< 耶利米书 33 >

1 耶利米还囚在护卫兵的院内,耶和华的话第二次临到他说:
Ɛberɛ a, Yeremia da so da dua mu wɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ no, Awurade asɛm baa ne nkyɛn ne mprenu so sɛ:
2 “成就的是耶和华,造作、为要建立的也是耶和华;耶和华是他的名。他如此说:
“Yei ne deɛ Awurade seɛ, deɛ ɔbɔɔ asase, Awurade a ɔyɛeɛ ma ɛtimiiɛ, Awurade ne ne din:
3 你求告我,我就应允你,并将你所不知道、又大又难的事指示你。
‘Frɛ me na mɛgye wo so, na maka wo nsɛm akɛseɛ ne nneɛma a ahinta a wonnim.
4 论到这城中的房屋和犹大王的宫室,就是拆毁为挡敌人高垒和刀剑的,耶和华—以色列的 神如此说:
Na sei na Awurade, Israel Onyankopɔn ka: Moabubu afie a ɛwɔ saa kuropɔn yi mu ne Yuda ahemfie ahodoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya mmubuiɛ de agyina afasuo no atia mo atamfoɔ ntuano epie ne akofena.
5 人要与迦勒底人争战,正是拿死尸充满这房屋,就是我在怒气和忿怒中所杀的人,因他们的一切恶,我就掩面不顾这城。
Moayɛ mo adwen sɛ mo ne Babiloniafoɔ bɛko, nanso mede mʼabufuo ne mʼabufuhyeɛ bɛkunkum mo, na mo afunu bɛyɛ hɔ ma. Mɛyi mʼani afiri saa kuropɔn yi so ɛsiane nʼamumuyɛ nyinaa enti.
6 看哪,我要使这城得以痊愈安舒,使城中的人得医治,又将丰盛的平安和诚实显明与他们。
“‘Nanso, mede ahoɔden ne ayaresa bɛbrɛ no; mɛsa me nkurɔfoɔ yadeɛ na mama wɔn anya asomdwoeɛ ne banbɔ a ɛdɔɔso.
7 我也要使犹大被掳的和以色列被掳的归回,并建立他们和起初一样。
Mɛsane de Yuda ne Israel afiri nnommumfa mu aba na masane agye wɔn asi hɔ sɛ dea na wɔte dada no.
8 我要除净他们的一切罪,就是向我所犯的罪;又要赦免他们的一切罪,就是干犯我、违背我的罪。
Mɛhohoro wɔn bɔne a wɔayɛ atia me no nyinaa, na mede wɔn atuateɛ ho bɔne nso akyɛ wɔn.
9 这城要在地上万国人面前使我得颂赞,得荣耀,名为可喜可乐之城。万国人因听见我向这城所赐的福乐、所施的恩惠平安,就惧怕战兢。”
Na saa kuropɔn yi bɛma me din ahyeta. Ɛbɛma me anigyeɛ, ayɛyie ne animuonyam wɔ asase so aman nyinaa a wɔte nnepa a meyɛ ma no nyinaa mu; wɔbɛsuro na wɔn ho apopo wɔ yiedie ne asomdwoeɛ bebrebe a mede ma no enti.’
10 耶和华如此说:“你们论这地方,说是荒废无人民无牲畜之地,但在这荒凉无人民无牲畜的犹大城邑和耶路撒冷的街上,
“Yei ne deɛ Awurade seɛ: ‘Woka fa saa beaeɛ yi ho sɛ, “Ada mpan, a nnipa anaasɛ mmoa nni so.” Nanso, Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔntene a ada mpan na nnipa anaa mmoa nni no, ɛhɔ na wɔbɛsane ate bio
11 必再听见有欢喜和快乐的声音、新郎和新妇的声音,并听见有人说: 要称谢万军之耶和华, 因耶和华本为善; 他的慈爱永远长存! 又有奉感谢祭到耶和华殿中之人的声音;因为我必使这地被掳的人归回,和起初一样。这是耶和华说的。”
ahurisie ne anigyeɛ nnyegyeɛ, ayeforɔ ne ayeforɔkunu nne ne wɔn a wɔde aseda afɔrebɔdeɛ reba Awurade efie nne sɛ, “‘Momfa aseda mma Asafo Awurade, ɛfiri sɛ Awurade yɛ, na ne dɔ wɔ hɔ daa.’” Na mɛsane de asase no so nnepa a ɛwɔ hɔ dada no aba bio, Awurade, na ɔseɛ.
12 万军之耶和华如此说:“在这荒废无人民无牲畜之地,并其中所有的城邑,必再有牧人的住处;他们要使羊群躺卧在那里。
“Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: ‘Ɛha yi a ada mpan a nnipa ne mmoa nni mu no; ne nkuro nyinaa so no wɔbɛnya adidibea ama nnwanhwɛfoɔ deɛ wɔn nnwankuo bɛhome.
13 在山地的城邑、高原的城邑、南地的城邑、便雅悯地、耶路撒冷四围的各处,和犹大的城邑必再有羊群从数点的人手下经过。这是耶和华说的。”
Nkuro a ɛwɔ bepɔ so ɔman mu, atɔeɛ fam mmepɔ ase mu, Negeb, Benyamin mantam mu, nkuraase a atwa Yerusalem ho ahyia ne Yuda nkuro mu, nnwankuo bɛtwam bio wɔ deɛ ɔkane wɔn nsa ase.’ Awurade, na aka.
14 耶和华说:“日子将到,我应许以色列家和犹大家的恩言必然成就。
“‘Nna no reba,’ Awurade na ɔseɛ, a mɛma adom bɔhyɛ a mehyɛɛ Israel efie ne Yudafie aba mu.
15 当那日子,那时候,我必使大卫公义的苗裔长起来;他必在地上施行公平和公义。
“‘Nna no mu ne saa ɛberɛ no mɛma tenenee Duban afefɛ afiri Dawid ase; ɔbɛyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ wɔ asase no so.
16 在那日子犹大必得救,耶路撒冷必安然居住,他的名必称为‘耶和华—我们的义’。
Saa nna no mu, wɔbɛgye Yuda nkwa na Yerusalem bɛtena asomdwoeɛ mu. Yei ne din a wɔde bɛfrɛ no Awurade, Yɛn Tenenee.’
17 “因为耶和华如此说:大卫必永不断人坐在以色列家的宝座上;
Na yei ne deɛ Awurade seɛ: ‘Ɔbarima a ɔbɛtena Israel efie ahennwa so no remmɔ Dawid da,
18 祭司、利未人在我面前也不断人献燔祭、烧素祭,时常办理献祭的事。”
saa ara nso na asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ no, ɔbarima a ɔbɛgyina mʼanim daa abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ na ɔde afɔdeɛ ahodoɔ abrɛ me, remmɔ wɔn da.’”
19 耶和华的话临到耶利米说:
Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ:
20 “耶和华如此说:你们若能废弃我所立白日黑夜的约,使白日黑夜不按时轮转,
“Yei ne deɛ Awurade seɛ: ‘Sɛ wobɛtumi abu me ne adekyeɛ ne adesaeɛ apam so, na adekyeɛ ne adesaeɛ amma wɔn ɛberɛ a wɔahyehyɛ no a,
21 就能废弃我与我仆人大卫所立的约,使他没有儿子在他的宝座上为王,并能废弃我与事奉我的祭司、利未人所立的约。
ɛnneɛ na me ne mʼakoa Dawid apam ne Lewifoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ a wɔsom wɔ mʼanim no apam no nso, wobɛtumi abu so, na Dawid rennya nʼaseni a ɔbɛtena ahennwa so adi ɔhene bio.
22 天上的万象不能数算,海边的尘沙也不能斗量;我必照样使我仆人大卫的后裔和事奉我的利未人多起来。”
Mɛma mʼakoa Dawid asefoɔ ne Lewifoɔ a wɔsom wɔ mʼanim no ase adɔre te sɛ ɔsoro nsoromma a wɔntumi nkane ne mpoano anwea a wɔntumi nsusuo.’”
23 耶和华的话临到耶利米说:
Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ,
24 “你没有揣摩这百姓的话吗?他们说:‘耶和华所拣选的二族,他已经弃绝了。’他们这样藐视我的百姓,以为不再成国。
“Wontee sɛ nnipa yi reka sɛ, ‘Awurade apo ahennie mmienu a ɔyiiɛ no’ anaa? Enti wɔbu me ɔman animtia na wɔmmfa wɔn sɛ wɔyɛ ɔman bio.
25 耶和华如此说:若是我立白日黑夜的约不能存住,若是我未曾安排天地的定例,
Deɛ Awurade seɛ nie: ‘Sɛ mantintim me ne adekyeɛ ne adesaeɛ apam ne ɔsoro ne asase mmara no a,
26 我就弃绝雅各的后裔和我仆人大卫的后裔,不使大卫的后裔治理亚伯拉罕、以撒、雅各的后裔;因为我必使他们被掳的人归回,也必怜悯他们。”
ɛnneɛ anka mɛpo Yakob ne mʼakoa Dawid asefoɔ, na merennyi ne mmammarima mu baako sɛ ɔnni Abraham, Isak ne Yakob asefoɔ so. Na mede wɔn ahonyadeɛ bɛsane ama wɔn, na manya ayamhyehyeɛ ama wɔn.’”

< 耶利米书 33 >