< 以赛亚书 33 >
1 祸哉!你这毁灭人的, 自己倒不被毁灭; 行事诡诈的, 人倒不以诡诈待你。 你毁灭罢休了, 自己必被毁灭; 你行完了诡诈, 人必以诡诈待你。
Due, Ao ɔdesɛefoɔ Asiria, wo a wɔnnsɛee woɔ! Due, Ao ɔfatwafoɔ, wo a wɔnnii wo hwammɔ! Sɛ wowie ade sɛe a, wɔbɛsɛe wo; sɛ wowie hwammɔdie a, wɔbɛdi wo hwammɔ.
2 耶和华啊,求你施恩于我们; 我们等候你。 求你每早晨作我们的膀臂, 遭难的时候为我们的拯救。
Ao Awurade, hunu yɛn mmɔbɔ; yɛn ani da wo so. Yɛ yɛn ahoɔden anɔpa biara, ne yɛn nkwagyeɛ wɔ ahohia mu.
3 喧嚷的响声一发,众民奔逃; 你一兴起,列国四散。
Aman no te wo nne mmobɔmu a, wɔdwane; sɛ woma wo ho so a, amanaman no bɔ hwete.
4 你们所掳的必被敛尽, 好像蚂蚱吃尽禾稼。 人要蹦在其上,好像蝗虫一样。
Sɛdeɛ ntutummɛ tu hyɛ asase so we so nnɔbaeɛ no; saa ara na nnipa bɛto ahyɛ Asiria so.
5 耶和华被尊崇,因他居在高处; 他以公平公义充满锡安。
Wɔama Awurade so, na ɔte ɔsorosoro; ɔde tenenee ne adeteneneeyɛ bɛhyɛ Sion ma.
6 你一生一世必得安稳— 有丰盛的救恩, 并智慧和知识; 你以敬畏耶和华为至宝。
Ɔbɛyɛ fapem a atim yie wɔ mo mmerɛ so, nkwagyeɛ, nyansa ne nhunumu mmorosoɔ akoraeɛ; Awurade suro bɛyɛ wʼademudeɛ.
7 看哪,他们的豪杰在外头哀号; 求和的使臣痛痛哭泣。
Monhwɛ, wɔn mmarima akokoɔdurufoɔ su teateaam wɔ mmɔntene so; asomdwoeɛ ho abɔfoɔ su yaayaaya.
8 大路荒凉,行人止息; 敌人背约, 藐视城邑, 不顾人民。
Akwantempɔn no so da hɔ kwa, akwantufoɔ biara nni akwan no so. Wɔabu apam no so; wɔbu nʼadansefoɔ animtia wɔmmu obiara.
9 地上悲哀衰残; 黎巴嫩羞愧枯干; 沙 像旷野; 巴珊和迦密的树林凋残。
Asase no awo wesee na ɛresɛe, Lebanon agyigya na nʼanim agu ase; Saron ayɛ sɛ Araba, Basan ne Karmel poro wɔn nhahan.
10 耶和华说: 现在我要起来; 我要兴起; 我要勃然而兴。
“Afei na mɛsɔre,” sei na Awurade seɛ. “Afei na wɔbɛpagya me; afei na wɔbɛma me so akɔ soro.
11 你们要怀的是糠秕, 要生的是碎秸; 你们的气就是吞灭自己的火。
Monyinsɛne ntɛtɛ, na mo wo ɛserɛ; mo ahome yɛ ogya a ɛhye mo.
12 列邦必像已烧的石灰, 像已割的荆棘在火中焚烧。
Wɔbɛhye aman no ama wɔayɛ sɛ akaadoo; wɔbɛto wɔn mu ogya te sɛ nkasɛɛ a wɔatwa.”
13 你们远方的人当听我所行的; 你们近处的人当承认我的大能。
Mo a mowɔ akyirikyiri no, montie deɛ mayɛ; mo a mobɛn no, monkamfo me kɛseyɛ!
14 锡安中的罪人都惧怕; 不敬虔的人被战兢抓住。 我们中间谁能与吞灭的火同住? 我们中间谁能与永火同住呢?
Nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ Sion abɔ huboa; ahopopoɔ aka wɔn a wɔnnim Onyame: “Yɛn mu hwan na ɔbɛtumi ne ogya a ɛhye adeɛ atena? Yɛn mu hwan na ɔbɛtumi ne daa ogya dɛreɛ atena?”
15 行事公义、说话正直、 憎恶欺压的财利、 摆手不受贿赂、 塞耳不听流血的话, 闭眼不看邪恶事的,
Deɛ ɔnante tenenee mu na ɔdi nokorɛ deɛ ɔpo mfasoɔ a nsisie de ba na ɔnnye adanmudeɛ, deɛ ɔntie awudie ho pɔ bɔ deɛ ɔmpɛ sɛ ɔhunu bɔneyɛ ho agyinatuo no,
16 他必居高处; 他的保障是磐石的坚垒; 他的粮必不缺乏; 他的水必不断绝。
saa onipa yi na ɔbɛtena ɔsorosoro hɔ. Ne dwanekɔbea bɛyɛ bepɔ aban no. Wɔde nʼaduane bɛma no na ne nsuo mmɔ no.
Mo ani bɛhunu ɔhene no wɔ nʼanimuonyam mu na moahunu asase a ɛtrɛ kɔ akyirikyiri no.
18 你的心必思想那惊吓的事, 自问说:记数目的在哪里呢? 平贡银的在哪里呢? 数戍楼的在哪里呢?
Mo adwendwene mu no, mobɛbooboo deɛ na ɔhunahuna mo no ho: “Odwumayɛfoɔ panin no wɔ he? Deɛ na ɔgyegye toɔ no wɔ he? Deɛ na ɔhwɛ aban tenten so no wɔ he?”
19 你必不见那强暴的民, 就是说话深奥,你不能明白, 言语呢喃,你不能懂得的。
Morenhunu saa ahantanfoɔ no bio, wɔn a wɔn kasa mu nna hɔ, na monte deɛ wɔka no ase no.
20 你要看锡安—我们守圣节的城! 你的眼必见耶路撒冷为安静的居所, 为不挪移的帐幕, 橛子永不拔出, 绳索一根也不折断。
Monhwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuropɔn no; mo ani bɛhunu Yerusalem, asomdwoeɛ tenaberɛ, ntomadan a wɔnntutu; wɔrentutu ne mpɛɛwa da, na wɔrentete ne ntampehoma mu nso.
21 在那里,耶和华必显威严与我们同在, 当作江河宽阔之地; 其中必没有荡桨摇橹的船来往, 也没有威武的船经过。
Ɛhɔ na Awurade bɛyɛ yɛn Otumfoɔ. Ɛbɛyɛ sɛ beaeɛ a nsuo akɛseɛ ne nsuwansuwa wɔ. Ahyɛmma a wɔhare remfa so; ahyɛn akɛseɛ rennante so.
22 因为,耶和华是审判我们的; 耶和华是给我们设律法的; 耶和华是我们的王; 他必拯救我们。
Na Awurade ne yɛn ɔtemmufoɔ, Awurade ne yɛn mmarahyɛfoɔ, Awurade ne yɛn ɔhene; na ɔno na ɔbɛgye yɛn nkwa.
23 你的绳索松开: 不能栽稳桅杆, 也不能扬起篷来。 那时许多掳来的物被分了; 瘸腿的把掠物夺去了。
Wo ntampehoma mu ago enti ɛhyɛn dua no nnyina hɔ yie, na wɔntrɛɛ ɛhyɛn so ntoma no mu. Afei wɔbɛkyɛ asadeɛ bebree no mu na mpakye mpo bɛsoa afodeɛ akɔ.
24 城内居民必不说:我病了; 其中居住的百姓,罪孽都赦免了。
Obiara nni Sion a ɔbɛka sɛ, “Meyare”; na wɔde wɔn a wɔte hɔ no bɔne bɛkyɛ wɔn.