< 以西结书 9 >
1 他向我耳中大声喊叫说:“要使那监管这城的人手中各拿灭命的兵器前来。”
Afei metee sɛ ɔde nne kɛse teɛ mu se, “Momfa kuropɔn no awɛmfo no mmra ha, a obiara kura akode.”
2 忽然有六个人从朝北的上门而来,各人手拿杀人的兵器;内中有一人身穿细麻衣,腰间带着墨盒子。他们进来,站在铜祭坛旁。
Mihuu sɛ mmarima baasia fi atifi pon a ɛkyerɛ atifi fam reba, na obiara kura awudi akode. Na ɔbarima bi a ofura nwera na nkyerɛwde kotoku bɔ ne nkyɛn mu ka wɔn ho. Wɔba begyinaa kɔbere mfrafrae afɔremuka no ho.
3 以色列 神的荣耀本在基路伯上,现今从那里升到殿的门槛。 神将那身穿细麻衣、腰间带着墨盒子的人召来。
Na Israel Nyankopɔn anuonyam maa ne ho so fi kerubim no so, faako a na anka ɛwɔ no, kɔɔ asɔredan no kwan ano. Afei Awurade frɛɛ ɔbarima a na ofura nwera na nkyerɛwde kotoku bɔ ne nkyɛn mu no
4 耶和华对他说:“你去走遍耶路撒冷全城,那些因城中所行可憎之事叹息哀哭的人,画记号在额上。”
ka kyerɛɛ no se, “Nantew fa Yerusalem nkuropɔn nyinaa mu na fa agyiraehyɛde keka wɔn a wosu na wodi awerɛhow wɔ akyiwadeyɛ a ɛkɔ so nyinaa ho no moma so.”
5 我耳中听见他对其余的人说:“要跟随他走遍全城,以行击杀。你们的眼不要顾惜,也不要可怜他们。
Meretie no, ɔka kyerɛɛ wɔn a aka no se, “Munni nʼakyi mfa kuropɔn no mu na munkunkum, a monnkyerɛ ahummɔbɔ anaa ɔtema biara.
6 要将年老的、年少的,并处女、婴孩,和妇女,从圣所起全都杀尽,只是凡有记号的人不要挨近他。”于是他们从殿前的长老杀起。
Munkunkum nkwakoraa, mmerante ne mmeawa, mmea ne mmofra, nanso mommfa mo nsa nka obi a ɔwɔ agyiraehyɛde no. Mumfi ase wɔ me kronkronbea hɔ.” Enti wɔde mpanyimfo a wɔwɔ asɔredan no anim no fii ase.
7 他对他们说:“要污秽这殿,使院中充满被杀的人。你们出去吧!”他们就出去,在城中击杀。
Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mungu asɔredan no ho fi na momfa wɔn a wɔakunkum wɔn no nhyɛ adiwo hɔ ma. Monkɔ!” Enti wɔkɔe, na wofii ase kunkum nnipa wɔ Yerusalem kuropɔn no mu nyinaa.
8 他们击杀的时候,我被留下,我就俯伏在地,说:“哎!主耶和华啊,你将忿怒倾在耶路撒冷,岂要将以色列所剩下的人都灭绝吗?”
Bere a wɔrekunkum na aka me nko ara no, mibutuw hɔ sui se, “Aa, Otumfo Awurade! Worebɛsɛe Israel nkae yi nyinaa esiane wʼabufuwhyew a aba Yerusalem so yi nti ana?”
9 他对我说:“以色列家和犹大家的罪孽极其重大。遍地有流血的事,满城有冤屈,因为他们说:‘耶和华已经离弃这地,他看不见我们。’
Na obuaa me se, “Israelfi ne Yuda amumɔyɛ dɔɔso dodo; mogyahwiegu ahyɛ asase no so ma na ntɛnkyew ahyɛ asase no so ma. Wɔka se, ‘Awurade agyaw asase no; Awurade nhu.’
10 故此,我眼必不顾惜,也不可怜他们,要照他们所行的报应在他们头上。”
Ɛno nti, merenhu wɔn mmɔbɔ na meremma wɔmmfa wɔn ho nni, na mɛma nea wɔayɛ no abɔ wɔn ankasa ti so.”
11 那穿细麻衣、腰间带着墨盒子的人将这事回复说:“我已经照你所吩咐的行了。”
Afei ɔbarima a ofura nwera na nkyerɛwe ade bɔ ne nkyɛn mu no de nkra bae se, “Mayɛ sɛnea wohyɛe no.”