< 詩篇 95 >

1 請大家前來向上主歡呼,齊向救助我們的磐石歌舞。
Mommra mma yɛnto dwom wɔ anigyeɛ so mma Awurade; momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ Botan no.
2 一齊到祂面前感恩讚頌,向祂歌唱聖詩,歡呼吟詠。
Momma yɛmfa aseda mmra nʼanim, na yɛmfa ahosɛpɛ nnwom mma no so.
3 因為上主是尊高的天主,是超越諸神的偉大聖主;
Ɛfiri sɛ, Awurade yɛ Onyankopɔn kɛseɛ, ɔhenkɛseɛ wɔ anyame nyinaa so.
4 大地深淵都在祂的手中,高山崚嶺都是祂的化工。
Ne nsam na asase mu nneɛma nyinaa wɔ, na mmepɔ mpampam wɔ no.
5 海洋屬於祂,因為是祂所創造;陸地屬於祂,因為是祂所形成。
Ɛpo wɔ no. Ɔno na ɔbɔeɛ, na ne nsa na ɛnwonoo asase kesee no.
6 請大家前來叩首致敬,向造我們的上主跪拜。
Mommra mma yɛnkoto nsom no. Momma yɛmmu nkotodwe wɔ Awurade yɛn Yɛfoɔ no anim!
7 因為祂是我們的真神,我們是祂牧養的人民,是祂親手引導的羊群。您們今天該聽從祂的聲音:
Ɔyɛ yɛn Onyankopɔn; yɛyɛ nʼadidibea nnipa, ne nnwankuo a ɔhwɛ wɔn so. Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a,
8 不要再像在默黎巴那樣心頑,也不要像在曠野中瑪撒那天!
mommpirim mo akoma sɛdeɛ moyɛɛ wɔ Meriba no, sɛdeɛ moyɛɛ da no wɔ Masa, ɛserɛ no so no,
9 您們的祖先雖然見過我的工作,在那裏他們還是試探我,考驗我。
Ɛhɔ no, mo mpanimfoɔ sɔɔ me hwɛeɛ, a na wɔnim deɛ meyɛ maa wɔn.
10 四十年之久,我厭惡了那一世代,曾說:這百姓心中迷惑,不肯承認我的真道,
Me bo fuu saa nnipa no mfeɛ aduanan na mekaa sɛ, “Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho, na wɔanhunu mʼakwan.”
11 因此我懷著憤怒而起說:他們決不得進入我的的安所。
Ɛno enti mekaa ntam wɔ mʼabufuo mu sɛ, “Wɔrenhyɛne mʼahomegyeɛ mu da.”

< 詩篇 95 >