< 以西结书 9 >
1 他向我耳中大声喊叫说:“要使那监管这城的人手中各拿灭命的兵器前来。”
Afei metee sɛ ɔde nne kɛseɛ team sɛ, “Momfa kuropɔn no awɛmfoɔ no mmra ha, a obiara kura akodeɛ.”
2 忽然有六个人从朝北的上门而来,各人手拿杀人的兵器;内中有一人身穿细麻衣,腰间带着墨盒子。他们进来,站在铜祭坛旁。
Mehunuu sɛ mmarimma baasia firi atifi ɛpono a ɛkyerɛ atifi fam reba, na obiara kura kɔdiawuo akodeɛ. Na ɔbarima bi a ɔfira nwera na atwerɛdeɛ bɔtɔ bɔ ne nkyɛn mu ka wɔn ho. Wɔba bɛgyinaa kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no ho.
3 以色列 神的荣耀本在基路伯上,现今从那里升到殿的门槛。 神将那身穿细麻衣、腰间带着墨盒子的人召来。
Na Israel Onyankopɔn animuonyam pagyaa ne ho firi Kerubim no so, baabi a na anka ɛwɔ no, kɔɔ asɔredan no ɛkwan ano. Afei Awurade frɛɛ ɔbarima a na ɔfira nwera na atwerɛdeɛ bɔtɔ bɔ ne nkyɛn mu no
4 耶和华对他说:“你去走遍耶路撒冷全城,那些因城中所行可憎之事叹息哀哭的人,画记号在额上。”
ka kyerɛɛ no sɛ, “Nante fa Yerusalem kuropɔn nyinaa mu na fa ahyɛnsodeɛ keka wɔn a wosu na wodi awerɛhoɔ wɔ akyiwadeyɛ a ɛkɔ so nyinaa ho no moma so.”
5 我耳中听见他对其余的人说:“要跟随他走遍全城,以行击杀。你们的眼不要顾惜,也不要可怜他们。
Meretie no, ɔka kyerɛɛ wɔn a aka no sɛ, “Monni nʼakyi mfa kuropɔn no mu na monkunkum, a monnkyerɛ ahummɔborɔ anaa tema biara.
6 要将年老的、年少的,并处女、婴孩,和妇女,从圣所起全都杀尽,只是凡有记号的人不要挨近他。”于是他们从殿前的长老杀起。
Monkunkum nkɔkoraa, mmeranteɛ ne mmaayewa, mmaa ne mmɔfra, nanso mommfa mo nsa nka obi a ɔwɔ ahyɛnsodeɛ no. Momfiri aseɛ wɔ me kronkronbea hɔ.” Enti wɔde mpanimfoɔ a wɔwɔ asɔredan no anim no hyɛɛ aseɛ.
7 他对他们说:“要污秽这殿,使院中充满被杀的人。你们出去吧!”他们就出去,在城中击杀。
Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mongu asɔredan no ho fi na momfa wɔn a wɔakunkum wɔn no nhyɛ adihɔ hɔ ma. Monkɔ!” Enti wɔkɔɔeɛ, na wɔhyɛɛ aseɛ kunkumm nnipa wɔ Yerusalem kuropɔn no mu nyinaa.
8 他们击杀的时候,我被留下,我就俯伏在地,说:“哎!主耶和华啊,你将忿怒倾在耶路撒冷,岂要将以色列所剩下的人都灭绝吗?”
Ɛberɛ a wɔrekunkum na aka me nko ara no, mebutuu hɔ suiɛ sɛ, “Aa Otumfoɔ Awurade! Worebɛsɛe Israel nkaeɛfoɔ yi nyinaa ɛsiane wʼabufuhyeɛ a aba Yerusalem soɔ yi enti anaa?”
9 他对我说:“以色列家和犹大家的罪孽极其重大。遍地有流血的事,满城有冤屈,因为他们说:‘耶和华已经离弃这地,他看不见我们。’
Na ɔbuaa me sɛ, “Israelfoɔ ne Yuda amumuyɛ dɔɔso dodo; mogyahwiegu ahyɛ asase no so ma na ntɛnkyea ahyɛ asase no so ma. Wɔka sɛ, ‘Awurade agya asase no; Awurade nhunu.’
10 故此,我眼必不顾惜,也不可怜他们,要照他们所行的报应在他们头上。”
Ɛno enti, merenhunu wɔn mmɔbɔ na meremma wɔmmfa wɔn ho nni, na mɛma deɛ wɔayɛ no abɔ wɔn ankasa tiri so.”
11 那穿细麻衣、腰间带着墨盒子的人将这事回复说:“我已经照你所吩咐的行了。”
Afei, ɔbarima a ɔfira nwera na atwerɛdeɛ bɔ ne nkyɛn mu no de nkra baeɛ sɛ, “Mayɛ sɛdeɛ wohyɛeɛ no.”