< 约伯记 4 >
Na Temanni Elifas buaa Hiob sɛ,
2 人若想与你说话,你就厌烦吗? 但谁能忍住不说呢?
“Sɛ obi pɛ sɛ ɔne wo kasa a, worennya ntoboaseɛ mma no anaa? Hwan na wɔbɛtumi aka nʼano ato mu?
Dwene sɛdeɛ wakyerɛkyerɛ nnipa bebree, sɛdeɛ woahyɛ nsa a emu ayɛ mmerɛ den.
4 你的言语曾扶助那将要跌倒的人; 你又使软弱的膝稳固。
Wo nsɛm ahyɛ wɔn a wɔasunti no den; woahyɛ nkotodwe a ayɛ mmerɛ mu den.
5 但现在祸患临到你,你就昏迷, 挨近你,你便惊惶。
Na afei a ɔhaw aba no, wʼaba mu abu; aba wo so, na wo ho adwiri wo.
6 你的倚靠不是在你敬畏 神吗? 你的盼望不是在你行事纯正吗?
Wo nyamesuro mma wo ahotosoɔ anaa, na wʼakwan a ɛho nni asɛm mma wo anidasoɔ anaa?
7 请你追想:无辜的人有谁灭亡? 正直的人在何处剪除?
“Dwene ho: Wɔasɛe obi a ne ho nni asɛm pɛn anaa? Ɛhefa na wɔsɛee obi a ɔyɛ pɛ?
Sɛdeɛ mahunu no, wɔn a wɔfɛntɛm bɔne ne wɔn a wɔdua ɔhaw no, wɔtwa so aba.
9 神一出气,他们就灭亡; 神一发怒,他们就消没。
Sɛ Onyankopɔn home a, wɔsɛe; nʼabufuo ma wɔyera.
10 狮子的吼叫和猛狮的声音尽都止息; 少壮狮子的牙齿也都敲掉。
Agyata bɛtumi abobom na wɔapɔ so, nanso wɔbɛbubu gyata akɛseɛ no se.
Gyata annya haboa a ɔwu, na gyatabereɛ mma no bɔ hwete.
12 我暗暗地得了默示; 我耳朵也听其细微的声音。
“Wɔbɛkaa kokoamsɛm bi kyerɛɛ me na mʼaso tee no sɛ asomusɛm.
Wɔ anadwo daeɛso basabasa mu, ɛberɛ a nnipa adeda nnahɔɔ no,
ehu ne nketenkete kyeree me. Ɛmaa me nnompe nyinaa wosoeɛ.
Honhom bi twaa mʼani so, na me ho nwi sɔre gyinaeɛ.
16 那灵停住, 我却不能辨其形状; 有影像在我眼前。 我在静默中听见有声音说:
Ɛgyinaeɛ, nanso, manhunu nʼabɔsuo. Biribi bɛgyinaa mʼanim, na metee nne bɔkɔɔ bi a ɛrebisa sɛ,
17 必死的人岂能比 神公义吗? 人岂能比造他的主洁净吗?
‘Onipa dasani bɛtumi atene asene Onyankopɔn? Onipa bɛtumi ayɛ kronn asene ne Yɛfoɔ anaa?
Sɛ Onyankopɔn ntumi mfa ne ho nto nʼankasa asomfoɔ so, na sɛ ɔka nʼabɔfoɔ mpo anim a,
19 何况那住在土房、根基在尘土里、 被蠹虫所毁坏的人呢?
hwan ne onipa a wɔde dɔteɛ anwene no, a ne fapem sisi mfuturo mu na wɔdwerɛ no ntɛm so sene abubummabaa?
Ɛfiri anɔpahema kɔsi anwummerɛ wɔbubu wɔn mu nketenkete; na wɔyera korakora a obiara nhunu wɔn bio.
21 他帐棚的绳索岂不从中抽出来呢? 他死,且是无智慧而死。
Wɔtete wɔn ntomadan nhoma mu, ɛno enti wɔwuwu a wɔnnim.’