< 撒迦利亞書 5 >
1 [第六個神視:飛卷]我又舉目觀看,望見有一飛卷。
Mehwɛɛ bio, na mehunuu nwoma mmobɔeɛ a ɛretu wɔ ewiem wɔ mʼanim!
2 他問我說:「你看見了什麼﹖」我說:「我見一本飛卷,長二十肘,寬十肘。」
Ɔbisaa me sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi?” Mebuaa sɛ, “Mehunu nwoma mmobɔeɛ a ɛnenam ewiem a ne tenten yɛ anammɔn aduasa, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn dunum.”
3 他對我說:「這是向全地面散發的詛咒:凡偷竊的,必要按這卷所記載的被除掉;凡起假誓的,也要按這卷所記載火被除掉。
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yei ne nnome a ɛreba asase yi so nyinaa; sɛdeɛ ɛfa baako kyerɛ no, wɔbɛpam ɔkorɔmfoɔ biara, na ɛfa baako nso kyerɛ sɛ, obiara a ɔka ntanhunu no, wɔbɛpam no.
4 我要發出這詛咒──萬軍上主的斷語──它必進入盜賊的家和指著我起誓的家,住在那人家中,將這家,連它的木枓和石頭一併毀滅。」[第七個神視:坐在厄法中的女人]
Asafo Awurade pae mu ka sɛ, ‘Meresoma nnome yi na ɛbɛhyɛn ɔkorɔmfoɔ ne obiara a ɔde me din ka ntanhunu no fie. Ɛbɛka efie hɔ na asɛe ne nnua ne aboɔ.’”
5 那與我談話的使者又出來對我說:「你要舉目觀看這出來的是什麼﹖」
Afei, ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no baa nʼanim bɛka kyerɛɛ me sɛ, “Ma wʼani so na hwɛ yei, deɛ ɛreba yi.”
6 我反問他說:「那是什麼﹖」他回答說:「這出來的是『厄法』。」他又說:「這表示人在全地上的罪惡。」
Mebisaa sɛ “Ɛyɛ ɛdeɛn?” Ɔbuaa sɛ, “Ɛyɛ kɛntɛn a wɔde susu nneɛma.” Ɔtoaa so sɛ, “nnipa a wɔwɔ ewiase yi mu bɔne ahyɛ no ma.”
7 看,鉛蓋揭開了,在『厄法』當中坐中著一個女人。
Afei wɔyii kɛntɛn no so sumpii mmuasoɔ no, na emu na na ɔbaa bi hyɛ!
8 他於是說:「這是罪惡。」遂把她再裝在『厄法』的口上。
Ɔkaa sɛ, “Yei yɛ atirimuɔdensɛm,” afei ɔkaa ɔbaa no hyɛɛ kɛntɛn no mu na ɔde sumpii mmuasoɔ no kataa no so.
9 我又舉目觀看,見有兩個女人出現,有風吹動她們的翅膀──她們的翅膀好像鶴鳥的翅膀──她們的將『厄法』提到天地之間。
Afei, memaa me tiri so mehunuu mmaa mmienu a wɔwɔ ntaban te sɛ asukɔnkɔn de danedane wɔn ho wɔ ewiem. Wɔmaa kɛntɛn no so kɔɔ ewiem, ɔsoro ne asase ntam.
10 我遂對那與我談話的使者說:「她們的將『厄法』帶到哪裏去﹖」
Mebisaa ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no sɛ, “Ɛhe na wɔde kɛntɛn no rekɔ?”
11 他回答我說:「要往史納爾地去,建造一座房屋;房屋一落成,就把它安置在那裏。」
Ɔbuaa sɛ, “Wɔde rekɔ Babilonia asase so akɔsi fie ama no. Na sɛ, wɔwie a, wɔde kɛntɛn no bɛkɔ akɔsi nʼafa.”