< 申命记 10 >

1 “那时,耶和华吩咐我说:‘你要凿出两块石版,和先前的一样,上山到我这里来,又要做一木柜。
Saa ɛberɛ no, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Twa aboɔ ɛpono no mmienu te sɛ kane deɛ no na foro bra me nkyɛn wɔ bepɔ no so. Afei, yɛ dua adaka a wobɛkora wɔ mu.
2 你先前摔碎的那版,其上的字我要写在这版上;你要将这版放在柜中。’
Mɛtwerɛ nsɛm a metwerɛ guu aboɔ ɛpono mmienu a ɛdi ɛkan a wobubuu mu no bi pɛpɛɛpɛ agu so. Na wode ahyɛ adaka no mu.”
3 于是我用皂荚木做了一柜,又凿出两块石版,和先前的一样,手里拿这两块版上山去了。
Na mede dua okuo yɛɛ adaka, senee aboɔ ɛpono mmienu sɛ kane deɛ no, na meforoo bepɔ no a apono mmienu no kura me nsam.
4 耶和华将那大会之日、在山上从火中所传与你们的十条诫,照先前所写的,写在这版上,将版交给我了。
Awurade twerɛɛ Mmaransɛm Edu no a ɔdii ɛkan twerɛ firii ogya mu wɔ bepɔ no so wɔ mo nhyiamu ase no guu apono no so. Na Awurade de maa me.
5 我转身下山,将这版放在我所做的柜中,现今还在那里,正如耶和华所吩咐我的。” (
Na mesiane firii bepɔ no so na mede aboɔ apono no bɛhyɛɛ adaka a meyɛeɛ no mu sɛdeɛ Awurade hyɛɛ me sɛ menyɛ no, na ɛwɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.
6 以色列人从比罗比尼·亚干起行,到了摩西拉。亚伦死在那里,就葬在那里。他儿子以利亚撒接续他供祭司的职分。
Na Israelfoɔ tu firii Beerot-Bene-Yaakan kɔɔ Mosera. Ɛhɔ na Aaron wuiɛ na wɔsiee no. Aaron babarima Eleasa sii nʼanan mu, dii ɔsɔfoɔ.
7 他们从那里起行,到了谷歌大,又从谷歌大到了有溪水之地的约巴他。
Wɔfiri hɔ no, wɔtu kɔɔ Gudgod. Wɔfiri Gudgod hɔ no, wɔkɔɔ Yotbata, asase a nsuo abu so wɔ so.
8 那时,耶和华将利未支派分别出来,抬耶和华的约柜,又侍立在耶和华面前事奉他,奉他的名祝福,直到今日。
Ɛhɔ na Awurade yii Lewifoɔ abusuakuo sɛ wɔnsoa Awurade apam adaka no na wɔnnyina Awurade anim nsom no na wɔmfa ne din so nhyira. Yeinom da so yɛ wɔn nnwuma de bɛsi ɛnnɛ.
9 所以利未人在他弟兄中无分无业,耶和华是他的产业,正如耶和华—你 神所应许他的。
Ne saa enti na Lewifoɔ no nni agyapadeɛ a wɔnya mu mfasodeɛ wɔ Israelfoɔ mmusuakuo mu no. Awurade no ankasa ne wɔn agyapadeɛ sɛdeɛ Awurade mo Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn no.
10 “我又像从前在山上住了四十昼夜。那次耶和华也应允我,不忍将你灭绝。
Sɛdeɛ maka dada no, metenaa bepɔ no so Awurade anim adaduanan awia ne anadwo ne mprenu so. Na bio, Awurade tiee me sufrɛ enti, wansɛe mo.
11 耶和华吩咐我说:‘你起来引导这百姓,使他们进去得我向他们列祖起誓应许所赐之地。’”
Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Sɔre na di ɔmanfoɔ no anim fa wɔn kɔ asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn agyanom no so na wɔmfa no sɛ agyapadeɛ.”
12 “以色列啊,现在耶和华—你 神向你所要的是什么呢?只要你敬畏耶和华—你的 神,遵行他的道,爱他,尽心尽性事奉他,
Enti Israel, ɛdeɛn na Awurade, mo Onyankopɔn, hwehwɛ afiri mo nkyɛn? Ɔhwehwɛ sɛ mosuro no na moyɛ nʼapɛdeɛ, na mode mo akoma ne mo kra nyinaa dɔ no na mosom no,
13 遵守他的诫命律例,就是我今日所吩咐你的,为要叫你得福。
na modi Awurade ahyɛdeɛ ne ne mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi so, na asi mo yie.
14 看哪,天和天上的天,地和地上所有的,都属耶和华—你的 神。
Ɔsorosoro mu soro ne asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade mo Onyankopɔn, dea.
15 耶和华但喜悦你的列祖,爱他们,从万民中拣选他们的后裔,就是你们,像今日一样。
Nanso, Awurade yii mo agyanom sɛ ne dɔ nhwɛsodeɛ. Na ɔyii mo a moyɛ wɔn asefoɔ gyaa ɔman biara sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi.
16 所以你们要将心里的污秽除掉,不可再硬着颈项。
Ɛno enti, momma wɔnte mo akoma mu na monnyae asoɔden no.
17 因为耶和华—你们的 神—他是万神之神,万主之主,至大的 神,大有能力,大而可畏,不以貌取人,也不受贿赂。
Awurade mo Onyankopɔn yɛ ahene mu hene ne anyame mu nyame. Ɔyɛ Onyankopɔn kokuroko, otumfoɔ ne ɔnwanwani a ɔnkyea nʼaso na ɔnnye adanmudeɛ nso.
18 他为孤儿寡妇伸冤,又怜爱寄居的,赐给他衣食。
Ɔbu nwisiaa ne akunafoɔ atɛntenenee. Ɔda ne dɔ adi kyerɛ ahɔhoɔ a wɔte mo mu. Ɔma wɔn aduane ne ntoma.
19 所以你们要怜爱寄居的,因为你们在埃及地也作过寄居的。
Mo nso, ɛsɛ sɛ modɔ ahɔhoɔ, ɛfiri sɛ, mo nso ɛberɛ bi na moyɛ ahɔhoɔ wɔ Misraim asase so.
20 你要敬畏耶和华—你的 神,事奉他,专靠他,也要指着他的名起誓。
Ɛsɛ sɛ modi Awurade mo Onyankopɔn ni na mosom no, na moka mo ho bata ne ho. Monka ntam wɔ ne din nko ara mu.
21 他是你所赞美的,是你的 神,为你做了那大而可畏的事,是你亲眼所看见的。
Ɔyɛ mo Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ mokamfo no. Ɔno na wayɛ anwanwadeɛ akɛseɛ a mo nyinaa ahunu bi.
22 你的列祖七十人下埃及;现在耶和华—你的 神使你如同天上的星那样多。”
Ɛberɛ a mo agyanom siane kɔɔ Misraim no, na wɔn dodoɔ yɛ aduɔson. Nanso afei, Awurade, mo Onyankopɔn ama moadɔre te sɛ ɔsoro nsoromma.

< 申命记 10 >