenafoɔ mfeɛ aduanan. Saa ɛkwan yi so na mobɛfa atua mo gyidie a monni ho ka kɔsi sɛ onipa a ɔtwa toɔ no bɛwu atɔ ɛserɛ so ha.
34 按你们窥探那地的四十日,一年顶一日,你们要担当罪孽四十年,就知道我与你们疏远了,
Esiane sɛ akwansrafoɔ no tenaa asase no so adaduanan no enti, ɛsɛ sɛ mo nso mokyinkyini ɛserɛ no so mfeɛ aduanan a afe biara gyina hɔ ma ɛda koro a ɛyɛ mo bɔne so akatua. Sɛ meyɛ obi ɔtamfoɔ a mobɛhunu sɛdeɛ ɛteɛ.’
35 我—耶和华说过,我总要这样待这一切聚集敌我的恶会众;他们必在这旷野消灭,在这里死亡。’”
Me, Awurade, na makasa. Mo mu biara a wayɛ dɔm atia me no bɛwu wɔ ɛserɛ so ha.”
36 摩西所打发、窥探那地的人回来,报那地的恶信,叫全会众向摩西发怨言,
Akwansrafoɔ edu no a wɔbɔɔ nnipa no hu ma wɔyɛɛ dɔm tiaa Awurade no,
wɔkunkumm wɔn wɔ Awurade anim.
38 其中惟有嫩的儿子约书亚和耶孚尼的儿子迦勒仍然存活。
Akwansrafoɔ no nyinaa, Kaleb ne Yosua nko ara na wɔtenaa ase.
Mose kɔkaa nsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no no, wɔn nyinaa werɛ hoeɛ.
40 清早起来,上山顶去,说:“我们在这里,我们有罪了;情愿上耶和华所应许的地方去。”
Wɔsɔree anɔpahema sɛ wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so. Wɔkaa sɛ, “Yɛahunu sɛ yɛayɛ bɔne, nanso, yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ asase a Awurade hyɛɛ yɛn ho bɔ no so.”
41 摩西说:“你们为何违背耶和华的命令呢?这事不能顺利了。
Nanso, Mose kaa sɛ, “Aka akyi. Afei, morebu Awurade asɛm a ɔkaa sɛ monsane nkɔ ɛserɛ so no so.
42 不要上去;因为耶和华不在你们中间,恐怕你们被仇敌杀败了。
Monnkɔ sɛdeɛ moasusu no, anyɛ saa a, atamfoɔ no bɛdi mo so, ɛfiri sɛ, Awurade nni mo afa.
43 亚玛力人和迦南人都在你们面前,你们必倒在刀下;因你们退回不跟从耶和华,所以他必不与你们同在。”
Mo werɛ afiri sɛ Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ wɔ hɔ? Moapa Awurade enti ɔno nso bɛpa mo.”
44 他们却擅敢上山顶去,然而耶和华的约柜和摩西没有出营。
Nanso, wɔtoaa so foro kɔɔ bepɔ no so a ɛmfa wɔn ho sɛ Awurade adaka no ne Mose mu biara amfiri atenaeɛ hɔ.
45 于是亚玛力人和住在那山上的迦南人都下来击打他们,把他们杀退了,直到何珥玛。
Afei, Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ a wɔte bepɔ no so no siane baa fam bɛto hyɛɛ wɔn so boroo wɔn ara kɔsii Horma.