< 尼希米记 3 >
1 那时,大祭司以利亚实和他的弟兄众祭司起来建立羊门,分别为圣,安立门扇,又筑城墙到哈米亚楼,直到哈楠业楼,分别为圣。
Afei, ɔsɔfopanin Eliasib ne asɔfoɔ bi hyɛɛ aseɛ too ɔfasuo no firii Nnwan Ɛpono no. Wɔdwiraa ho, sisii nʼapono, de kɔsii Ɔha Abantenten ne Hananel Abantenten no.
2 其次是耶利哥人建造。其次是音利的儿子撒刻建造。
Nnipa a wɔfiri Yeriko kuropɔn no mu toaa wɔn so yɛɛ adwuma hɔ, na Imri babarima Sakur dii so.
3 哈西拿的子孙建立鱼门,架横梁、安门扇,和闩锁。
Hasenaa mmammarima na wɔsii Mpataa Ɛpono no. Wɔyɛɛ ho biribiara. Wɔtotoo mpunan no, sisii apono no, de nkyerewa ne nnaban hyehyɛɛ wɔn afa.
4 其次是哈哥斯的孙子、乌利亚的儿子米利末修造。其次是米示萨别的孙子、比利迦的儿子米书兰修造。其次是巴拿的儿子撒督修造。
Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakkos nana na ɔsiesiee ɔfasuo no fa a ɛdi hɔ no. Nʼaboafoɔ ne Berekia babarima Mesulam a ɔyɛ Mesesabel nana na afei Baana babarima Sadok.
5 其次是提哥亚人修造;但是他们的贵胄不用肩担他们主的工作。
Wɔn a wɔdi soɔ ne Tekoafoɔ, mmom wɔn mpanimfoɔ no ampene sɛ wɔbɛboa.
6 巴西亚的儿子耶何耶大与比所玳的儿子米书兰修造古门,架横梁,安门扇和闩锁。
Paseah babarima Yoiada ne Besodeia babarima Mesulam na wɔsiesiee Kuropɔn Dada Ɛpono no. Wɔtotoo mpunan no, sisii apono no de nkyerewa ne nnaban bobɔɔ mu.
7 其次是基遍人米拉提,米伦人雅顿与基遍人,并属河西总督所管的米斯巴人修造。
Wɔn a wɔdi wɔn so yɛ Melatia a ɔfiri Gibeon, Yadon a ɔfiri Meronot ne nnipa a wɔfiri Gibeon ne Mispa a ɛyɛ amrado a ɔwɔ Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam no atenaeɛ.
8 其次是银匠哈海雅的儿子乌薛修造。其次是做香的哈拿尼雅修造。这些人修坚耶路撒冷,直到宽墙。
Harhaia babarima Usiel a na ɔyɛ sikadwumfoɔ no na ɔdi so. Ɔno nso dii dwuma wɔ ɔfasuo no ho. Hanania a ɔyɛ aduhwamyɛfoɔ no na ɔdi so. Wɔgyaa Yerusalem fa bi a ɛkɔsi Ɔfasuo Tɛtrɛtɛ no.
9 其次是管理耶路撒冷一半、户珥的儿子利法雅修造。
Deɛ ɔdi soɔ yɛ Hur a na ɔda Yerusalem mansini fa bi ano no no, babarima Refaia.
10 其次是哈路抹的儿子耶大雅对着自己的房屋修造。其次是哈沙尼的儿子哈突修造。
Deɛ ɔdi hɔ yɛ Harumaf babarima Yedaia a ɔsiesiee ɔfasuo no fa bi a ɛbɛn ne fie, na deɛ ɔdi ne soɔ ne Hasabnia babarima Hatus.
11 哈琳的儿子玛基雅和巴哈·摩押的儿子哈述修造一段,并修造炉楼。
Deɛ ɔdi soɔ ne Harim babarima Malkia ne Pahat-Moab babarima Hasub. Wɔkɔsiesiee Afononoo Abantenten no de kaa ɔfasuo no fa bi ho.
12 其次是管理耶路撒冷那一半、哈罗黑的儿子沙龙和他的女儿们修造。
Halohes babarima Salum ne ne mmammaa na wɔsiesiee ɛfa a ɛdi hɔ no. Ɔno na na ɔtua Yerusalem mansini fa a aka ano.
13 哈嫩和撒挪亚的居民修造谷门,立门,安门扇和闩锁,又建筑城墙一千肘,直到粪厂门。
Sanoafoɔ a Hanun da wɔn ano no na wɔsiesiee Bɔnhwa Ɛpono no, sisii nʼapono, de nkyerewa bobɔɔ mu, bramm no. Afei, wɔsiesiee ɔfasuo no anammɔn apem ne ahanum de kɔsii Sumina Ɛpono no.
14 管理伯·哈基琳、利甲的儿子玛基雅修造粪厂门,立门,安门扇和闩锁。
Rekab babarima Malkia a na ɔda Bet-Hakerem mansini ano no na ɔsiesiee Sumina Ɛpono no. Ɔsiesie wieeɛ no, ɔsisii apono no, de nkyerewa hyehyɛɛ mu, bramm no.
15 管理米斯巴、各荷西的儿子沙 修造泉门,立门,盖门顶,安门扇和闩锁,又修造靠近王园西罗亚池的墙垣,直到那从大卫城下来的台阶。
Kol-Hose babarima Salum a na ɔtua Mispa mansini ano no na ɔsiesiee Asutire Ɛpono no. Ɔsiesiee, bɔɔ so, sisii nʼapono na ɔde nkyerewa bobɔɔ mu, bramm no. Afei, ɔsiesiee Siloam abura ho ɔfasuo a ɛbɛn ɔhene mfikyifuo no. Ɔsane too ɔfasuo no kɔsii ntwedeɛ a ɛsiane firi Dawid kuropɔn mu no.
16 其次是管理伯·夙一半、押卜的儿子尼希米修造,直到大卫坟地的对面,又到挖成的池子,并勇士的房屋。
Deɛ ɔtoa ne so yɛ Asbuk babarima Nehemia a na ɔtua Bet-Sur mansini fa ano no. Ɔtoo ɔfasuo no kɔsii baabi a na ɛne adehyeɛ amusieeɛ no di nhwɛanimu, kɔsi nsukoraeɛ no so ne Nnɔmmarima Fie.
17 其次是利未人巴尼的儿子利宏修造。其次是管理基伊拉一半、哈沙比雅为他所管的本境修造。
Wɔn a wɔtoa so yɛ Lewifoɔ ekuo a na wɔhyɛ Bani babarima Rehum ase yɛ adwuma no. Hasabia a, na ɔyɛ Keila mansini fa ntuanoni no na ɔsii nʼankasa mansini ananmu, hwɛɛ ɔfasuo no toɔ so.
18 其次是利未人弟兄中管理基伊拉那一半、希拿达的儿子巴瓦伊修造。
Wɔn a wɔdi so yɛ ɔno ara ne manfoɔ a na Henadad babarima Binui tua wɔn ano. Ɔno na na ɔtua Keila mansini fa no ano.
19 其次是管理米斯巴、耶书亚的儿子以谢修造一段,对着武库的上坡、城墙转弯之处。
Wɔn a wɔdi wɔn so yɛ Yesua babarima Eser a ɔtua Mispa ano no. Wɔsiesiee ɔfasuo no fa bi a ɛne akodeɛ akoradan fapem di nhwɛanimu no.
20 其次是萨拜的儿子巴录竭力修造一段,从城墙转弯,直到大祭司以利亚实的府门。
Onipa a ɔdi so ne Sabai babarima Baruk a ɔsiesiee fa bi firi fapem no, de kɔsii ɔsɔfopanin Eliasib fie ɛpono no ano.
21 其次是哈哥斯的孙子、乌利亚的儿子米利末修造一段,从以利亚实的府门,直到以利亚实府的尽头。
Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakos nana nso, siesiee ɔfasuo no fa bi firi baabi a, ɛne Eliasib efie ɛpono di nhwɛanimu no, de kɔsii efie no nkyɛn baabi.
Afei, asɔfoɔ a wɔfifiri amantam a atwa hɔ ahyia na wɔdi soɔ.
23 其次是便雅悯与哈述对着自己的房屋修造。其次是亚难尼的孙子、玛西雅的儿子亚撒利雅在靠近自己的房屋修造。
Wɔn akyi no, Benyamin ne Hasub ne Asaria a ɔyɛ Maaseia babarima a na ɔyɛ Anania nana nso siesiee ɔfasuo no afaafa a ɛbemmɛn wɔn ankasa afie.
24 其次是希拿达的儿子宾内修造一段,从亚撒利雅的房屋直到城墙转弯,又到城角。
Deɛ ɔdi hɔ yɛ Henadad babarima Binui a ɔsiesiee ɔfasuo no fa bi a, ɛfiri Asaria fie kɔsi fapem no ne ntweasoɔ hɔ.
25 乌赛的儿子巴拉修造对着城墙的转弯和王上宫凸出来的城楼,靠近护卫院的那一段。其次是巴录的儿子毗大雅修造。(
Usai babarima Palal toaa adwuma no so firii baabi a ɛne fapem no ne ntweasoɔ hɔ no di nhwɛanimu, ne abantenten no a ɛde ba atifi ahemfie a ɛbɛn awɛmfoɔ no adihɔ no. Deɛ ɔdi ne so yɛ Paros babarima Pedaia,
26 尼提宁住在俄斐勒,直到朝东水门的对面和凸出来的城楼。)
ne asɔredan mu asomfoɔ a na wɔte kokoɔ Ofel so. Wɔsiesiee ɔfasuo no kɔsii Nsuo Ɛpono no de kɔ apueeɛ fam ne abantenten a ɛyi ne ho adi no.
27 其次是提哥亚人又修一段,对着那凸出来的大楼,直到俄斐勒的墙。
Afei, Tekoafoɔ nso toaa so. Wɔbɛsiesiee ɛfa foforɔ bi a ɛne abantenten kɛseɛ a ɛyi ne ho adi no ntentenesoɔ kɔsi Ofel ɔfasuo no.
Asɔfoɔ no nso siesiee ɔfasuo no a ɛwɔ kokoɔ so na ɛtoa Apɔnkɔ Ɛpono no soɔ no. Obiara siesiee baabi a ɛne ne fie di nhwɛanim.
29 其次是音麦的儿子撒督对着自己的房屋修造。其次是守东门、示迦尼的儿子示玛雅修造。
Deɛ ɔdi hɔ yɛ Imer babarima Sadok, ɔno nso too ɔfasuo no fa a ɛtoa ne fie so. Deɛ ɔtoa so ne Sekania babarima Semaia a na ɔyɛ apueeɛ ɛpono ano hwɛfoɔ no.
30 其次是示利米雅的儿子哈拿尼雅和萨拉的第六子哈嫩又修一段。其次是比利迦的儿子米书兰对着自己的房屋修造。
Selemia babarima Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf babarima a ɔtɔ so nsia no siesiee ɔfasuo no fa bi, ɛna Berekia babarima Mesulam nso too ɔfasuo no fa a ɛtoa ne fie so.
31 其次是银匠玛基雅修造到尼提宁和商人的房屋,对着哈米弗甲门,直到城的角楼。
Malkia a ɔyɛ sikadwumfoɔ no mu baako siesiee ɔfasuo no, kɔsii Asɔredan mu asomfoɔ ne adwadifoɔ fie a Badwa Ɛpono no ne no di nhwɛanim. Afei ɔtoa so kɔsii abansoro a ɛwɔ ntweasoɔ hɔ no.
Sikadwumfoɔ a wɔaka no ne adwadifoɔ no siesiee ɔfasuo no firii saa ntweasoɔ hɔ de kɔsii Nnwan Ɛpono no ano.