< 西番雅書 2 >

1 沒有廉恥的民族,在他們尚未像糠枇一樣被吹散之前,
Mommoaboa mo ho ano, mommoaboa mo ho ano, mo, animguaseman,
2 在上主的怒火尚未來到你們身上,在上主憤怒的日子尚未來到你們身上以前,你們聚首檢討吧!
ansa na bere a wɔahyɛ no adu, na da no resen te sɛ ntɛtɛ, ansa na Awurade abufuwhyew no aba mo so, ansa na Awurade abufuw da no aba mo so.
3 地上所有遵守衪法律的卑微人! 你們應求上主,你們要尋求公義,要尋求謙和,也許你們在上主憤怒的日子,能藏身免禍。
Monhwehwɛ Awurade, ahobrɛasefo a mowɔ asase so, mo a moyɛ nʼahyɛde. Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase; ebia ɔbɛkora mo so Awurade abufuw da no.
4 因為茄薩將被拋棄,阿市刻隆必被剷除。
Wobegyaw Gasa na wɔagyaw Askelon sɛ amamfo. Owigyinae na wɔbɛma Asdod ada mpa mu na wɔatutu Ekron ase.
5 禍哉! 沿海地帶的居民,革勒提民族! 看,這是木攻擊你們的話:培肋舍特地! 我要貶抑你,把你毀滅得再無固民!
Munnue, mo a mote mpoano, mo Keretifo; Awurade asɛm tia mo. Kanaan, Filistifo asase. Mɛtɔre mo ase, na obiara renka.
6 沿海地帶必將成為牧的牧場,羊群的羊棧。
Asase a ɛda mpoano, faako a Keretifo te bɛyɛ atenae ama nguanhwɛfo ne wɔn nguannan.
7 沿海地帶必將歸於猶大家的遺民;他們將沿著海濱放羊,晚上歇息在阿市刻隆的棧房,因為上主他們的天主必看顧他們,轉變他們的境遇。
Saa asase no bɛyɛ Yudafi nkae no de; ɛhɔ na wobenya mmoa adidibea. Anwummere, wɔbɛdeda wɔ Askelon afi mu. Na Awurade, wɔn Nyankopɔn bɛhwɛ wɔn, na ɔde wɔn ahonyade nyinaa bɛsan ama wɔn.
8 我聽到了摩阿布的辱罵,阿孟子民火詆詬;他們辱罵了我的百姓,欺凌了我的領域。
“Mate Moab nsopa ne Amonfo atweetwee; wɔn a wɔsopaa me nkurɔfo na wohunahunaa wɔn wɔ wɔn asase ho.
9 為此,我指著我的生命起誓──萬軍的上主,以色列天主火斷語:摩阿布必要像索多瑪,哈孟子民必要像哈摩辣,變為荊棘叢、監堆、荒野,直到永遠。我百姓的遺民要劫掠他們,我民族的殘餘,要佔領他們的產業。
Enti sɛ mete ase yi,” sɛnea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni, “Ampa ara Moab bɛyɛ sɛ Sodom, na Amonfo ayɛ sɛ Gomora, faako a nwura ne nkyene amoa wɔ, bɛyɛ asase a ɛda mpan afebɔɔ. Me man nkae bɛfow wɔn afa; me manfo a wobenya wɔn ti adidi mu no bɛfa wɔn asase.”
10 這事要臨到他們身上,是由於他們的的傲慢,因為他們辱罵欺凌了萬軍的上主的百姓。
Wɔn ahantan so akatua a wobenya ni, sɛ wɔyeyaw na wodi Asafo Awurade nkurɔfo ho fɛw nti.
11 上主必要威嚴地顯示給他們,因為衪要消滅地上的一切神衹;那時異邦各笆島嶼,各從自己的地方朝拜衪。
Awurade ho suro bɛba wɔn so bere a ɔbɛsɛe asase no so anyame nyinaa. Mpoano aman nyinaa bɛsɔre no, wɔ wɔn ankasa wɔn asase so.
12 連你們雇士人,也要為我的刀劍所刺透。
“Mo Etiopiafo nso, mʼafoa ano na wobekunkum mo.”
13 衪還要向北方伸出自己的手,為消滅亞述,使尼尼微化為荒地,像杪漠一樣乾旱。
Awurade bɛteɛ ne nsa wɔ atifi aman so na wasɛe Asiria, na wama Ninewe ada mpan koraa na so awo wosee sɛ nwea pradada so.
14 牲畜和窪地所有的走獸必要臥息息其中,鵜鴣和鵁鶄也棲宿在她的柱頭間,鴟梟在窗上啼叫,烏鴉停門檻上,因為人剝去了她以香柏做的裝飾:
Nguankuw ne anantwi bɛdeda hɔ, mmoadoma nyinaa. Sare so patu ne abonsamnoma bɛtena nʼadum no so. Wɔn su begyigye afa mfɛnsere mu, nnwiriwii besisiw apon ano akwan, mpuran a wɔde sida ayɛ no ho bɛdeda hɔ.
15 這就是那享樂安居,心想「只有我,沒有別人」的城市! 她如何竟成了荒野,成了野獸的棲所! 凡由她那裏經過的人,莫不嗤笑搖手。
Eyi ne kuropɔn a edi ahurusi na ɛte asomdwoe mu. Ɔhoahoaa ne ho se, “Me ne no, obiara nte sɛ me.” Hwɛ sɛnea atetew apansam, na ayɛ nkekammoa atenae! Obiara a otwa mu wɔ hɔ no serew no, him ne nsa fɛwdi so.

< 西番雅書 2 >