< 约伯记 16 >

1 约伯回答说:
Afei Hiob buae se,
2 这样的话我听了许多; 你们安慰人,反叫人愁烦。
“Mate nsɛm bebree a ɛte sɛ eyinom; na mo nyinaa moyɛ ogyamserewfo!
3 虚空的言语有穷尽吗? 有什么话惹动你回答呢?
So mo kasa tenten no remma awiei ana? Dɛn na ɛhaw mo nti a mugu so regye akyinnye yi?
4 我也能说你们那样的话; 你们若处在我的境遇, 我也会联络言语攻击你们, 又能向你们摇头。
Anka me nso metumi akasa sɛ mo, sɛ mo na mowɔ me tebea yi mu a, anka metumi akeka nsɛm a ɛyɛ dɛ atia mo na mabu mo animtiaa.
5 但我必用口坚固你们, 用嘴消解你们的忧愁。
Nanso anka mɛhyɛ mo den; anka awerɛkyekye nsɛm a ebefi mʼanom no bɛma mo ahotɔ.
6 我虽说话,忧愁仍不得消解; 我虽停住不说,忧愁就离开我吗?
“Nanso sɛ mekasa a ɔyaw a mete no remmrɛ ase; na sɛ mankasa nso a, ɛrennyae.
7 但现在 神使我困倦, 使亲友远离我,
Onyankopɔn, ampa ara woama mabrɛ woasɛe me fi pasaa.
8 又抓住我,作见证攻击我; 我身体的枯瘦也当面见证我的不是。
Woakyekyere me, ama abɛyɛ adansedi; me so tew ara na ɛtew na edi adanse tia me.
9 主发怒撕裂我,逼迫我, 向我切齿; 我的敌人怒目看我。
Onyankopɔn tow hyɛ me so tetew me wɔ nʼabufuw mu na ɔtwɛre ne se gu me so; nea ɔne me anya no pɔkyere nʼani hwɛ me.
10 他们向我开口, 打我的脸羞辱我, 聚会攻击我。
Nnipa bue wɔn ano di me ho fɛw; wɔbɔ me sotɔre de bu me animtiaa na wɔka wɔn ho bɔ mu de tia me.
11 神把我交给不敬虔的人, 把我扔到恶人的手中。
Onyankopɔn de me ama abɔnefo watow me ato amumɔyɛfo nsam.
12 我素来安逸,他折断我, 掐住我的颈项,把我摔碎, 又立我为他的箭靶子。
Na biribiara kɔ yiye ma me, nanso ɔdwerɛw me; osoo me kɔn mu, tow me hwee hɔ. Ɔde me asi nʼani so;
13 他的弓箭手四面围绕我; 他破裂我的肺腑,并不留情, 把我的胆倾倒在地上,
nʼagyantowfo atwa me ho ahyia, ohwirew mʼasaabo mu a wanhu me mmɔbɔ maa me bɔnwoma petee fam.
14 将我破裂又破裂, 如同勇士向我直闯。
Ɔba me so bere biara; na ɔtow hyɛ me so sɛ ɔkofo.
15 我缝麻布在我皮肤上, 把我的角放在尘土中。
“Mapam atweaatam akata me were so na masie mʼanintɔn wɔ mfutuma mu.
16 我的脸因哭泣发紫, 在我的眼皮上有死荫。
Agyaadwotwa ama mʼani ayɛ kɔɔ; sunsuma kabii atwa mʼani ho ahyia,
17 我的手中却无强暴; 我的祈祷也是清洁。
nanso me nsa nyɛɛ basabasayɛ biara na me mpaebɔ yɛ kann.
18 地啊,不要遮盖我的血! 不要阻挡我的哀求!
“Asase, nkata me mogya so; na mma me sufrɛ to ntwa da!
19 现今,在天有我的见证, 在上有我的中保。
Mprempren mpo, me danseni wɔ ɔsoro; me kamafo wɔ soro hɔ.
20 我的朋友讥诮我, 我却向 神眼泪汪汪。
Me dimafo yɛ mʼadamfo bere a mʼaniwa tew nisu gu Onyankopɔn so yi;
21 愿人得与 神辩白, 如同人与朋友辩白一样;
ogyina onipa anan mu di ma no wɔ Onyankopɔn anim sɛnea obi di ma nʼadamfo no.
22 因为再过几年, 我必走那往而不返之路。
“Mfe kakraa bi akyi ansa na metu kwan akɔ koransan.

< 约伯记 16 >