< 撒迦利亞書 9 >

1 神諭:上主的話臨於哈得辣客地,停在大馬士革,因為阿蘭的眼珠也像以色列的各支派一樣,是屬於上主的。
Nkɔmhyɛ: Awurade asɛm tia Hadrak asase na ɛbɛka Damasko ɛfiri sɛ, nnipa ne Israel mmusuakuo nyinaa ani wɔ Awurade so.
2 哈瑪特也要屬於衪的版圖,還有極其明智的漆東。
Na ɛbɛka Hamat a ɔne no bɔ hyeɛ; ɛbɛka Tiro ne Sidon, ɛwom sɛ wɔyɛ anyansafoɔ.
3 提洛為自己建築了碉堡,堆積的銀子多如塵土,金子像街市上的泥土。
Tiro asi abandenden ama ne ho; waboa dwetɛ ano te sɛ mfuturo, ne sikakɔkɔɔ ano te sɛ dɔteɛ a ɛwɔ mmɔntene so.
4 看,吾主必要佔據她,把她的財富拋入海中;她必為火所吞滅。
Nanso, Awurade bɛgye nʼahodeɛ nyinaa na wasɛe ne tumi a ɔwɔ wɔ ɛpo so, na wɔde ogya bɛhye no dworobɛɛ.
5 阿市克隆見了,必要害怕;迦薩也要極度戰憟,厄龍隆也是如此,因為依賴的,遭受了羞辱。
Askelon bɛhunu na wasuro Gasa de ɔyea bɛnukanuka ne mu, na Ekron nso saa ara, ɛfiri sɛ nʼanidasoɔ bɛsa. Gasa bɛhwere ne ɔhene na wɔbɛgya Askelon afituo.
6 迦薩的君王必要喪亡,阿市刻隆沒有人居住。當我這樣消除了培肋舍特人的傲慢,
Ananafoɔ bɛtena Asdod, na mɛtwa Filistifoɔ ahantan agu.
7 由他的口中除去血的祭肉,從他的牙齒間除去可憎的祭肉之後,他的遺民也必要歸屬於我們的天主,有如猶大中的一個家族;厄刻龍也必像耶步斯人。
Mɛyi mogya afiri wɔn ano, akyiwadeɛ nnuane nso mɛyi afiri wɔn ano. Nkaeɛfoɔ no bɛyɛ yɛn Onyankopɔn dea wɔbɛyɛ Yuda ntuanofoɔ, na Ekron bɛyɛ sɛ Yebusifoɔ.
8 我要我的自作營寨,防禦往來的人,不再讓殘暴者由他們中間經過,因為如今我要親眼防守。
Nanso mɛbɔ me Fie ho ban wɔ wɔn a wɔtetɛ bɔ korɔno ho. Ɔhyɛsofoɔ biara ntumi mfa me nkurɔfoɔ so bio, ɛfiri sɛ afei merewɛn.
9 熙雍女子,妳應盡量喜樂! 耶路撒冷女子,妳應該歡呼! 看,妳君王到妳這裏來,衪是正義的,勝利的,謙遜的,騎在驢上,騎在驢駒上。
Di ahurisie Ao, Ɔbabaa Sion! Team, Ɔbabaa Yerusalem! Hwɛ, wo ɔhene reba wo nkyɛn. Ɔtene na ɔwɔ nkwagyeɛ, ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumu ba so na ɔteɛ.
10 衪由厄弗辣因剷除戰車,從耶路撒冷除掉戰馬,作戰的弓箭也要被消滅;衪要向萬民宣佈和平,衪的權柄由這海到那海,從大河直到地極。
Mɛgye nteaseɛnam afiri Efraim ne akofoɔ apɔnkɔ afiri Yerusalem, na akodie tadua no wɔbɛbubu mu. Ɔbɛpae mu aka asomdwoeɛ nsɛm akyerɛ aman no. Nʼahennie bɛfiri ɛpo akɔka ɛpo ɛbɛfiri Asubɔnten no akɔpem nsase ano.
11 妳,熙雍女子! 因了妳盟約的血,我要從無水的地牢中釋放好的俘虜。
Na wo deɛ, ɛsiane me ne wo mogya apam no enti, mɛyi wo nneduafoɔ afiri amena a nsuo nni mu.
12 懷著希望的俘虜,必要回到妳這裏。熙雍女子! 我必雙倍償還妳在充軍之日所遭受的一切,
Monsane nkɔ mʼaban mu, Ao nneduafoɔ a mowɔ anidasoɔ; seesei mpo merebɔ mo nkaeɛ sɛ mɛhyɛ mo anan mu mmɔho.
13 因為我要以3作我張開的弓,以厄弗辣因作我弓上的箭。熙雍! 我要鼓勵妳的子民,使妳有如勇士的劍,為攻擊雅汪子民。
Mɛkoa Yuda sɛdeɛ mekoa me tadua na mede Efraim bɛhyɛ mu. Mɛkanyane wo mmammarima, Ao Sion, atia wo Hela mmammarima, na mɛyɛ wo sɛ ɔkofoɔ akofena.
14 上主必要在他們上面出現,像閃電一般射出衪的箭;吾主上主必要吹起號角,乘著南方的旋風前來。
Afei Awurade bɛda ne ho adi wɔn so; nʼagyan bɛtwa yerɛ te sɛ anyinam. Otumfoɔ Awurade bɛhyɛn totorobɛnto no; ɔbɛbɔ nsra wɔ atɔeɛ fam ahum mu,
15 萬軍的上主必保衛他們,使他們前進,踐踏石的人;他們必要喝他們的血,有如喝酒;飽享鮮血,有如祭壇的四角。
Asafo Awurade bɛyɛ ɛkyɛm ama wɔn. Wɔde ahwimmoɔ bɛsɛe na wɔde adi nkonim. Wɔbɛnom na wɔabobɔ mu sɛdeɛ wɔanom nsã; wɔbɛyɛ ma te sɛ kuruwa a wɔde pete afɔrebukyia ntweaso.
16 到那一天,上主他們的天主,必要拯救他們,要牧放衪的百姓,有如牧羊群;他們將如王冠上的寶石,在衪的地上閃爍。
Awurade wɔn Onyankopɔn, bɛgye wɔn saa ɛda no sɛ odwanhwɛfoɔ gye ne nnwan. Wɔbɛtwa nyinam nyinam wɔ nʼasase so, sɛ aboɔdemmoɔ a ɛbobɔ ahenkyɛ ho.
17 那時,此地是多麼幸福,多麼美麗! 五榖滋養少男;新酒培育少處女。
Sɛdeɛ wɔn ho bɛtwa na wɔn ho ayɛ fɛ afa! Aduane bɛma mmeranteɛ anyini ahoɔden so na nsã foforɔ bɛma mmabaawa anyini saa ara.

< 撒迦利亞書 9 >