< 尼希米记 2 >
1 亚达薛西王二十年尼散月,在王面前摆酒,我拿起酒来奉给王。我素来在王面前没有愁容。
Nisan bosome (bɛyɛ Oforisuo) wɔ Ɔhene Artasasta adedie afe a ɛtɔ so aduonu mu no, na merehyɛ ɔhene nsa. Ɛbɛsi saa ɛberɛ no, na menyɛɛ mʼanim bosaa wɔ ɔhene anim da.
2 王对我说:“你既没有病,为什么面带愁容呢?这不是别的,必是你心中愁烦。”于是我甚惧怕。
Enti, ɔhene no bisaa me sɛ, “Adɛn enti na wo werɛ aho saa? Woyare anaa? Wosɛ obi a ɔhaw kɛseɛ bi da ne so.” Ehu kɛseɛ tɔɔ me so,
3 我对王说:“愿王万岁!我列祖坟墓所在的那城荒凉,城门被火焚烧,我岂能面无愁容吗?”
nanso, mebuaa sɛ, “Ɔhene nkwa so! Adɛn enti na ɛnsɛ sɛ me werɛ hoɔ? Kuropɔn a wɔsiee me mpanimfoɔ wɔ mu no abubu, na wɔahye nʼapono no nyinaa.”
4 王问我说:“你要求什么?”于是我默祷天上的 神。
Ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛkwan bɛn so na mɛtumi aboa wo?” Na mebɔɔ ɔsoro Onyankopɔn mpaeɛ,
5 我对王说:“仆人若在王眼前蒙恩,王若喜欢,求王差遣我往犹大,到我列祖坟墓所在的那城去,我好重新建造。”
buaa sɛ, “Sɛ ɛsɔ Ɔhene Kɛseɛ ani, na sɛ me, wo ɔsomfoɔ, mesɔ wʼani a, ɛnneɛ ma menkɔ Yuda nkɔsiesie kuropɔn a wɔasie mʼagyanom wɔ mu no.”
6 那时王后坐在王的旁边。王问我说:“你去要多少日子?几时回来?”我就定了日期。于是王喜欢差遣我去。
Ɛberɛ a ɔhemmaa te Ɔhene nkyɛn no, Ɔhene no bisaa sɛ, “Wokɔ a, wobɛdi nna ahe? Da bɛn na wobɛsane aba?” Ɔhene penee so, na mekyerɛɛ da a mɛsim.
7 我又对王说:“王若喜欢,求王赐我诏书,通知大河西的省长准我经过,直到犹大;
Afei, meka kyerɛɛ ɔhene sɛ, “Ɔhene Kɛseɛ sɛ ɛsɔ wʼani a, ma me nkrataa nkɔma amradofoɔ a wɔwɔ mantam a ɛda Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam no, na wɔmma me kwan mfa wɔn mantam mu nkɔ Yuda.
8 又赐诏书,通知管理王园林的亚萨,使他给我木料,做属殿营楼之门的横梁和城墙,与我自己房屋使用的。”王就允准我,因我 神施恩的手帮助我。
Na mesrɛ sɛ, ma me krataa nkɔma Asaf a ɔhwɛ ɔhene kwaeɛ so na ɔmma me nnua. Mede bɛyɛ mpunan ama Asɔredan no aban ano apono, kuropɔn no afasuo ne mʼankasa me fie.” Na ɔhene no penee saa abisadeɛ yi nyinaa so, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa no wɔ me so.
9 王派了军长和马兵护送我。我到了河西的省长那里,将王的诏书交给他们。
Meduruu amradofoɔ a wɔwɔ Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam nkyɛn no, mede ɔhene nkrataa no maa wɔn. Deɛ ɛka ho ne sɛ, ɔhene maa asraafoɔ ne apɔnkɔsotefoɔ kaa me ho bɔɔ me ho ban.
10 和伦人参巴拉,并为奴的亚扪人多比雅,听见有人来为以色列人求好处,就甚恼怒。
Nanso, Haronini Sanbalat ne Amonni Tobia a wɔyɛ mpanimfoɔ tee sɛ mabɛduru no, wɔn bo fuu yie sɛ obi aba hɔ a ɔpɛ sɛ ɔboa Israel.
Meduruu Yerusalem nnansa akyi no,
12 我夜间起来,有几个人也一同起来;但 神使我心里要为耶路撒冷做什么事,我并没有告诉人。除了我骑的牲口以外,也没有别的牲口在我那里。
mefaa nnipa kakra bi kaa me ho, firii hɔ anadwo no. Manka nhyehyɛeɛ a Onyankopɔn de ahyɛ mʼakoma mu wɔ Yerusalem ho no ankyerɛ obiara. Yɛamfa mmoa biara anka yɛn ho sɛ afunumu a mete ne soɔ no nko.
13 当夜我出了谷门,往野狗井去,到了粪厂门,察看耶路撒冷的城墙,见城墙拆毁,城门被火焚烧。
Mefaa Bɔnhwa Ɛpono no ano, twaa Ɔtweaseɛ Abura no ho kɔsii Sumina Ɛpono no ano, kɔhwɛɛ afasuo ne apono a ahyeɛ no.
14 我又往前,到了泉门和王池,但所骑的牲口没有地方过去。
Afei, mefaa Asutire Ɛpono no ho kɔsii Ɔhene Abura no ho, nanso na mʼafunumu no ntumi mfa mmubuiɛ no mu.
15 于是夜间沿溪而上,察看城墙,又转身进入谷门,就回来了。
Enti, mefaa Kidron Bɔnhwa no ho mmom, kɔhwɛɛ ɔfasuo no ansa na meresane mʼakyi abɛfa Bɔnhwa Ɛpono no mu bio.
16 我往哪里去,我做什么事,官长都不知道。我还没有告诉犹大平民、祭司、贵胄、官长,和其余做工的人。
Na kuropɔn no mu mpanimfoɔ nnim sɛ makɔ hɔ, na wɔnnim deɛ mereyɛ nso, ɛfiri sɛ, na menkaa asɛm biara a ɛfa mʼadwene a mayɛ ho nkyerɛɛ obiara. Na me ne asɔre mpanimfoɔ, amanyɛ ntuanofoɔ, adwumayɛfoɔ anaa mmapɔmma no mu biara nkasaeɛ.
17 以后,我对他们说:“我们所遭的难,耶路撒冷怎样荒凉,城门被火焚烧,你们都看见了。来吧,我们重建耶路撒冷的城墙,免得再受凌辱!”
Na afei, meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monim amaneɛ a ato yɛn kuropɔn yi yie. Abubu na nʼapono nso ahye. Momma yɛnto Yerusalem ɔfasuo no bio mfa mpepa animguaseɛ a ato yɛn yi!”
18 我告诉他们我 神施恩的手怎样帮助我,并王对我所说的话。他们就说:“我们起来建造吧!”于是他们奋勇做这善工。
Afei, mekaa sɛdeɛ Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa aba me so no ne me nkɔmmɔ a me ne ɔhene diiɛ no kyerɛɛ wɔn. Wɔbuaa prɛko pɛ sɛ, “Ɛyɛ asɛm pa: Momma yɛnto ɔfasuo no bio!” Enti wɔhyɛɛ adwuma pa yi ase.
19 但和伦人参巴拉,并为奴的亚扪人多比雅和阿拉伯人基善听见就嗤笑我们,藐视我们,说:“你们做什么呢?要背叛王吗?”
Ɛberɛ a Sanbalat, Tobia ne Arabni Gesem tee yɛn nhyehyɛeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛ, na wɔbuu animtia kaa sɛ, “Ɛdeɛn na moreyɛ yi, na morete ɔhene anim atua sei?”
20 我回答他们说:“天上的 神必使我们亨通。我们作他仆人的,要起来建造;你们却在耶路撒冷无分、无权、无纪念。”
Na mebuaa sɛ, “Ɔsoro Onyankopɔn bɛboa yɛn, ama yɛadi nkonim. Yɛn a yɛyɛ nʼasomfoɔ bɛhyɛ aseɛ ato ɔfasuo yi bio. Nanso, mo deɛ monni kyɛfa biara wɔ Yerusalem.”