< 约伯记 36 >
Elihu toaa ne kasa so se,
2 你再容我片时,我就指示你, 因我还有话为 神说。
“Montɔ mo bo ase kakra mma me, na mɛkyerɛ mo sɛ aka bebree a ɛsɛ sɛ yɛka ma Onyankopɔn.
3 我要将所知道的从远处引来, 将公义归给造我的主。
Minya me nimdeɛ fi akyirikyiri; mɛka se me Yɛfo bu atɛntrenee.
Munnye nto mu sɛ me nsɛm yɛ nokware turodoo; na meyɛ obi a ne nimdeɛ so wɔ mo mu.
“Onyankopɔn so, nanso, ontwiri nnipa; ɔkorɔn na osi pi wɔ ne botae mu.
Ɔmma amumɔyɛfo ntena nkwa mu, na ɔde amanehunufo kyɛfa ma wɔn.
7 他时常看顾义人, 使他们和君王同坐宝座, 永远要被高举。
Onnyi nʼani mfi ɔtreneeni so, ɔma wɔne ahemfo di ade na ɔma wɔn so afebɔɔ.
Na sɛ wɔde mpokyerɛ gu nnipa na amanehunu hama akyekyere wɔn papee a,
9 他就把他们的作为和过犯指示他们, 叫他们知道有骄傲的行动。
ɔka nea wɔayɛ kyerɛ wɔn sɛ wɔnam ahantan so ayɛ bɔne.
10 他也开通他们的耳朵得受教训, 吩咐他们离开罪孽转回。
Ɔma wotie nteɛso na ɔhyɛ wɔn sɛ wonnu wɔn ho wɔ wɔn bɔne ho.
11 他们若听从事奉他, 就必度日亨通,历年福乐;
Sɛ wɔyɛ osetie na wɔsom no a, wobedi yiye wɔ wɔn nna a aka no mu na wɔn mfe nyinaa ayɛ anisɔ ama wɔn.
Na sɛ wɔantie no a, wɔbɛyera wɔ afoa ano, na wɔawuwu a wonni nimdeɛ.
13 那心中不敬虔的人积蓄怒气; 神捆绑他们,他们竟不求救;
“Wɔn a wonnim Nyame no kora abufuw so; mpo sɛ ogu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn a wonsu mpɛ mmoa.
Wowuwu wɔ wɔn mmabunmmere mu, wɔ mmarima nguamanfo a wɔtete abosonnan mu.
15 神借着困苦救拔困苦人, 趁他们受欺压开通他们的耳朵。
Nanso wɔn a wohu amane no, ogye wɔn; na ɔkasa kyerɛ wɔn wɔ wɔn haw mu.
16 神也必引你出离患难, 进入宽阔不狭窄之地; 摆在你席上的必满有肥甘。
“Ɔregye wo afi ahohia mu de wo akɔ beae a hɔ bae a ahokyere nni, nea wowɔ asomdwoe, na nnuan pa ayɛ wo pon so ma.
17 但你满口有恶人批评的言语; 判断和刑罚抓住你。
Nanso mprempren, atemmu a ɛfata amumɔyɛfo na aba wo so; atemmu ne atɛntrenee aso wo mu.
18 不可容忿怒触动你,使你不服责罚; 也不可因赎价大就偏行。
Hwɛ yiye na obi amfa ahonya annaadaa wo; mma adanmude kɛse bi ntwe wo.
19 你的呼求,或是你一切的势力, 果有灵验,叫你不受患难吗?
Wʼahonya anaasɛ mpo wʼahohia bebrebe nyinaa nti, worenkɔ amanehunu mu ana?
20 不要切慕黑夜, 就是众民在本处被除灭的时候。
Mpere anadwo ho, sɛ ammɛpra nnipa mfi wɔn afi mu.
21 你要谨慎,不可重看罪孽, 因你选择罪孽过于选择苦难。
Hwɛ na woannan ankɔ bɔne ho, nea ayɛ sɛ wopɛ sen amanehunu.
“Onyankopɔn yɛ ɔkɛse wɔ ne tumi mu. Hena na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo sɛ ɔno?
Hena na wahyehyɛ nʼakwan ama no anaa waka akyerɛ no se, ‘Woayɛ mfomso.’
24 你不可忘记称赞他所行的为大, 就是人所歌颂的。
Kae na kamfo nʼadwuma a nnipa de nnwonto akamfo no.
Adesamma nyinaa ahu; nnipa fi akyirikyiri hwɛ no haa.
Onyankopɔn yɛ ɔkɛse, ɛboro yɛn ntease so! Ne mfe dodow mu nni hwehwɛbea.
“Ɔtwetwe nsu a ɛsosɔ, ma ɛdan osu gu nsuten mu;
na omununkum tɔ obosu gu fam na osu pete mmoroso gu adesamma so.
29 谁能明白云彩如何铺张, 和 神行宫的雷声呢?
Hena na obetumi ate sɛnea ɔtrɛtrɛw omununkum mu no ase, sɛnea ɔbobɔ mu fi ne suhyɛ ase no?
Hwɛ sɛnea ɔhwete nʼanyinam mu wɔ ne ho ma ɛkɔ po bun mu.
Eyi ne ɔkwan a ɔfa so di amanaman no so na ɔma aduan bu wɔn so.
Ɔde anyinam hyɛ ne nsam ma na ɔhyɛ no sɛ ɛmpa nʼagyiraehyɛ.
33 所发的雷声显明他的作为, 又向牲畜指明要起暴风。
Nʼaprannaa bɔ ahum a ɛreba no ho nkae; na anantwi mpo ma wohu sɛ ɛreba.