< 列王纪上 4 >
Enti Ɔhene Salomo dii Israel nyinaa so hene.
Na eyinom ne ne mpanyimfo: Sadok babarima Asaria.
3 示沙的两个儿子以利何烈、亚希亚作书记,亚希律的儿子约沙法作史官,
Sisa mmabarima Elihoref ne Ahiya na na wɔyɛ asennii akyerɛwfo no. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehye abakɔsɛm kyerɛwfo.
4 耶何耶大的儿子比拿雅作元帅,撒督和亚比亚他作祭司长,
Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ asraafo so sahene no; Sadok ne Abiatar na na wɔyɛ asɔfo.
5 拿单的儿子亚撒利雅作众吏长,王的朋友拿单的儿子撒布得作领袖,
Natan babarima Asaria na na ɔyɛ amansin amradofo titenani. Natan babarima Sabud a na ɔyɛ ɔsɔfo no, na na ɔyɛ ɔhene fotufo a ɔde ne ho to ne so.
6 亚希煞作家宰,亚比大的儿子亚多尼兰掌管服苦的人。
Ahisar na na ɔyɛ ahemfi sohwɛfo. Abda babarima Adoniram na na ɔhwɛ adwumayɛfo so.
7 所罗门在以色列全地立了十二个官吏,使他们供给王和王家的食物,每年各人供给一月。
Na Salomo wɔ amansin amradofo dumien wɔ Israel nyinaa mu. Na wɔn adwuma ne sɛ, wogye nnuan fi ɔmanfo nkyɛn de kɔma ahemfifo. Wɔn mu biara hwɛ di saa dwuma yi ɔsram baako wɔ afe biara mu.
Saa amradofo dumien no din na edidi so yi: Na Ben-Hur wɔ Efraim bepɔw asase so.
9 在玛迦斯、沙宾、伯·示麦、以伦·伯·哈南有便·底甲;
Na Ben-Deker hwɛ Makas, Saalbim, Bet-Semes ne Elon-Bet-Hanan so.
Na Ben-Hesed hwɛ Arubot a Soko ne nsase a ɛwɔ Hefer nyinaa ka ho no so.
11 在多珥山冈有便·亚比拿达,他娶了所罗门的女儿她法为妻;
Na Ben-Abinadab wɔ Nafat-Dor. (Ɔwaree Salomo babea Tafat).
12 在他纳和米吉多,并靠近撒拉他拿、耶斯列下边的伯·善全地,从伯·善到亚伯·米何拉直到约念之外,有亚希律的儿子巴拿;
Na Ahilud babarima Baana hwɛ Taanak ne Megido ne Bet-Sean a ɛbɛn Saretan a ɛwɔ Yesreel anafo ne nkurow a efi Bet-Sean, de kosi Abel-Mehola, tra kosi Yokmeam akyi no so.
13 在基列的拉末有便·基别,他管理在基列的玛拿西子孙睚珥的城邑,巴珊的亚珥歌伯地的大城六十座,都有城墙和铜闩;
Na Ben-Geber wɔ Ramot-Gilead, a Yair nkurow a wɔde too Manase babarima Yair a ɛwɔ Gilead ka ho, wɔ Argob mantam a ɛwɔ Basan a nkuropɔn aduosia a wɔde kɔbere apon asisi ano no ka ho.
Na Ido babarima Abinadab wɔ Mahanaim.
15 在拿弗他利有亚希玛斯,他也娶了所罗门的一个女儿巴实抹为妻;
Na Ahimaas wɔ Naftali. Ɔno nso waree Salomo babea Basmat.
Na Husai babarima Baana wɔ Aser ne Alot.
Na Parua babarima Yehosafat wɔ Isakar.
Na Ela babarima Simei wɔ Benyamin.
19 在基列地,就是从前属亚摩利王西宏和巴珊王噩之地,有乌利的儿子基别一人管理。
Na Uri babarima Geber wɔ Gilead asase so a Amorihene Sihon ne Basanhene Og amantam ka ho. Na amrado baako pɛ na ɔhwɛ Yuda asase so.
20 犹大人和以色列人如同海边的沙那样多,都吃喝快乐。
Na nnipa a wɔwɔ Yuda ne Israel no dodow te sɛ mpoano nwea. Nea wonya di ne nea wonya nom no, na wɔn ani sɔ.
21 所罗门统管诸国,从大河到非利士地,直到埃及的边界。所罗门在世的日子,这些国都进贡服事他。
Salomo dii ahemman nyinaa so, fi Asubɔnten Eufrate kosi Filistifo asase so, de kosi Misraim hye so. Na nnipa a wadi wɔn so wɔ saa nsase no so no de sonkahiri brɛ Salomo, na wɔkɔɔ so som no ne nkwanna nyinaa.
22 所罗门每日所用的食物:细面三十歌珥,粗面六十歌珥,
Nnuan a na wohia daa wɔ Salomo ahemfi no yɛ asikresiam pa susukoraa ɔha ne aduonum ne atokosiam susukoraa ahaasa,
23 肥牛十只,草场的牛二十只,羊一百只,还有鹿、羚羊、狍子,并肥禽。
anantwi a wɔadodɔ wɔ buw mu du, anantwi a wɔde wura ayɛn wɔn aduonu, nguan anaa mmirekyi ɔha, atwe, nnowa, awansan ne nkokɔ a wɔadodɔ.
24 所罗门管理大河西边的诸王,以及从提弗萨直到迦萨的全地,四境尽都平安。
Na Salomo amantow no yɛ ahenni ahorow a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate atɔe fam nyinaa de fi Tifsa kosi Gasa. Na asomdwoe wɔ asase no so mmaa nyinaa.
25 所罗门在世的日子,从但到别是巴的犹大人和以色列人都在自己的葡萄树下和无花果树下安然居住。
Salomo nkwa nna mu nyinaa, Yuda ne Israel nyaa bammɔ tenaa ase asomdwoe mu. Na efi Dan kosi Beer-Seba no, na abusua biara wɔ ne fi ne ne bobe ne borɔdɔma mfikyifuw.
Na Salomo wɔ apɔnkɔdan mpem anan ma ne nteaseɛnam apɔnkɔ ne apɔnkɔ mpem dumien.
27 那十二个官吏各按各月供给所罗门王,并一切与他同席之人的食物,一无所缺。
Amansin mu amradofo na na wɔma ɔhene Salomo ne nʼasennii nnuan pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn ɔsram ɔsram nnuanma no mu.
28 众人各按各分,将养马与快马的大麦和干草送到官吏那里。
Na wɔde atoko ne sare a ɛho hia brɛ adehye apɔnkɔ no wɔ wɔn nnae.
29 神赐给所罗门极大的智慧聪明和广大的心,如同海沙不可测量。
Onyankopɔn maa Salomo nyansa, ntease ne nhumu a emu nni hwehwɛbea.
Nokware, na ne nyansa no boro anyansafo a wɔwɔ apuei ne anyansafo a wɔwɔ Misraim nyinaa nyansa so.
31 他的智慧胜过万人,胜过以斯拉人以探,并玛曷的儿子希幔、甲各、达大的智慧。他的名声传扬在四围的列国。
Na onim nyansa sen obiara a Esrahini Etan ne Heman ne Kalkol ne Darda a wɔyɛ Mahel mmabarima no ka ho. Na ne din hyetaa wɔ aman a atwa ne ho ahyia no so.
Obuu mmɛ mpem abiɛsa, na ɔkyerɛw nnwom apem ne anum.
33 他讲论草木,自黎巴嫩的香柏树直到墙上长的牛膝草,又讲论飞禽走兽、昆虫水族。
Na otumi ka afifide biara ho nsɛm, efi Lebanon sida so de kosi adwerɛ a efifi ɔfasu mpaapae mu so. Na otumi ka mmoa, nnomaa, mmoa a wɔwea fam ne nsumnam ho nsɛm nso.
34 天下列王听见所罗门的智慧,就都差人来听他的智慧话。
Enti na ahemfo a wɔwɔ aman afoforo so tu wɔn ananmusifo ba Salomo nkyɛn betie ne nyansasɛm no bi.