< 撒母耳记下 14 >
Na Yoab hunuu sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔhunu Absalom.
2 就打发人往提哥亚去,从那里叫了一个聪明的妇人来,对她说:“请你假装居丧的,穿上孝衣,不要用膏抹身,要装作为死者许久悲哀的妇人;
Enti, ɔsoma ma wɔkɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbaa nyansafoɔ bi a wagye edin yie brɛɛ no. Yoab ka kyerɛɛ no sɛ, “Hyɛ da yɛ wo ho sɛ wowɔ ayie mu, na fira ayitoma. Nnware anaa mfa aduhwam mpete wo ho nso. Yɛ wo ho sɛ ɔbaa a wadi awerɛhoɔ nna bebree.
3 进去见王,对王如此如此说。”于是约押将当说的话教导了妇人。
Na kɔ ɔhene nkyɛn kɔka asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi kyerɛ no.” Na Yoab kaa asɛm a ɔpɛ sɛ ɔbaa no kɔka no kyerɛɛ no.
4 提哥亚妇人到王面前,伏地叩拜,说:“王啊,求你拯救!”
Na Tekoani baa no duruu ɔhene no anim no, ɔhwee fam de nʼanim butuu fam teaam sɛ, “Ao Nana! Boa me!”
5 王问她说:“你有什么事呢?”回答说:“婢女实在是寡妇,我丈夫死了。
Ɔhene no bisaa no sɛ, “Ɛyɛ asɛm bɛn?” Ɔbuaa no sɛ, “Meyɛ okunafoɔ.
6 我有两个儿子,一日在田间争斗,没有人解劝,这个就打死那个。
Me mma baanu kɔdii ako wɔ akono. Na ɛsiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔbɛpata ɔko no enti, wɔkumm wɔn mu baako.
7 现在全家的人都起来攻击婢女,说:‘你将那打死兄弟的交出来,我们好治死他,偿他打死兄弟的命,灭绝那承受家业的。’这样,他们要将我剩下的炭火灭尽,不与我丈夫留名留后在世上。”
Nanso, abusua no nkaeɛ no bisaa sɛ, ‘Ma yɛn nsa nka wo ba no. Yɛbɛkum no, ɛfiri sɛ, woakum ne nuabarima. Ɔmfata sɛ ɔbɛdi efie agyapadeɛ so.’ Na sɛ meyɛ saa nso a, na menni obiara a waka, na me kunu din ne me fie bɛyera wɔ asase so ha.”
Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyae asɛm no ma me. Kɔ efie na mɛhwɛ sɛ obiara remfa ne nsa nka no.”
9 提哥亚妇人又对王说:“我主我王,愿这罪归我和我父家,与王和王的位无干。”
Ɔkaa sɛ, “Ao, me wura, meda wo ase. Na sɛ mmoa a woaboa me yi enti, sɛ obi kasa tia wo a, mɛfa ho soboɔ no.”
10 王说:“凡难为你的,你就带他到我这里来,他必不再搅扰你。”
Ɔhene no kaa sɛ, “Mma yei nha wo. Sɛ nnipa bi mpene a, fa wɔn brɛ me wɔ ha. Na mɛtumi ama wo awerɛhyɛmu sɛ, obiara nwiinwii wɔ ho bio.”
11 妇人说:“愿王记念耶和华—你的 神,不许报血仇的人施行灭绝,恐怕他们灭绝我的儿子。”王说:“我指着永生的耶和华起誓:你的儿子连一根头发也不致落在地上。”
Afei, ɔbaa no kaa sɛ, “Fa Awurade, wo Onyankopɔn, no din ka ntam kyerɛ me sɛ, woremma obiara ntɔ me babarima no so were. Merenhwehwɛ mogyahwieguo bio.” Ɔhene no nso kaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, wo ba no tirinwi a ɛwɔ ne tiri so mu baako mpo ho renka.”
12 妇人说:“求我主我王容婢女再说一句话。”王说:“你说吧!”
Afei, ɔbaa no kaa sɛ, “Ma wo ɔsomfoɔ nka biribi nkyerɛ me wura ɔhene.” Ɔbuaa sɛ, “Kɔ so kasa.”
13 妇人说:“王为何也起意要害 神的民呢?王不使那逃亡的人回来,王的这话就是自证己错了!
Ɔbaa no bisaa sɛ, “Adɛn enti na wonyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfoɔ sɛdeɛ wɔahyɛ bɔ sɛ wobɛyɛ ama me no. Woabu wo ho fɔ sɛ woasi saa gyinaeɛ yi. Wompɛ sɛ woma wʼankasa wo ba a wɔatwa no asuo no ba efie.
14 我们都是必死的,如同水泼在地上,不能收回。 神并不夺取人的性命,乃设法使逃亡的人不致成为赶出、回不来的。
Sɛ ɛkɔsi sɛn ara, obiara bɛwu. Na sɛdeɛ nsuo hwie gu fam a wosesa a ɛnyɛ yie no, saa ara na nkwa teɛ. Ɛno enti na Onyankopɔn sane de yɛn ba ne nkyɛn ɛberɛ a yɛate yɛn ho afiri ne ho no. Wɔn a ɔhwɛ wɔn no, ɔmma wɔnnhwere wɔn kra; enti wo nso, ɛnsɛ sɛ woyɛ saa.
15 我来将这话告诉我主我王,是因百姓使我惧怕。婢女想,不如将这话告诉王,或者王成就婢女所求的。
“Na maba sɛ merebɛdi ama me babarima, ɛfiri sɛ, wɔde owuo hunahuna me ne me ba no. Meka kyerɛɛ me ho sɛ, ‘Ebia, ɔhene bɛtie me,
16 人要将我和我儿子从 神的地业上一同除灭,王必应允救我脱离他的手。
na wagye yɛn afiri wɔn a wɔbɛtwa yɛn afiri Onyankopɔn nkurɔfoɔ ho no nsam.’
17 婢女又想,我主我王的话必安慰我;因为我主我王能辨别是非,如同 神的使者一样。惟愿耶和华—你的 神与你同在!”
“Aane, ɔhene no bɛma yɛn asomdwoeɛ bio. ‘Menim sɛ wote sɛ Onyankopɔn ɔbɔfoɔ a wobɛtumi ahunu papa ne bɔne ntam nsonsonoeɛ. Awurade, wo Onyankopɔn, nka wo ho.’”
18 王对妇人说:“我要问你一句话,你一点不要瞒我。”妇人说:“愿我主我王说。”
Ɔhene bisaa sɛ, “Mepɛ sɛ mehunu adeɛ baako.” Ɔbaa no kaa sɛ, “Ɛyɛ ɛdeɛn, me wura?”
19 王说:“你这些话莫非是约押的主意吗?”妇人说:“我敢在我主我王面前起誓:王的话正对,不偏左右,是王的仆人约押吩咐我的,这些话是他教导我的。
Na ɔhene no bisaa sɛ, “Yoab na ɔsomaa wo ha anaa?” Ɔbaa no buaa sɛ, “Me wura, Daasebrɛ, ɛbɛyɛ dɛn na matwa yei ho atorɔ? Obiara ntumi mfa biribiara nhinta wo. Ɛyɛ nokorɛ sɛ Yoab na ɔsomaa me, na ɔkyerɛɛ me asɛm a menka.
20 王的仆人约押如此行,为要挽回这事。我主的智慧却如 神使者的智慧,能知世上一切事。”
Ɔyɛɛ saa, sɛdeɛ mɛfa ɛkwan foforɔ so de saa asɛm yi ato wʼanim. Na wo nso, wonim nyansa te sɛ Onyankopɔn ɔbɔfoɔ, na biribiara a ɛsi yɛn ntam ha no nso, wote aseɛ.”
21 王对约押说:“我应允你这事。你可以去,把那少年人押沙龙带回来。”
Enti, ɔhene no soma ma wɔkɔfaa Yoab baeɛ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ, kɔ na kɔfa aberanteɛ Absalom bra.”
22 约押就面伏于地叩拜,祝谢于王,又说:“王既应允仆人所求的,仆人今日知道在我主我王眼前蒙恩了。”
Yoab hwee ɔhene no nan ase, hyiraa no sɛ, “Ne korakora mu no, woapene me so, na woayɛ mʼabisadeɛ ama me.”
23 于是约押起身往基述去,将押沙龙带回耶路撒冷。
Na Yoab kɔɔ Gesur kɔfaa Absalom baa Yerusalem.
24 王说:“使他回自己家里去,不要见我的面。”押沙龙就回自己家里去,没有见王的面。
Nanso, ɔhene maa ahyɛdeɛ yi sɛ, “Absalom tumi kɔ ɔno ankasa ne fie, nanso ɔnhwɛ na wamma mʼanim ha.” Enti, Absalom anhunu ɔhene no.
25 以色列全地之中,无人像押沙龙那样俊美,得人的称赞,从脚底到头顶毫无瑕疵。
Israel nyinaa, na obiara nni hɔ a ne ho yɛ fɛ, te sɛ Absalom. Ɛfiri ne tiri so kɔsi ne nan ase, na wohunu sɛ ɔyɛ ɔbarima ankasa.
26 他的头发甚重,每到年底剪发一次;所剪下来的,按王的平称一称,重二百舍客勒。
Afe biara, na ɔyi ne ti pɛnkorɔ, ɛfiri sɛ, ne nwi no yɛ adesoa ma no. Na sɛ ɔyi na ɔkari a, na ɛyɛ kilogram mmienu ne fa.
27 押沙龙生了三个儿子,一个女儿。女儿名叫她玛,是个容貌俊美的女子。
Na ɔwɔ mmammarima baasa ne ɔbabaa baako. Na ne babaa no din de Tamar. Na Tamar nso kura ahoɔfɛ a ɛmma ɔka.
Absalom tenaa Yerusalem mfeɛ mmienu a wanhunu ɔhene no da.
29 押沙龙打发人去叫约押来,要托他去见王,约押却不肯来。第二次打发人去叫他,他仍不肯来。
Afei, Absalom soma kɔfrɛɛ Yoab sɛ ɔnkɔka bi mma no, nanso Yoab ankɔ. Absalom somaa ne mprenu so, nanso Yoab ankɔ.
30 所以押沙龙对仆人说:“你们看,约押有一块田,与我的田相近,其中有大麦,你们去放火烧了。”押沙龙的仆人就去放火烧了那田。
Ɛno enti, Absalom ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ sɛ, “Monkɔ na momfa ogya nkɔto Yoab atokoɔ afuo a ɛbɛn me deɛ no ho mu.” Na wɔde ogya kɔtoo afuo no mu, sɛdeɛ Absalom hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.
31 于是约押起来,到了押沙龙家里,问他说:“你的仆人为何放火烧了我的田呢?”
Na Yoab baa Absalom nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn enti na wʼasomfoɔ akɔto mʼafuo mu ogya?”
32 押沙龙回答约押说:“我打发人去请你来,好托你去见王,替我说:‘我为何从基述回来呢?不如仍在那里。’现在要许我见王的面;我若有罪,任凭王杀我就是了。”
Na Absalom buaa no sɛ, “Ɛfiri sɛ, na mepɛ sɛ wokɔbisa ɔhene ma me sɛ, adɛn enti na ɔmaa me sane firi Gesur baeɛ, nanso ɔmpɛ sɛ ɔhunu mʼanim koraa? Ɛnneɛ, sɛ anka metenaa me dada mu hɔ ara a, anka ɛyɛ. Ma menhunu ɔhene no, na sɛ medi fɔ wɔ biribi ho a, ɔtumi kum me.”
33 于是约押去见王,将这话奏告王,王便叫押沙龙来。押沙龙来见王,在王面前俯伏于地,王就与押沙龙亲嘴。
Enti, Yoab kaa asɛm a Absalom aka akyerɛ no no kyerɛɛ ɔhene no. Afei, Dawid frɛɛ ne ba a wate ne ho no, ma ɔbaa nʼanim. Absalom bɛduruu ɔhene no anim no, ɔbɔɔ ne mu ase, na Dawid fee nʼano.