< 弥迦书 1 >

1 当犹大王约坦、亚哈斯、希西家在位的时候,摩利沙人弥迦得耶和华的默示,论撒马利亚和耶路撒冷。
Awurade de saa nsɛm yi brɛɛ Moresetni Mika ɛberɛ a na Yotam, Ahas ne Hesekia di adeɛ wɔ Yuda no. Anisoadehunu a ɔhunuiɛ fa Samaria ne Yerusalem ho.
2 万民哪,你们都要听! 地和其上所有的,也都要侧耳而听! 主耶和华从他的圣殿 要见证你们的不是。
Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa, montie, asase ne mo a mote so nyinaa. Otumfoɔ Awurade redi adanseɛ atia mo, ɔkasa firi nʼasɔredan kronkron no mu.
3 看哪,耶和华出了他的居所, 降临步行地的高处。
Monhwɛ! Awurade firi nʼatenaeɛ reba; ɔresiane na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so.
4 众山在他以下必消化, 诸谷必崩裂, 如蜡化在火中, 如水冲下山坡。
Mmepɔ nane wɔ nʼase, mmɔnhwa mu paepae te sɛ ama a aka ogya, te sɛ nsuo a ɛsiane ɔherɛ so firi kokoɔ so.
5 这都因雅各的罪过, 以色列家的罪恶。 雅各的罪过在哪里呢? 岂不是在撒马利亚吗? 犹大的邱坛在哪里呢? 岂不是在耶路撒冷吗?
Yei nyinaa yɛ Yakob nnebɔne, ne bɔne ahodoɔ a ɛwɔ Israel efie enti. Yakob nnebɔne ne sɛn? Ɛnyɛ Samaria anaa? Na ɛhe ne Yuda sorɔnsorɔmmea? Ɛnyɛ Yerusalem anaa?
6 所以我必使撒马利亚变为田野的乱堆, 又作为种葡萄之处; 也必将她的石头倒在谷中, 露出根基来。
“Enti mɛyɛ Samaria kuro no mmubuiɛ sie, baabi a wɔbɛyɛ bobe turo. Mehwie nʼaboɔ agu bɔnhwa mu ama ne fapem ho ada hɔ.
7 她一切雕刻的偶像必被打碎; 她所得的财物必被火烧; 所有的偶像我必毁灭; 因为是从妓女雇价所聚来的, 后必归为妓女的雇价。
Wɔbɛbubu nʼahoni nyinaa mu asinasini; wɔde ogya bɛhyɛ nʼasɔredan mu ayɛyɛdeɛ nyinaa. Mɛsɛe ne nsɛsodeɛ nyinaa. Esiane sɛ nʼakyɛdeɛ a waboa ano no nyinaa ɔnya firii adwamanfoɔ akatua mu no enti wɔde bɛma adwamanfoɔ.”
8 先知说:因此我必大声哀号, 赤脚露体而行; 又要呼号如野狗, 哀鸣如鸵鸟。
Yeinom enti mɛsu atwa agyaadwoɔ; mede adagya bɛnante na mennhyɛ mpaboa. Mɛpɔ so sɛ odompo na masu sɛ ɔpatuo.
9 因为撒马利亚的伤痕无法医治, 延及犹大和耶路撒冷我民的城门。
Nʼapirakuro no wuo ayɛ den; abɛduru Yuda. Abɛduru me nkurɔfoɔ ɛpono ano mpo aduru Yerusalem ankasa.
10 不要在迦特报告这事, 总不要哭泣; 我在伯·亚弗拉滚于灰尘之中。
Monnka no wɔ Gat monnsu koraa Mo a mowɔ Bet-Leafra deɛ monyantam mfuturo mu.
11 沙斐的居民哪,你们要赤身蒙羞过去。 撒南的居民不敢出来。 伯·以薛人的哀哭使你们无处可站。
Monsene nkɔ adagya ne aniwuo mu, mo a mote Safir. Wɔn a wɔte Saanan ntumi mpue Bet-Esel wɔ awerɛhoɔ mu; ɛfiri sɛ, wo hɔ na ɔnya ne banbɔ.
12 玛律的居民心甚忧急,切望得好处, 因为灾祸从耶和华那里临到耶路撒冷的城门。
Wɔn a wɔte Marot de ɔyea nukanuka wɔ mu de twɛn mmoa, ɛfiri sɛ amanehunu a ɛfiri Awurade hɔ aba abɛduru Yerusalem ɛpono ano.
13 拉吉的居民哪,要用快马套车; 锡安民的罪由你而起; 以色列人的罪过在你那里显出。
Mo a mote Lakis, monsiesie nteaseɛnam no. Mo ne bɔne farebae ma Ɔbabaa Sion, na modii Israel anim kɔɔ bɔne mu.
14 犹大啊,你要将礼物送给摩利设·迦特。 亚革悉的众族必用诡诈待以色列诸王。
Enti mode ntetemu akyɛdeɛ bɛma Moreset-Gat, Aksib kuro bɛdaadaa Israel ahemfo.
15 玛利沙的居民哪, 我必使那夺取你的来到你这里; 以色列的尊贵人必到亚杜兰。
Mede nkonimdifoɔ bɛtoa mo mo a mote Maresa. Deɛ ɔyɛ Israel onimuonyamfoɔ no bɛba Adulam.
16 犹大啊,要为你所喜爱的儿女剪除你的头发, 使头光秃,要大大地光秃,如同秃鹰, 因为他们都被掳去离开你。
Monyi mo tirinwi mfa nni awerɛhoɔ, wɔ mma a mo ani gye wɔn ho no ho; mommɔ tikwa te sɛ ɔpete, ɛfiri sɛ, wɔbɛfa wɔn afiri mo nkyɛn akɔ nnommumfa mu.

< 弥迦书 1 >