< 约伯记 41 >

1 你能用鱼钩钓上鳄鱼吗? 能用绳子压下它的舌头吗?
“Wobɛtumi de darewa atwe ɔdɛnkyɛmmirampɔn anaa wobɛtumi de ahoma akyekyere ne tɛkrɛma?
2 你能用绳索穿它的鼻子吗? 能用钩穿它的腮骨吗?
Wobɛtumi de ahoma afa ne hwenemu, anaasɛ wobɛtumi de darewa asɔ nʼapantan mu?
3 它岂向你连连恳求, 说柔和的话吗?
Ɔbɛkɔ so asrɛ wo sɛ hunu no mmɔbɔ anaa? Ɔne wo bɛkasa brɛoo?
4 岂肯与你立约, 使你拿它永远作奴仆吗?
Ɔbɛpene ne wo ayɛ apam ama wode no ayɛ wʼakoa afebɔɔ anaa?
5 你岂可拿它当雀鸟玩耍吗? 岂可为你的幼女将它拴住吗?
Wobɛtumi de no ayɛ ayɛmmoa te sɛ anomaa anaa wobɛtumi asa no ahoma de no ama wo mmammaa?
6 搭伙的渔夫岂可拿它当货物吗? 能把它分给商人吗?
Adwadifoɔ bɛpɛ sɛ wobɛtɔ no de no adi dwa anaa?
7 你能用倒钩枪扎满它的皮, 能用鱼叉叉满它的头吗?
Wobɛtumi de mpea awowɔ ne wedeɛ mu anaasɛ wode mpataa pɛmɛ bɛwowɔ ne tiri ho?
8 你按手在它身上,想与它争战, 就不再这样行吧!
Wode wo nsa ka no a, wobɛkae sɛdeɛ ɔbɛwoso ne ho, enti worenyɛ saa bio!
9 人指望捉拿它是徒然的; 一见它,岂不丧胆吗?
Ɛkwan biara nni hɔ a wobɛfa so akye no; ani a ɛbɔ ne so kɛkɛ no ma nnipa dwodwo.
10 没有那么凶猛的人敢惹它。 这样,谁能在我面前站立得住呢?
Obiara ntumi nsi ne bo nhwanyane no. Afei hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie?
11 谁先给我什么,使我偿还呢? 天下万物都是我的。
Hwan na mede no ka a ɛsɛ sɛ metua? Biribiara a ɛhyɛ ɔsoro ase wɔ me.
12 论到鳄鱼的肢体和其大力,并美好的骨骼, 我不能缄默不言。
“Me werɛ remfiri sɛ mɛka nʼakwaa, nʼahoɔden ne ne bɔberɛ fɛfɛ no ho asɛm.
13 谁能剥它的外衣? 谁能进它上下牙骨之间呢?
Hwan na ɔbɛtumi aworɔ ne ho nwoma, na hwan na ɔde nnareka bɛkɔ ne ho?
14 谁能开它的腮颊? 它牙齿四围是可畏的。
Hwan na ɔbɛtumi abue nʼapantan, a ɛse a ɛyɛ hu ayɛ no ma no?
15 它以坚固的鳞甲为可夸, 紧紧合闭,封得严密。
Nʼakyi wɔ abona a ɛsesa soɔ, ɛpipi so a ɛkwan nna mu koraa;
16 这鳞甲一一相连, 甚至气不得透入其间,
sɛdeɛ ɛpipi so fa no enti, mframa biara mfa ntam.
17 都是互相联络、胶结, 不能分离。
Ɛtoatoa mu dendeenden a emu ntumi ntete.
18 它打喷嚏就发出光来; 它眼睛好像早晨的光线。
Sɛ ɔnwansi a, ɛtete ogya; nʼaniwa aba te sɛ ahemadakye hann.
19 从它口中发出烧着的火把, 与飞迸的火星;
Egyatɛn turi firi nʼanom na nsramma turituri firi mu.
20 从它鼻孔冒出烟来, 如烧开的锅和点着的芦苇。
Wisie tene firi ne hwene mu te sɛ ɛsɛn a ɛsi ogya soɔ.
21 它的气点着煤炭, 有火焰从它口中发出。
Nʼahomeɛ ma gyabidie ano sɔ, na egyadɛreɛ tu firi nʼanom.
22 它颈项中存着劲力; 在它面前的都恐吓蹦跳。
Ne kɔn mu wɔ ahoɔden ankasa; wɔn a wɔhunu no no abasa mu tu.
23 它的肉块互相联络, 紧贴其身,不能摇动。
Ne wedeɛ a abubu agu soɔ no yɛ peperee; ayɛ pemee a ɛnkeka ne ho.
24 它的心结实如石头, 如下磨石那样结实。
Ne koko so yɛ dene sɛ ɔbotan; ɛyɛ dene sɛ ayuoyammoɔ.
25 它一起来,勇士都惊恐, 心里慌乱,便都昏迷。
Sɛ ɔsɔre a, ahoɔdenfoɔ bɔ huboa; sɛ ɔporo ne ho a, wɔdwane.
26 人若用刀,用枪,用标枪, 用尖枪扎它,都是无用。
Akofena wɔ no a, ɛnka no, pea, pɛmɛ ne agyan nso saa ara.
27 它以铁为干草, 以铜为烂木。
Ɔfa dadeɛ sɛ wira bi na kɔbere mfrafraeɛ te sɛ dua a awuo bi ma no.
28 箭不能恐吓它使它逃避; 弹石在它看为碎秸。
Agyan mma no nnwane; ahwimmoɔ mu aboa yɛ ntɛtɛ ma no.
29 棍棒算为禾秸; 它嗤笑短枪飕的响声。
Aporibaa te sɛ ɛserɛ wɔ nʼani so; na ɔsere pɛmɛ nnyegyeɛ.
30 它肚腹下如尖瓦片; 它如钉耙经过淤泥。
Abon a ano yɛ nnam tuatua ne yafunu so. Ɔtwe ne ho ase wɔ fam fa atɛkyɛ mu a, ɛyiyi akam.
31 它使深渊开滚如锅, 使洋海如锅中的膏油。
Ɔma ebunu mu huru sɛ nsuo a ɛwɔ ɛsɛn mu na ɔnunu ɛpo mu sɛ sradeɛ a ɛwɔ kukuo mu.
32 它行的路随后发光, 令人想深渊如同白发。
Deɛ ɔbɛfa no, ɛhɔ nsuo no pa yerɛyerɛ; na obi bɛsusu sɛ ɛpo bunu adane ayɛ dwono.
33 在地上没有像它造的那样, 无所惧怕。
Biribiara a ɛwɔ asase so ne no nsɛ. Ɔyɛ abɔdeɛ a ɔnsuro hwee.
34 凡高大的,它无不藐视; 它在骄傲的水族上作王。
Ɔmmu wɔn a wɔyɛ ahantan no mu biara; ɔyɛ wɔn a wɔyɛ ahomasoɔ no nyinaa so ɔhene.”

< 约伯记 41 >