< 哈巴谷书 2 >

1 我要站在守望所, 立在望楼上观看, 看耶和华对我说什么话, 我可用什么话向他诉冤。
Megyina mʼahwɛe na mawɛn. Mɛbɔ nsra na mahwɛ nea ɔbɛka akyerɛ me, ne mʼanoyi a mede bɛma nkurobɔ yi.
2 他对我说:将这默示明明地写在版上, 使读的人容易读。
Afei, Awurade buae se, “Kyerɛw adiyi yi wɔ ɔbopon so ma mu nna hɔ pefee na ama ɔkenkanfo ate ase.
3 因为这默示有一定的日期, 快要应验,并不虚谎。 虽然迟延,还要等候; 因为必然临到,不再迟延。
Adiyisɛm no retwɛn nkrabea bi; ɛka awiei ho asɛm na ɛbɛba mu. Ɛwɔ mu sɛ ɛrekyɛ de, nanso twɛn, ɛrenkyɛ, ɛbɛba mu.
4 迦勒底人自高自大,心不正直; 惟义人因信得生。
“Hwɛ, ɔtamfo no ama ne ho so; nʼapɛde nteɛ, nanso ɔtreneeni fi gyidi mu benya nkwa.
5 迦勒底人因酒诡诈,狂傲, 不住在家中, 扩充心欲,好像阴间。 他如死不能知足, 聚集万国,堆积万民都归自己。 (Sheol h7585)
Nokware, nsa yi no ma wayɛ ahantan na onni ahotɔ. Esiane sɛ ɔyɛ adifudepɛ sɛ ɔda na ɔte sɛ owu a hwee mmee no nti ɔfom aman no nyinaa na ɔfa nnipa no nyinaa nnommum. (Sheol h7585)
6 这些国的民岂不都要提起诗歌并俗语讥刺他说: 祸哉!迦勒底人,你增添不属自己的财物, 多多取人的当头,要到几时为止呢?
“Nnommumfo yi nyinaa bedi ne ho fɛw aserew no aka se, “‘Nnome nka nea ɔboaboa akorɔnne ano, na ɔnam apoobɔ so nya ne ho! Eyi nkɔ so nkosi da bɛn?’
7 咬伤你的岂不忽然起来, 扰害你的岂不兴起, 你就作他们的掳物吗?
So wɔn a wode wɔn ka no rensɔre mpofirim ana? Wɔbɛsɔre ama wo ho apopo, na wobetwiw afa wo so.
8 因你抢夺许多的国,杀人流血, 向国内的城并城中一切居民施行强暴, 所以各国剩下的民都必抢夺你。
Esiane sɛ woafow aman bebree nti, wɔn a wɔaka no bɛfow wo bi. Efisɛ woahwie nnipa mogya agu; woasɛe nsase, nkuropɔn ne wɔn a wɔtete mu.
9 为本家积蓄不义之财、 在高处搭窝、指望免灾的有祸了!
“Nnome nka nea ɔde akorɔnne kyekyere ne man, a ɔyɛ ne berebuw wɔ sorɔnsorɔmmea, sɛnea obeyi ne ho afi ɔsɛe mu.
10 你图谋剪除多国的民,犯了罪, 使你的家蒙羞,自害己命。
Woatu nnipa bebree sɛe ho agyina, de agu wankasa fi anim ase, de wo nkwa atwa so.
11 墙里的石头必呼叫; 房内的栋梁必应声。
Abo a ɛhyehyɛ afi afasu mu no bɛteɛ mu, na ebegyigye wɔ mpuran a wɔahyehyɛ no mu.
12 以人血建城、 以罪孽立邑的有祸了!
“Nnome nka nea ɔnam mogyahwiegu so kyekyere kuropɔn na ɔnam awudi so kyekyere kurow.
13 众民所劳碌得来的被火焚烧, 列国由劳乏而得的归于虚空, 不都是出于万军之耶和华吗?
Asafo Awurade ahyɛ sɛ, nnipa no adwumayɛ bɛyɛ ogya a wɔhyew. Aman no brɛ gu kwa.
14 认识耶和华荣耀的知识要充满遍地, 好像水充满洋海一般。
Na Awurade anuonyam ho nimdeɛ bɛhyɛ asase nyinaa ma, sɛnea nsu hyɛ po ma no.
15 给人酒喝、又加上毒物、 使他喝醉、好看见他下体的有祸了!
“Due! Wo a woma wo mfɛfo nsa, Wuhwie ma wɔnom kosi sɛ wɔbɛbow, na afei woahwɛ wɔn adagyaw.
16 你满受羞辱,不得荣耀; 你也喝吧,显出是未受割礼的! 耶和华右手的杯必传到你那里; 你的荣耀就变为大大地羞辱。
Worennya anuonyam biara, wʼani bewu. Afei adu wo so! Nom na wʼadagyaw mu nna hɔ. Kuruwa a efi Awurade nsa nifa reba wo so, na aniwu bɛkata wʼanuonyam so.
17 你向黎巴嫩行强暴与残害 惊吓野兽的事必遮盖你; 因你杀人流血, 向国内的城并城中一切居民施行强暴。
Awurukasɛm a wode adi Lebanon no bɛmene wo, ɔsɛe a wosɛe mmoa nso bɛbɔ wo hu. Woaka nnipa mogya agu; woasɛe nsase, nkuropɔn ne nnipa a wɔwɔ mu.
18 雕刻的偶像,人将它刻出来, 有什么益处呢? 铸造的偶像就是虚谎的师傅。 制造者倚靠这哑巴偶像有什么益处呢?
“Mfaso bɛn na munya fi ahoni a nipa ayɛ mu? Anaa nsɛsode a ɛkyerɛkyerɛ atoro? Nea ɔyɛ ohoni no de ne ho to ɔno ankasa nsa ano adwuma so; na ɔyɛ anyame a wontumi nkasa.
19 对木偶说:醒起! 对哑巴石像说:起来!那人有祸了! 这个还能教训人吗? 看哪,是包裹金银的,其中毫无气息。
Nnome nka nea ɔka kyerɛ dua se, ‘Nya nkwa!’ Anaa ɔka kyerɛ ɔbo a enni nkwa se, ‘Nyan!’ Ebetumi ama akwankyerɛ? Wɔde sika kɔkɔɔ ne dwetɛ adura ho; nanso ɔhome nni mu.”
20 惟耶和华在他的圣殿中; 全地的人都当在他面前肃敬静默。
Nanso Awurade wɔ nʼasɔrefi kronkron mu. Momma asase nyinaa nyɛ komm wɔ nʼanim.

< 哈巴谷书 2 >