< 以赛亚书 55 >
1 你们一切干渴的都当就近水来; 没有银钱的也可以来。 你们都来,买了吃; 不用银钱,不用价值, 也来买酒和奶。
“Mommra, mo a osukɔm de mo nyinaa, mommra nsuo no ho; na mo a monni sika, mommra mmɛtɔ na monni! Mommra mmɛtɔ nsã ne nufosuo a monntua hwee.
2 你们为何花钱买那不足为食物的? 用劳碌得来的买那不使人饱足的呢? 你们要留意听我的话就能吃那美物, 得享肥甘,心中喜乐。
Adɛn enti na mosɛe sika wɔ deɛ ɛnyɛ aduane ho ne mo ahoɔden wɔ deɛ ɛmmee ho? Montie, montie me na monni deɛ ɛyɛ, na mo kra ani bɛgye nnepa a ɛwɔ akatua pa ho.
3 你们当就近我来; 侧耳而听,就必得活。 我必与你们立永约, 就是应许大卫那可靠的恩典。
Monyɛ aso, na mommra me nkyɛn; montie me, na mo kra anya nkwa. Me ne mo bɛyɛ apam a ɛte hɔ daa, me dɔ a ɛtoɔ ntwa da a mede hyɛɛ Dawid bɔ no.
Hwɛ, mede no ayɛ adansedie ama nnipa no, wɔn ɔkandifoɔ ne ɔsahene.
5 你素不认识的国民,你也必召来; 素不认识你的国民也必向你奔跑, 都因耶和华—你的 神以色列的圣者, 因为他已经荣耀你。
Ampa ara mobɛfrɛ aman a monnim wɔn, na aman a wonnim mo no bɛyɛ ntɛm aba mo nkyɛn, Awurade, mo Onyankopɔn enti, Israel Ɔkronkronni no, ɛfiri sɛ wahyɛ mo animuonyam.”
6 当趁耶和华可寻找的时候寻找他, 相近的时候求告他。
Monhwehwɛ Awurade ɛberɛ a mobɛhunu no. Momfrɛ no ɛberɛ a ɔbɛn.
7 恶人当离弃自己的道路; 不义的人当除掉自己的意念。 归向耶和华,耶和华就必怜恤他; 当归向我们的 神,因为 神必广行赦免。
Ma omumuyɛfoɔ ntwe ne ho mfiri nʼakwan ho na ɔbɔnefoɔ nso mfiri ne nsusuiɛ ho. Ma ɔnnane nkɔ Awurade nkyɛn, na ɔbɛhunu no mmɔbɔ, ɔnnane nkɔ yɛn Onyankopɔn nkyɛn, na ɔde ne ho bɛkyɛ no.
8 耶和华说:我的意念非同你们的意念; 我的道路非同你们的道路。
“Na mʼadwene nnyɛ mo adwene, na mo akwan nso nnyɛ mʼakwan,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
9 天怎样高过地, 照样,我的道路高过你们的道路; 我的意念高过你们的意念。
“Sɛdeɛ ɔsoro korɔn sene asase no, saa ara na mʼakwan korɔn sene mo akwan, na mʼadwene nso korɔn sene mo adwene.
10 雨雪从天而降,并不返回, 却滋润地土,使地上发芽结实, 使撒种的有种,使要吃的有粮。
Osuo ne sukyerɛmma tɔ firi soro gu fam, na ɛnsane nkɔ hɔ bio gye sɛ afɔ asase ama afifideɛ ɛgu nhwiren, sɛdeɛ ɛbɛso aba ama ogufoɔ na aduane nso aba ama deɛ ɔdie.
11 我口所出的话也必如此, 决不徒然返回, 却要成就我所喜悦的, 在我发他去成就的事上必然亨通。
Saa ara na mʼasɛm a ɛfiri mʼanum teɛ: Ɛrensane mma me nkyɛn kwa. Mmom ɛbɛyɛ deɛ mepɛ na awie botaeɛ a ɛno enti mesomaa no.
12 你们必欢欢喜喜而出来, 平平安安蒙引导。 大山小山必在你们面前发声歌唱; 田野的树木也都拍掌。
Mode ahosɛpɛ bɛpue na wɔagya mo kwan asomdwoeɛ mu; mmepɔ ne nkokoɔ bɛto nnwom wɔ mo anim, na mfuo so nnua nyinaa bɛbɔ wɔn nsam.
13 松树长出,代替荆棘; 番石榴长出,代替蒺藜。 这要为耶和华留名, 作为永远的证据,不能剪除。
Nkyɛkyerɛ ananmu, pepeaa bɛfifiri, na nnɛnkyɛnse ananmu, ohwam dua bɛfifiri. Yei bɛyɛ deɛ ɛhyɛ Awurade animuonyam, ɛbɛyɛ daapem nsɛnkyerɛnneɛ, a ɛrentwam da.”