< 路加福音 1 >

1 提阿非罗大人哪,有好些人提笔作书,述说在我们中间所成就的事,是照传道的人从起初亲眼看见又传给我们的。
Adamfo pa Teofilo, nnipa pii abɔ mmɔden atwerɛ Yesu ho nsɛm a akɔ so wɔ yɛn mu no.
2
Wɔtwerɛɛ sɛdeɛ nnipa a wɔhunuu saa nneɛma yi firi ahyɛaseɛ no daa no adi kyerɛɛ wɔn.
3 这些事我既从起头都详细考察了,就定意要按着次序写给你,
Nanso, menyaa adwene bi sɛ, sɛ mehwehwɛ deɛ wɔatwerɛ no nyinaa mu yie na metwerɛ brɛ wo a, ɛyɛ.
4 使你知道所学之道都是确实的。
Yei bɛboa wo ma woahunu nokorɛ a ɛwɔ deɛ woasua no nyinaa mu.
5 当犹太王希律的时候,亚比雅班里有一个祭司,名叫撒迦利亚;他妻子是亚伦的后人,名叫伊利莎白。
Mede mʼasɛm no bɛfiri Yudafoɔ ɔsɔfoɔ Sakaria a ɔtenaa ase Yudeahene Herode berɛ so a na ɔfiri Abia asɔfokuo mu no so. Sakaria yere Elisabet nso, na ɔyɛ Aaron aseni.
6 他们二人在 神面前都是义人,遵行主的一切诫命礼仪,没有可指摘的,
Na Sakaria ne ne yere Elisabet som Onyankopɔn nokorɛm a wɔn ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim.
7 只是没有孩子;因为伊利莎白不生育,两个人又年纪老迈了。
Na wɔnni ba, ɛfiri sɛ, na Elisabet yɛ obonini. Na wɔn baanu nyinaa nso anyinyini.
8 撒迦利亚按班次在 神面前供祭司的职分,
Ɛda bi a ɛduruu Sakaria asɔfokuo so sɛ wɔyɛ asɔredan mu adwuma no,
9 照祭司的规矩掣签,得进主殿烧香。
wɔtoo aba yii no sɛ, ɔnkɔhye aduhwam wɔ ɔhyeɛ afɔrebukyia no so.
10 烧香的时候,众百姓在外面祷告。
Saa ɛberɛ yi ara nso na asafo no rebɔ mpaeɛ wɔ adihɔ hɔ sɛdeɛ wɔtaa yɛ no.
11 有主的使者站在香坛的右边,向他显现。
Sakaria gu so rehye aduhwam no, prɛko pɛ, Awurade ɔbɔfoɔ bɛgyinaa afɔrebukyia no nkyɛn mu wɔ nifa so.
12 撒迦利亚看见,就惊慌害怕。
Sakaria hunuu no no, ɔbɔɔ birim na ne ho popoeɛ.
13 天使对他说:“撒迦利亚,不要害怕,因为你的祈祷已经被听见了。你的妻子伊利莎白要给你生一个儿子,你要给他起名叫约翰。
Nanso, ɔsoro ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakaria, nsuro, Awurade Onyankopɔn ate wo mpaeɛbɔ. Wo yere Elisabet bɛwo babarima na ɛsɛ sɛ woto ne din Yohane.
14 你必欢喜快乐;有许多人因他出世,也必喜乐。
Nʼawoɔ bɛma wʼani agye na wo ho asɛpɛ wo. Saa ara na ɛbɛma nnipa bebree nso ani agye.
15 他在主面前将要为大,淡酒浓酒都不喝,从母腹里就被圣灵充满了。
Ɔbɛyɛ kɛse Awurade anim. Ɔrennom nsã biara da, na Honhom Kronkron bɛyɛ no ma afiri ne maame yam.
16 他要使许多以色列人回转,归于主—他们的 神。
Israelfoɔ pii nam nʼasɛnka so bɛnya adwensakyera asane aba Awurade, wɔn Onyankopɔn, nkyɛn.
17 他必有以利亚的心志能力,行在主的前面,叫为父的心转向儿女,叫悖逆的人转从义人的智慧,又为主预备合用的百姓。”
Ɔbɛnya Odiyifoɔ Elia honhom ahoɔden no bi, na ɔbɛdi Agyenkwa no ba no anim abɛsiesie nnipa ama ne ba a ɔbɛba no. Nʼasɛnka bɛma nteaseɛ aba agyanom ne wɔn mma ntam. Na ɔbɛdane Awurade asɛm no ho asoɔdenfoɔ adwene akɔ Awurade pɛ ho.”
18 撒迦利亚对天使说:“我凭着什么可知道这事呢?我已经老了,我的妻子也年纪老迈了。”
Sakaria buaa ɔbɔfoɔ no sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yei aba mu? Mabɔ akɔkoraa na me yere nso abɔ aberewa.”
19 天使回答说:“我是站在 神面前的加百列,奉差而来对你说话,将这好信息报给你。
Ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Mene Gabriel a megyina Onyankopɔn anim daa no. Ɔno na ɔsomaa me sɛ memmɛka asɛmpa yi nkyerɛ wo.
20 到了时候,这话必然应验;只因你不信,你必哑巴,不能说话,直到这事成就的日子。”
Esiane sɛ woagye akyinnyeɛ enti, wobɛtɔ mumu kɔsi sɛ wɔbɛwo abɔfra no. Na deɛ maka akyerɛ wo yi nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ wɔ ne berɛ a ɛsɛ mu.”
21 百姓等候撒迦利亚,诧异他许久在殿里。
Saa ɛberɛ yi nyinaa na asafo mma no retwɛn Sakaria sɛ ɔbɛba. Na ɛyɛ wɔn nwanwa sɛ wakyɛ saa.
22 及至他出来,不能和他们说话,他们就知道他在殿里见了异象;因为他直向他们打手式,竟成了哑巴。
Ɛberɛ a ɔbaeɛ no, wantumi ankasa ankyerɛ asafo mma no. Wɔhunu firii ne nneyɛeɛ mu sɛ wahunu nʼani so adeɛ wɔ asɔredan mu hɔ.
23 他供职的日子已满,就回家去了。
Ɔwiee nʼasɔfodwuma wɔ asɔredan mu hɔ no, ɔkɔɔ efie.
24 这些日子以后,他的妻子伊利莎白怀了孕,就隐藏了五个月,
Nna bi akyi no, ne yere Elisabet nyinsɛnee na ɔde ne ho siee abosome enum.
25 说:“主在眷顾我的日子,这样看待我,要把我在人间的羞耻除掉。”
Ɔde anigyeɛ kaa sɛ, “Awurade ayɛ me adɔeɛ. Wayi animguaseɛ a ɛkaa me wɔ nnipa anim no afiri me so.”
26 到了第六个月,天使加百列奉 神的差遣往加利利的一座城去(这城名叫拿撒勒),
Elisabet nyinsɛnee abosome nsia no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfoɔ Gabriel kɔɔ Galilea akuraa bi a wɔfrɛ no Nasaret no ase
27 到一个童女那里,是已经许配大卫家的一个人,名叫约瑟。童女的名字叫马利亚;
sɛ, ɔnkɔ ɔbaa kronkron bi a wɔfrɛ no Maria a na wɔde no ama Yosef a ɔfiri Ɔhene Dawid abusua mu no awadeɛ no nkyɛn.
28 天使进去,对她说:“蒙大恩的女子,我问你安,主和你同在了!”
Gabriel hunuu no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Asomdwoeɛ nka wo! Awurade ka wo ho, wo a Awurade adom wo.”
29 马利亚因这话就很惊慌,又反复思想这样问安是什么意思。
Ɔbɔfoɔ no asɛm no maa Maria adwenem yɛɛ no nnaa ma ɔbisaa ne ho sɛ, “Na saa nkyea yi, ase ne sɛn?”
30 天使对她说:“马利亚,不要怕!你在 神面前已经蒙恩了。
Ɔbɔfoɔ no sane ka kyerɛɛ Maria bio sɛ, “Maria, nsuro, ɛfiri sɛ, Awurade adom wo.
31 你要怀孕生子,可以给他起名叫耶稣。
Tie! Ɛrenkyɛre biara wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima na woato ne din Yesu.
32 他要为大,称为至高者的儿子;主 神要把他祖大卫的位给他。
Ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ, na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoro Onyankopɔn Ba. Na Awurade de ne nana Dawid ahennwa no bɛma no.
33 他要作雅各家的王,直到永远;他的国也没有穷尽。” (aiōn g165)
Na ɔbɛdi Yakob efie so ɔhene daa; na nʼahennie to rentwa da.” (aiōn g165)
34 马利亚对天使说:“我没有出嫁,怎么有这事呢?”
Maria bisaa ɔbɔfoɔ no sɛ, “Na ɛbɛyɛ dɛn na mawo wɔ ɛberɛ a ɔbarima nhunuu me da?”
35 天使回答说:“圣灵要临到你身上,至高者的能力要荫庇你,因此所要生的圣者必称为 神的儿子。
Ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Honhom Kronkron bɛba wo so na Ɔsorosoro Onyankopɔn tumi abɛkata wo so, yei enti abɔfra a wobɛwo no no bɛyɛ kronkron na wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn Ba.
36 况且你的亲戚伊利莎白,在年老的时候也怀了男胎,就是那素来称为不生育的,现在有孕六个月了。
Ɛbɛyɛ abosome nsia ni a wo busuani Elisabet mpo a ɔyɛ obonini anyinsɛn ɔbabarima wɔ ne mmerewaberɛ mu.
37 因为,出于 神的话,没有一句不带能力的。”
Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn deɛ, biribiara nso no yɛ.”
38 马利亚说:“我是主的使女,情愿照你的话成就在我身上。”天使就离开她去了。
Maria kaa sɛ, “Me deɛ, meyɛ Awurade afenaa. Deɛ Awurade pɛ na ɛnyɛ.” Ɛno akyi, ɔbɔfoɔ no gyaa no hɔ kɔeɛ.
39 那时候,马利亚起身,急忙往山地里去,来到犹大的一座城;
Nna kakra bi akyi no, Maria kɔɔ Yudea mmepɔ so kuro bi mu.
40 进了撒迦利亚的家,问伊利莎白安。
Saa kuro no mu na Sakaria te. Ɔduruu kuro no mu hɔ no, ɔkɔɔ Sakaria efie kɔsraa Elisabet. Ɔkyeaa no.
41 伊利莎白一听马利亚问安,所怀的胎就在腹里跳动。伊利莎白且被圣灵充满,
Elisabet tee Maria nkyea no, ɔba a ɔda ne yam no kekaa ne ho; amonom hɔ ara, Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma.
42 高声喊着说:“你在妇女中是有福的!你所怀的胎也是有福的!
Elisabet de ahosɛpɛ teaam sɛ, “Maria, wɔahyira wo sene mmaa nyinaa, na wo ba a wobɛwo no no bɛyɛ onipa kɛseɛ.
43 我主的母到我这里来,这是从哪里得的呢?
Animuonyam bɛn na ɛsene yei. Me sɛɛ ne hwan a anka mʼAwurade na bɛba abɛsra me?
44 因为你问安的声音一入我耳,我腹里的胎就欢喜跳动。
Wokyeaa me pɛ, na abɔfra no de anigyeɛ kekaa ne ho.
45 这相信的女子是有福的!因为主对她所说的话都要应验。”
Nhyira nka wo sɛ wogye dii sɛ, deɛ Onyankopɔn aka no, ɔbɛyɛ; ɛno enti na wɔadom wo yi.”
46 马利亚说: 我心尊主为大;
Maria kaa sɛ, “Me ɔkra kamfo Awurade.
47 我灵以 神我的救主为乐;
Na me honhom ani gye mʼagyenkwa Onyankopɔn mu;
48 因为他顾念他使女的卑微; 从今以后, 万代要称我有福。
ɛfiri sɛ, wahunu nʼafenawa mmɔborɔni mmɔbɔ, na ɛfiri ɛnnɛ, awontoatoasoɔ nyinaa bɛfrɛ me deɛ Onyankopɔn ahyira no.
49 那有权能的,为我成就了大事; 他的名为圣。
Ɛfiri sɛ, Ɔkronkronni Otumfoɔ no ayɛ ade kɛseɛ ama me;
50 他怜悯敬畏他的人, 直到世世代代。
nʼahummɔborɔ firi awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ ma wɔn a wɔsuro no na wɔdi no ni no nyinaa.
51 他用膀臂施展大能; 那狂傲的人正心里妄想就被他赶散了。
Ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no abɔ ahomasofoɔ ne ahantanfoɔ ne wɔn nsusuiɛ apete.
52 他叫有权柄的失位, 叫卑贱的升高;
Watu aberempɔn adeɛ so ama ahobrɛasefoɔ so.
53 叫饥饿的得饱美食, 叫富足的空手回去。
Wama wɔn a ahia wɔn no nnepa na wagya ahonyafoɔ kwan nsapan.
54 他扶助了他的仆人以色列,
Waboa nʼakoa Israel na ne werɛ amfiri ne mmɔborɔhunu ne ne bɔ
55 为要记念亚伯拉罕和他的后裔, 施怜悯直到永远, 正如从前对我们列祖所说的话。 (aiōn g165)
a ɔhyɛɛ yɛn agya Abraham ne nʼasefoɔ no da.” (aiōn g165)
56 马利亚和伊利莎白同住,约有三个月,就回家去了。
Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ abosome mmiɛnsa ansa na ɔresane akɔ ne kurom.
57 伊利莎白的产期到了,就生了一个儿子。
Elisabet awoɔ duruu so no, ɔwoo ɔbabarima.
58 邻里亲族听见主向她大施怜悯,就和她一同欢乐。
Nʼafipamfoɔ ne nʼabusuafoɔ tee adɔeɛ a Awurade ayɛ no no, wɔne no nyinaa de anigyeɛ dii ahurisie.
59 到了第八日,他们来要给孩子行割礼,并要照他父亲的名字叫他撒迦利亚。
Ɛduruu nnawɔtwe no, abusuafoɔ ne adɔfoɔ bɛhyiaa sɛ wɔrebɛtwa abɔfra no twetia na wɔato ne din. Wɔpɛɛ sɛ wɔde abɔfra no to nʼagya Sakaria.
60 他母亲说:“不可!要叫他约翰。”
Nanso, ne maame kaa sɛ, “Dabi! Ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no Yohane.”
61 他们说:“你亲族中没有叫这名字的。”
Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Obiara nni abusua yi mu a wɔfrɛ no saa.”
62 他们就向他父亲打手式,问他要叫这孩子什么名字。
Yei maa wɔde wɔn nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ bisaa nʼagya din a wɔmfa nto abɔfra no.
63 他要了一块写字的板,就写上,说:“他的名字是约翰。”他们便都希奇。
Sakaria maa wɔde krataa brɛɛ no na ɔtwerɛɛ so sɛ, “Ne din de Yohane.” Yei yɛɛ wɔn nyinaa nwanwa.
64 撒迦利亚的口立时开了,舌头也舒展了,就说出话来,称颂 神。
Amonom hɔ ara, Sakaria tumi kasaa bio, na ɔhyɛɛ aseɛ yii Onyankopɔn ayɛ.
65 周围居住的人都惧怕;这一切的事就传遍了犹太的山地。
Wɔn a wɔteeɛ nyinaa ho dwirii wɔn, na saa asɛm yi trɛ faa Yudea mmepɔ so hɔ nyinaa.
66 凡听见的人都将这事放在心里,说:“这个孩子将来怎么样呢?因为有主与他同在。”
Obiara a ɔtee saa nsɛm yi bisaa ne ho sɛ, “Ɛdeɛn na abɔfra yi bɛnyini ayɛ daakye? Ɛda adi pefee sɛ Awurade nsa wɔ ne so.”
67 他父亲撒迦利亚被圣灵充满了,就预言说:
Honhom hyɛɛ nʼagya Sakaria ma ma ɔhyɛɛ nkɔm sɛ,
68 主—以色列的 神是应当称颂的! 因他眷顾他的百姓,为他们施行救赎,
“Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn, sɛ waba abɛgye ne manfoɔ.
69 在他仆人大卫家中, 为我们兴起了拯救的角,
Ɔde Agyenkwa Otumfoɔ a ɔyɛ ne ɔsomfoɔ Dawid aseni rebrɛ yɛn,
70 正如主借着从创世以来圣先知的口所说的话, (aiōn g165)
sɛdeɛ ɔnam nʼadiyifoɔ kronkron so firi teteete hyɛɛ bɔ (aiōn g165)
71 拯救我们脱离仇敌 和一切恨我们之人的手,
sɛ, ɔbɛma yɛn Agyenkwa a ɔbɛgye yɛn afiri yɛn atamfoɔ ne wɔn a wɔkyiri yɛn no nsam no.
72 向我们列祖施怜悯, 记念他的圣约—
Na wama bɔ a ɔhyɛɛ yɛn agyanom wɔ nʼahummɔborɔ ho no aba mu na wakae nʼapam kronkron no,
73 就是他对我们祖宗亚伯拉罕所起的誓—
na wakae nʼapam kronkron a ɔne Abraham pameeɛ no;
74 叫我们既从仇敌手中被救出来,
sɛ ɔbɛgye yɛn afiri yɛn atamfoɔ nsam no, na yɛasom no a osuro biara nni mu.
75 就可以终身在他面前, 坦然无惧地用圣洁、公义事奉他。
Na yɛn nkwa nna nyinaa mu, yɛayɛ kronkron ne ateneneefoɔ wɔ nʼanim.
76 孩子啊!你要称为至高者的先知; 因为你要行在主的前面, 预备他的道路,
“Na wo, akɔkoaa yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no Odiyifoɔ, ɛfiri sɛ, wo na wobɛsiesie ɛkwan ama Agyenkwa no,
77 叫他的百姓因罪得赦, 就知道救恩。
na wobɛkyerɛ ne manfoɔ kwan a wɔnam bɔnefakyɛ so nya nkwa a ɛnni awieeɛ;
78 因我们 神怜悯的心肠, 叫清晨的日光从高天临到我们,
na yeinom nyinaa bɛba mu ɛfiri sɛ, Onyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no,
79 要照亮坐在黑暗中死荫里的人, 把我们的脚引到平安的路上。
na ɛbɛma hann a ɛfiri ɔsoro abɛpue yɛn so ahyerɛn wɔn a wɔte sum ne owuo sum mu no so, na akyerɛ yɛn ɛkwan akɔ asomdwoeɛ mu.”
80 那孩子渐渐长大,心灵强健,住在旷野,直到他显明在以色列人面前的日子。
Abɔfra no nyinii na honhom hyɛɛ no ma; ɔtenaa ɛserɛ so kɔsii ɛberɛ a ɔfirii nʼasɛnka adwuma ase.

< 路加福音 1 >