< 历代志上 23 >
1 大卫年纪老迈,日子满足,就立他儿子所罗门作以色列的王。
Ɛberɛ a Dawid bɔɔ akɔkoraa no, ɔyii ne babarima Salomo sɛ ɔno na ɔbɛdi Israel so ɔhene.
Dawid frɛfrɛɛ Israel amanyɛ ntuanofoɔ nyinaa ne asɔfoɔ, a Lewifoɔ ka ho sɛ, wɔmmra ahensie afahyɛ no ase.
3 利未人从三十岁以外的都被数点,他们男丁的数目共有三万八千;
Wɔkanee Lewifoɔ a wɔadi mfirinhyia aduasa anaa deɛ ɛboro saa, na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduasa nwɔtwe.
4 其中有二万四千人管理耶和华殿的事,有六千人作官长和士师,
Na Dawid kaa sɛ, “Wɔn mu mpem aduonu ɛnan bɛhwɛ Awurade Asɔredan no ho adwuma so. Mpem nsia bɛsom sɛ mpanimfoɔ ne atemmufoɔ.
5 有四千人作守门的,又有四千人用大卫所做的乐器颂赞耶和华。
Mpem ɛnan bɛyɛ apono ano ahwɛfoɔ na mpem ɛnan foforɔ de nnwontodeɛ a mayɛ no bɛkamfo Awurade.”
6 大卫将利未人革顺、哥辖、米拉利的子孙分了班次。
Na Dawid kyekyɛɛ Lewifoɔ no mu akuakuo de mmusuakuo a wɔyɛ Lewi mmammarima Gerson, Kohat ne Merari asefoɔ no din totoo wɔn so.
Gerson mmammarima ne: Libni ne Simei.
Libni asefoɔ no mu baasa yɛ: Yehiel (a ɔyɛ abusuapanin), Setam ne Yoɛl.
9 示每的儿子是示罗密、哈薛、哈兰三人。这是拉但族的族长。
Yeinom na na wɔyɛ Libni abusua no mpanimfoɔ. Na Simei asefoɔ baasa no ne Selomot, Hasiel ne Haran.
10 示每的儿子是雅哈、细拿、耶乌施、比利亚共四人。
Simei asefoɔ baanan a wɔaka no ne: Yahat, Sisa, Yeus ne Beria.
11 雅哈是长子,细撒是次子。但耶乌施和比利亚的子孙不多,所以算为一族。
Na Yahat yɛ ɔbapanin, na Sisa di Yahat akyi. Wɔfaa Yeus ne Beria sɛ abusua baako, ɛfiri sɛ, na wɔn mu biara nni mmammarima dodoɔ.
12 哥辖的儿子是暗兰、以斯哈、希伯伦、乌薛共四人。
Na Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ka Kohat asefoɔ no ho.
13 暗兰的儿子是亚伦、摩西。亚伦和他的子孙分出来,好分别至圣的物,在耶和华面前烧香、事奉他,奉他的名祝福,直到永远。
Amram mmammarima yɛ: Aaron ne Mose. Wɔyii Aaron ne nʼasefoɔ sɛ wɔnni nneɛma kronkron no ho dwuma, na wɔmmɔ afɔdeɛ wɔ Awurade anim, nsom Awurade, na wɔnhyira wɔ ne din mu daa daa.
14 至于神人摩西,他的子孙名字记在利未支派的册上。
Mose a ɔyɛ Onyankopɔn onipa no deɛ, wɔde ne mmammarima kaa Lewi abusuakuo ho.
Mose mmammarima no yɛ Gersom ne Elieser.
Na Sebuel a ɔyɛ abusuapanin no ka Gersom asefoɔ no ho.
17 以利以谢的儿子是利哈比雅。以利以谢没有别的儿子,但利哈比雅的子孙甚多。
Na Elieser wɔ ɔbabarima baako a wɔfrɛ no Rehabia a na ɔyɛ abusuapanin. Na Rehabia mmammarima yɛ bebree.
Na Selomit a ɔyɛ abusuapanin no ka Ishar asefoɔ no ho.
19 希伯伦的长子是耶利雅,次子是亚玛利亚,三子是雅哈悉,四子是耶加面。
Na Yeria a ɔyɛ abusuapanin, Amaria a ɔdi hɔ, Yahasiel a ɔtɔ so mmiɛnsa ne Yekameam a ɔtɔ so ɛnan no ne Hebron mmammarima no.
Na Mika a ɔyɛ abusuapanin ne Yisia a ɔdi hɔ no yɛ Usiel asefoɔ no.
21 米拉利的儿子是抹利、母示。抹利的儿子是以利亚撒、基士。
Na Mahli ne Musi yɛ Merari mmammarima. Mahli mmammarima ne: Eleasa ne Kis.
22 以利亚撒死了,没有儿子,只有女儿,他们本族基士的儿子娶了她们为妻。
(Eleasa wuiɛ a wanwo mmammarima biara, na mmom, mmammaa nko ara. Ne mmammaa no warewaree wɔn nuanom a wɔyɛ Kis mmammarima.)
Musi mmammarima baasa no din de: Mahli, Eder ne Yeremot.
24 以上利未子孙作族长的,照着男丁的数目,从二十岁以外,都办耶和华殿的事务。
Yeinom na na wɔn mmusua enti wɔyɛ Lewi asefoɔ, na wɔyɛ wɔn mmusua akuo no ntuanofoɔ a na wɔahwɛ atwerɛ wɔn din. Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara di mfirinhyia aduonu anaa deɛ ɛboro saa, ansa na waso Awurade fie som.
25 大卫说:“耶和华—以色列的 神已经使他的百姓平安,他永远住在耶路撒冷。
Na Dawid kaa sɛ, “Awurade, Israel Onyankopɔn ama yɛn asomdwoeɛ, na daa ɔbɛtena Yerusalem.
26 利未人不必再抬帐幕和其中所用的一切器皿了。”
Afei, ɛho nhia sɛ Lewifoɔ no bɛsoa Ahyiaeɛ Ntomadan no ne ne nkuku ne ne nkaka de adi atutena.”
27 照着大卫临终所吩咐的,利未人从二十岁以外的都被数点。
Sɛdeɛ Dawid no ara akwankyerɛ a ɛtwa toɔ no seɛ no, ɛsɛ sɛ wɔtwerɛ Lewifoɔ a wɔadi mfirinhyia aduonu ne deɛ ɛboro saa nyinaa din ma ɔsom.
28 他们的职任是服事亚伦的子孙,在耶和华的殿和院子,并屋中办事,洁净一切圣物,就是办 神殿的事务,
Na Lewifoɔ no adwuma ne sɛ, wɔbɛboa asɔfoɔ no a wɔyɛ Aaron asefoɔ no wɔ ɔsom nnwuma a wɔyɛ wɔ Awurade fie no mu. Afei, wɔbɛhwɛ adihɔ ne adan a ɛwɔ nkyɛnkyɛn no so. Na wɔbɛboa ahodwira nnwuma mu, na wɔasom akwan ahodoɔ so wɔ Onyankopɔn efie.
29 并管理陈设饼,素祭的细面,或无酵薄饼,或用盘烤,或用油调和的物,又管理各样的升斗尺度;
Na wɔhwɛ burodo kronkron a wɔkora no didipono so no, asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde bɔ aduane afɔdeɛ, taterɛ a mmɔreka nni mu, ɔfam a wɔde ngo dua sradeɛ akye ne burodo afoforɔ a wɔde afrafra no so. Afei, na wɔn asɛdeɛ bi nso ne sɛ, wɔhwɛ nsania ne susudua nso so.
Na anɔpa ne anwummerɛ biara nso, wɔgyina Awurade anim to aseda ne nkamfo nnwom ma no.
31 又在安息日、月朔,并节期,按数照例,将燔祭常常献给耶和华;
Wɔboa ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ ma Awurade homeda ahodoɔ mu wɔ Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ mu ne nnapɔnna nyinaa ho dwumadie mu. Ɛberɛ biara, na Lewifoɔ dodoɔ a ɛfata wɔ hɔ a wɔsom Awurade anim.
32 又看守会幕和圣所,并守耶和华吩咐他们弟兄亚伦子孙的,办耶和华殿的事。
Ɛno enti, Lewifoɔ no a na wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu kɔɔ so somm wɔ Asɔredan no mu. Na wɔde nokorɛdie yɛɛ wɔn som no nnwuma wɔ Awurade efie.