< 约伯记 8 >

1 书亚人比勒达回答说:
Ɛnna Suhini Bildad buaa sɛ:
2 这些话你要说到几时? 口中的言语如狂风要到几时呢?
“Wobɛkɔ so aka saa nsɛm yi akɔsi da bɛn? Wo nsɛm yɛ mframa huhuo.
3 神岂能偏离公平? 全能者岂能偏离公义?
Onyankopɔn kyea atɛntenenee anaa? Otumfoɔ kyea deɛ ɛtene anaa?
4 或者你的儿女得罪了他; 他使他们受报应。
Ɛberɛ a wo mma yɛɛ bɔne tiaa noɔ no, ɔgyaa wɔn maa wɔn bɔne so akatua.
5 你若殷勤地寻求 神, 向全能者恳求;
Nanso sɛ wode wʼani bɛto Onyankopɔn so na woabɔ Otumfoɔ no mpaeɛ,
6 你若清洁正直, 他必定为你起来, 使你公义的居所兴旺。
sɛ woyɛ kronn, na wotene a, wo enti, ɔbɛma ne ho so seesei na wama wo asi wo dada mu.
7 你起初虽然微小, 终久必甚发达。
Wo ahyɛaseɛ bɛyɛ nkakra nkakra na daakye woanya ama abu so.
8 请你考问前代, 追念他们的列祖所查究的。
“Bisa awoɔ ntoatoasoɔ a atwam no, na hwehwɛ deɛ wɔn agyanom hunuiɛ.
9 我们不过从昨日才有,一无所知; 我们在世的日子好像影儿。
Na wɔwoo yɛn nkyɛreeɛ na yɛnnim hwee. Yɛn nna wɔ asase yi so te sɛ sunsumma.
10 他们岂不指教你,告诉你, 从心里发出言语来呢?
Nanso adikanfoɔ no bɛkyerɛkyerɛ wo. Wɔbɛfiri wɔn nteaseɛ mu akyerɛ wo nyansa.
11 蒲草没有泥岂能发长? 芦荻没有水岂能生发?
Paparɔs bɛtumi anyini akɔ soro wɔ baabi a ɛnyɛ ɔwora? Demmire bɛtumi afifiri baabi a nsuo nni anaa?
12 尚青的时候,还没有割下, 比百样的草先枯槁。
Ɛberɛ a ɛrenyini a wɔntwaeɛ no, ɛdwane ntɛm so sene ɛserɛ.
13 凡忘记 神的人,景况也是这样; 不虔敬人的指望要灭没。
Saa na wɔn a wɔn werɛ firi Onyankopɔn no awieeɛ teɛ; saa na wɔn a wɔnni nyamesu no anidasoɔ nkɔsi hwee.
14 他所仰赖的必折断; 他所倚靠的是蜘蛛网。
Biribiara a nʼani da so no nni ahoɔden; deɛ ɔde ne ho to soɔ yɛ ananse ntontan.
15 他要倚靠房屋,房屋却站立不住; 他要抓住房屋,房屋却不能存留。
Ɔtwere ne ntontan, nanso ɛtete; ɔsɔ mu denden nanso ɛnyɛ yie.
16 他在日光之下发青, 蔓子爬满了园子;
Ɔte sɛ afifideɛ a wɔgugu so nsuo yie a ɛsi owia mu. Ɛtrɛtrɛ ne mman mu wɔ turo no so;
17 他的根盘绕石堆, 扎入石地。
Ne nhini nyini fa abotan ho, na ɛhwehwɛ ɛkwan kɔ aboɔ mu.
18 他若从本地被拔出, 那地就不认识他,说: 我没有见过你。
Nanso sɛ wɔtu firi ne siberɛ a, saa beaeɛ no nnim no bio na ɛka sɛ, ‘Menhunuu wo da.’
19 看哪,这就是他道中之乐; 以后必另有人从地而生。
Ampa ara ne nkwa twam, na afifideɛ foforɔ nyini asase no so.
20 神必不丢弃完全人, 也不扶助邪恶人。
“Ampa ara Onyankopɔn mpo onipa a ne ho nni asɛm na ɔnhyɛ amumuyɛfoɔ nsa mu dene.
21 他还要以喜笑充满你的口, 以欢呼充满你的嘴。
Ɔbɛma woasere bio, na wode ahosɛpɛ ateateam.
22 恨恶你的要披戴惭愧; 恶人的帐棚必归于无有。
Wɔde aniwuo bɛfira wɔn a wɔtan woɔ, na amumuyɛfoɔ ntomadan bɛsɛe.”

< 约伯记 8 >