< 撒母耳记上 5 >
Filistifoɔ no faa Onyankopɔn Apam Adaka no akyi, wɔmaa so firii Ebeneser akono hɔ kɔɔ kuropɔn Asdod mu.
2 非利士人将 神的约柜抬进大衮庙,放在大衮的旁边。
Wɔsoaa Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Dagon abosonnan mu. Wɔde kɔsii ohoni Dagon nkyɛn.
3 次日清早,亚实突人起来,见大衮仆倒在耶和华的约柜前,脸伏于地,就把大衮仍立在原处。
Nanso, ɛberɛ a adeɛ kyeeɛ a Asdod kuro mma no kɔhwɛeɛ no, na Dagon ahwe fam wɔ Awurade Apam Adaka no anim a nʼanim butu fam. Enti, wɔmaa ohoni no so gyinaa hɔ bio.
4 又次日清早起来,见大衮仆倒在耶和华的约柜前,脸伏于地,并且大衮的头和两手都在门槛上折断,只剩下大衮的残体。(
Nanso, adeɛ kyee anɔpa no, na asɛm korɔ no ara asi bio. Na Dagon no ahwe fam wɔ Awurade Apam Adaka no anim a nʼanim butu fam. Saa ɛberɛ yi deɛ, na ne ti ne ne nsa abubu afiri so deda ɛpono ano. Ne kuntunsini na na aka da hɔ a ammubu.
5 因此,大衮的祭司和一切进亚实突、大衮庙的人都不踏大衮庙的门槛,直到今日。)
Ɛno enti na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Dagon asɔfoɔ anaa obiara a ɔbɛwura abosonnan mu hɔ no ntia aponnwa no so no.
6 耶和华的手重重加在亚实突人身上,败坏他们,使他们生痔疮。亚实突和亚实突的四境都是如此。
Na Awurade maa mpɔmpɔ bobɔɔ Asdodfoɔ ne ne mpɔtam hɔfoɔ no.
7 亚实突人见这光景,就说:“以色列 神的约柜不可留在我们这里,因为他的手重重加在我们和我们神大衮的身上”;
Ɛberɛ Asdodfoɔ hunuu asɛm a aba no, wɔkaa sɛ, “Yɛrentumi mma Onyankopɔn Apam Adaka no ntena yɛn nkyɛn. Ɔtia yɛn! Ɔbɛsɛe yɛn ne yɛn nyame, Dagon nyinaa.”
8 就打发人去请非利士的众首领来聚集,问他们说:“我们向以色列 神的约柜应当怎样行呢?”他们回答说:“可以将以色列 神的约柜运到迦特去。”于是将以色列 神的约柜运到那里去。
Enti, wɔfrɛɛ Filistifoɔ nkuropɔn enum mu sodifoɔ nyinaa bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ Israel Onyankopɔn Apam Adaka yi?” Sodifoɔ no susuu asɛm no ho na wɔbuaa sɛ, “Momfa Israel Onyankopɔn Apam Adaka no nkɔ Gat.” Enti, wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Gat.
9 运到之后,耶和华的手攻击那城,使那城的人大大惊慌,无论大小都生痔疮。
Nanso, ɛberɛ a Onyankopɔn Apam Adaka no duruu Gat no, Awurade maa mpɔmpɔ bobɔɔ kuro no mufoɔ, mpanin ne mmɔfra, na wɔsuroo yie.
10 他们就把 神的约柜送到以革伦。 神的约柜到了,以革伦人就喊嚷起来说:“他们将以色列 神的约柜运到我们这里,要害我们和我们的众民!”
Enti, wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Ekron kuropɔn mu, na wɔde rewura hɔ no, Ekronfoɔ no suu sɛ, “Wɔde Israel Onyankopɔn Apam Adaka no reba yɛn nkyɛn de abɛkunkum yɛn nso.”
11 于是打发人去请非利士的众首领来,说:“愿你们将以色列 神的约柜送回原处,免得害了我们和我们的众民!”原来 神的手重重攻击那城,城中的人有因惊慌而死的;
Enti, nnipa frɛɛ sodifoɔ no bio, srɛɛ wɔn sɛ, “Monsane mfa Onyankopɔn Apam Adaka no mfiri ha nkɔ ne ɔman mu, anyɛ saa a, ɛbɛkunkum yɛn nyinaa.” Saa ɛberɛ no na ɔyaredɔm a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn no ahyɛ aseɛ dada ama huboa abɛtɔ kuropɔn no so.
12 未曾死的人都生了痔疮。合城呼号,声音上达于天。
Wɔn a wɔanwuwu no, wɔmaa mpɔmpɔ bobɔɔ wɔn. Na agyaadwotwa baa baabiara.