< 羅馬書 12 >

1 以弟兄們! 我以天主的仁慈請你們,獻上你們的身體當作生活、聖潔和悅樂天主的祭品:這才是你們合理的敬禮。
Ɛno enti, anuanom, ɛsiane Onyankopɔn ahummɔborɔ enti, mehyɛ mo sɛ momfa mo onipadua mmɔ afɔdeɛ a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Yei ne nokwasɛm a ɛsɛ sɛ mosɔ mu.
2 你們不可與此世同化,反而應以新的心思變化自己,為使你們能辨別什麼是天主的旨意,什麼是善事,什麼是悅樂天主的事,什麼是全的事。 (aiōn g165)
Monnyɛ mo ho sɛ ewiasefoɔ wɔ mo abrabɔ mu, na mmom, momma Onyankopɔn nsakra mo adwene wɔ mo mu, na moanya adwene foforɔ, na ɛnam so ama moahunu Onyankopɔn apɛdeɛ, deɛ ɛyɛ, deɛ ɛsɔ nʼani ne deɛ ɛwie pɛyɛ. (aiōn g165)
3 我因所賜給我的聖寵,告訴你們每一位:不可把自己估計得太高,而過了份;但因按天主所分與各人的信德尺度,估計得適中。
Na ɛsiane Onyankopɔn adom a ɔde ama me no enti, meka mekyerɛ mo nyinaa sɛ, monnnwene mo ho mma ɛmmoro sɛdeɛ ɛsɛ sɛ modwene, na mmom, monnwene mo ho ahobrɛaseɛ mu, na mo mu biara nnyina gyidie a Onyankopɔn de ama mo no so.
4 就如我們在一個身體上有許多肢體,但每個肢體,都有不同的作用;
Sɛdeɛ yɛn mu biara wɔ onipadua a ɛho akwaa yɛ bebree no, na saa akwaa yi mu biara wɔ dwuma a ɛdi no,
5 同樣,我們眾人在基督內,也都是一個身體,彼此之間,每個都是肢體。
saa ara na Kristo mu no yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ onipadua baako, na akwaa biara yɛ akwaa no nyinaa dea.
6 按我們各人所受的聖寵,各有不同的恩賜:如果是說預言,就應與信德相符合;
Yɛwɔ akyɛdeɛ ahodoɔ sɛdeɛ wɔde adom yɛn no. Sɛ obi akyɛdeɛ yɛ nkɔmhyɛ a, ma ɔnnyina ne gyidie so mfa nyɛ adwuma.
7 如果是服務,就應用在服務上;如果是教導,就應用在教導上;
Sɛ ɛyɛ ɔsom a, ma ɔnsom; Sɛ ɛyɛ nkyerɛkyerɛ a, ma ɔnkyerɛkyerɛ;
8 如果是勸勉,就應用在勸勉上;施與的,應該大方;監督的,應該殷勤;行慈善的,應該和言悅色。
Sɛ ɛsɛ sɛ yɛhyɛ afoforɔ nkuran a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa; sɛ ɛyɛ mmoa a ɔde boa afoforɔ a, ma ɔmfiri akoma pa mu nyɛ; sɛ ɛyɛ akwankyerɛ a, ma no mfa nsi nyɛ; sɛ ɛyɛ ayamyɛ a, ma ɔmfa anigyeɛ nyɛ.
9 愛情不可是虛偽的。你們當厭惡惡事,附和善事。
Ɛsɛ sɛ ɔdɔ yɛ nokorɛ turodoo. Monkyiri amumuyɛ. Mommata deɛ ɛyɛ ho.
10 論兄弟之愛,要彼此相親相愛;論尊敬,要彼此爭先。
Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho. Monni afoforɔ ni nsen mo ho.
11 論關懷,不可疏忽;論心神,要熱切;對於主,要衷心事奉。
Monkɔ so nyɛ nsi, monyɛ hye wɔ honhom mu, na momfa ahosɛpɛ nsom Awurade.
12 論望德,要喜樂;在困苦中,要忍耐;在祈禱上,要恒心;
Monnya anidasoɔ mu anigyeɛ, amanehunu mu boasetɔ, na momfa gyidie mmɔ mpaeɛ.
13 對聖者的急需,要分擔;對客人,要款待。
Mone Onyankopɔn nkurɔfoɔ a ahia wɔn no nkyɛ deɛ mo wɔ. Mommɔ ahɔhosom ho mmɔden.
14 迫害你們的,要祝福;只可祝福,示可詛咒。
Monhyira wɔn a wɔtaa mo no; Monhyira wɔn na monnnome wɔn.
15 應與善樂的一同善樂,與哭泣的一同哭泣。
Mo ne anigyefoɔ ani nnye, na mo ne asufoɔ nsu.
16 彼此要同心合意,不可心高妄想,卻要俯就卑微的人。不可自作聰明。
Mo ne afoforɔ ntena asomdwoeɛ mu. Monnyɛ ahantan, na mmom momfa mo ho mmɔ mmɔborɔfoɔ. Mommmu mo ho anyansafoɔ.
17 對人不可以惡報惡,對眾人要勉勵行善;
Mommfa bɔne ntua bɔne biara so ka. Monyɛ deɛ ɛbɛma nnipa de anidie ama mo.
18 如若可能,應盡力與眾人和睦相處。
Sɛ ɛbɛtumi a, mo fam deɛ, mo ne obiara ntena asomdwoeɛ mu.
19 諸位親愛的,你們不可為自己復仇,但應給天主的忿怒留有餘地,因為經上記載:『上主說:復仇是我的事,我必報復。』
Monntɔ wereɛ me nnamfonom, na mmom momma Onyankopɔn abufuo ho ɛkwan ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ, “Me na aweretɔ wɔ me, mɛtua ka,” Awurade na ɔseɛ.
20 所以:『如果你的仇人餓了,你要給他飯吃;渴了,應給他水喝,因為你這樣做,是將炭火堆在他頭上。』
Enti, “Sɛ ɛkɔm de wo ɔtamfoɔ a, ma no aduane nni; sɛ osukɔm de no a, ma no nsuo nnom. Na sɛ woyɛ saa a, woboaboa gyasramma ano gu nʼatifi.”
21 你不可為惡所勝,反應以善勝惡。
Mommma bɔne nni mo so. Mmom, momfa papa nni bɔne so.

< 羅馬書 12 >