< 尼希米记 7 >
1 城墙修完,我安了门扇,守门的、歌唱的,和利未人都已派定。
Wɔwiee ɔfasuo no, na mesisii apono no wieeɛ no akyi, wɔyiyii apono no anohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ ne Lewifoɔ.
2 我就派我的弟兄哈拿尼和营楼的宰官哈拿尼雅管理耶路撒冷;因为哈拿尼雅是忠信的,又敬畏 神过于众人。
Meyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafoɔ a ɔsuro Onyame sene afoforɔ bebree.
3 我吩咐他们说:“等到太阳上升才可开耶路撒冷的城门;人尚看守的时候就要关门上闩;也当派耶路撒冷的居民各按班次看守自己房屋对面之处。”
Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adekyeeɛ mu, sɛ ahuhuro ba a, mommma apono no ano nna hɔ. Na sɛ aponoanohwɛfoɔ wɔ adwuma mu koraa a, montoto mu, na mommram no. Monyi wɔn a wɔtete Yerusalem no bi, na wɔnnwɛn a obiara ba ne ɛberɛ a wɔahyɛ ama no no pɛpɛɛpɛ. Ebi bɛwɛn wɔ awɛneeɛ hɔ, na ebi nso awɛn wɔ wɔn ankasa afie anim.”
Saa ɛberɛ no na kuropɔn no so, na emu da hɔ, nanso na nnipa no nnɔɔso. Afie kakra bi na na ɛsisi kuropɔn no mu.
5 我的 神感动我心,招聚贵胄、官长,和百姓,要照家谱计算。我找着第一次上来之人的家谱,其上写着:
Na me Onyankopɔn maa me adwene sɛ memfrɛ kuropɔn no mu ntuanofoɔ ne ɔmanfoɔ no nyinaa nhyia, na wɔntwerɛ wɔn din. Na mahunu nnipa a wɔdii ɛkan sane baa Yuda no abusuadua nwoma. Nsɛm a na wɔatwerɛ agu mu nie:
6 巴比伦王尼布甲尼撒从前掳去犹大省的人,现在他们的子孙从被掳到之地回耶路撒冷和犹大,各归本城。
Yeinom ne Yudafoɔ a wɔtwaa wɔn asuo kɔɔ amantam bi so, na wɔfirii nnommumfa mu sane baa Yerusalem ne Yuda nkuro afoforɔ so. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia.
7 他们是同着所罗巴伯、耶书亚、尼希米、亚撒利雅、拉米、拿哈玛尼、末底改、必珊、米斯毗列、比革瓦伊、尼宏、巴拿回来的。
Wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana. Israelfoɔ dodoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nie:
8 以色列人民的数目记在下面:巴录的子孙二千一百七十二名;
Abusuafoɔ dodoɔ nie: Paros 2,172
11 巴哈·摩押的后裔,就是耶书亚和约押的子孙二千八百一十八名;
Pahat-Moab (Yesua ne Yoab asefoɔ) 2,818
Mmarima a wɔfiri Betlehem ne Netofa 188
29 基列·耶琳人、基非拉人、比录人共七百四十三名;
Kiriat-Yearim, Kefira ne Beerot 743
Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ: Yedaia (Yesua fie mufoɔ) asefoɔ 973
43 利未人:何达威的后裔,就是耶书亚和甲篾的子孙七十四名。
Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ: Yesua (Kadmiel ne Hodewa fiefoɔ) asefoɔ 74
Nnwontofoɔ: Asaf asefoɔ 148
45 守门的:沙龙的子孙、亚特的子孙、达们的子孙、亚谷的子孙、哈底大的子孙、朔拜的子孙,共一百三十八名。
Asɔredan Aponoanohwɛfoɔ: Salum, Ater, Talmon asefoɔ, Akub, Hatita ne Sobai asefoɔ 138
46 尼提宁:西哈的子孙、哈苏巴的子孙、答巴俄的子孙、
Asɔredan mu asomfoɔ: Siha, Hasufa, Tabaot asefoɔ,
Keros, Siaha, Padon asefoɔ,
Lebana, Hagaba, Salmai asefoɔ,
Hanan, Gidel, Gahar asefoɔ,
Reaia, Resin, Nekoda asefoɔ,
Gasam, Usa, Paseah asefoɔ,
Besai, Meunim, Nefusim asefoɔ,
Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ,
Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ,
Barkos, Sisera, Tema asefoɔ,
57 所罗门仆人的后裔,就是琐太的子孙、琐斐列的子孙、比路大的子孙、
Ɔhene Salomo asefoɔ asomfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nie: Sotai, Soferet, Perida asefoɔ,
Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ,
59 示法提雅的子孙、哈替的子孙、玻黑列·哈斯巴音的子孙、亚们的子孙。
Sefatia, Hatil, Pokeret-Hasebaim ne Ami asefoɔ,
Asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asomfoɔ asefoɔ no nyinaa na wɔn dodoɔ yɛ 392
61 从特米拉、特哈萨、基绿、亚顿、音麦上来的,不能指明他们的宗族谱系是以色列人不是;
Ekuo foforɔ bi a saa ɛberɛ yi wɔfiri Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adon ne Imer sane baa Yerusalem, nanso, wɔantumi ankyerɛ mu yie sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ no ase firi Israel:
62 他们是第莱雅的子孙、多比雅的子孙、尼哥大的子孙,共六百四十二名。
Delaia, Tobia ne Nekoda asefoɔ no ka saa kuo yi ho, na wɔn dodoɔ yɛ 642
63 祭司中,哈巴雅的子孙、哈哥斯的子孙、巴西莱的子孙;因为他们的先祖娶了基列人巴西莱的女儿为妻,所以起名叫巴西莱。
Asɔfoɔ baasa a wɔn din de Habaia, Hakos ne Barsilai asefoɔ nso baa Yerusalem. (Na saa Barsilai yi aware Barsilai a ɔfiri Gilead mmammaa no baako ama wafa ɔbaa no abusua din.)
64 这三家的人在族谱之中寻查自己的谱系,却寻不着,因此算为不洁,不准供祭司的职任。
Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho ɛkwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ.
65 省长对他们说:“不可吃至圣的物,直到有用乌陵和土明决疑的祭司兴起来。”
Na amrado no mma ɛkwan mma wɔnnni afɔrebɔ nnuane mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho.
Enti nnipa a wɔsane baa Yuda no nyinaa dodoɔ yɛ,
67 此外,还有他们的仆婢七千三百三十七名,又有歌唱的男女二百四十五名。
a ɛno akyi, asomfoɔ a wɔyɛ mmaa ne mmarima a ɛmu yɛ nnwomtofoɔ.
Wɔde apɔnkɔ ahanson ne aduasa nsia mfunumpɔnkɔ ahanu ne aduanan enum.
Nyoma ahanan ne aduasa enum ne mfunumu mpem nsia ahanson ne aduonu.
70 有些族长为工程捐助。省长捐入库中的金子一千达利克,碗五十个,祭司的礼服五百三十件。
Abusua no bi ntuanofoɔ maa dwumadie no ho akyɛdeɛ. Amrado no too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ pranpran apem, sikakɔkɔɔ atam aduonum ne asɔfotadeɛ ahanum ne aduasa.
71 又有族长捐入工程库的金子二万达利克,银子二千二百弥拿。
Ntuanofoɔ no bi ka bɔɔ mu, too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ pranpran ɔpeduonu, na ebinom nso maa dwetɛ nsania kilogram mpem mmienu ahanu ne aduonu de boaa adwuma no.
72 其余百姓所捐的金子二万达利克,银子二千弥拿,祭司的礼服六十七件。
Nnipa a wɔaka no nso maa sikakɔkɔɔ pranpran ɔpeduonu ne dwetɛ bɛyɛ kilogram mpem ne ahanu ne asɔfotadeɛ aduosia nson.
73 于是祭司、利未人、守门的、歌唱的、民中的一些人、尼提宁,并以色列众人,各住在自己的城里。
Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, aponoanohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne nnipa no bi, ne Israelfoɔ a wɔaka nyinaa bɔɔ atenaseɛ wɔ wɔn ankasa nkuro so. Ɔbosome Tisri (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) mfimfini mu a Israelfoɔ akokɔ wɔn nkuro so no,