< 詩篇 9 >
1 【天主除暴安良】 達味詩歌,交與樂官。調寄「木特拉本」。 上主,我全心讚頌你,宣揚你的一切奇偉;
Dawid dwom. Ao Awurade, mefiri mʼakoma nyinaa mu mekamfo wo. Mɛka wʼanwanwadeɛ no nyinaa.
Mɛma mʼani agye na madi ahurisie wɔ wo mu. Mɛto ayɛyie dwom ama wo din, Ao Ɔsorosoroni.
Mʼatamfoɔ sane wɔn akyi; wɔtete hwe, na wɔwuwu wɔ wʼanim.
Woadi mʼasɛm ama me, na mɛnya mʼahofadie; woatena wʼahennwa so, abu atɛntenenee.
5 你摧毀了異民,殲滅惡徒,你把他們的名字永遠消除。
Woatwe amanaman no aso, na woasɛe amumuyɛfoɔ. Woapepa wɔn din a wɔrenkae wɔn bio.
6 敵人現已覆滅,永遠沉淪,你蕩平的城邑,全不留名。
Ɔsɛeɛ a ɛnni awieeɛ ato ɔtamfoɔ no, woatutu wɔn nkuropɔn; na wɔnnkae wɔn bio mpo.
Awurade di ɔhene daa daa; wasi nʼatemmuo ahennwa.
Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn; ɔde atɛntenenee bɛdi nnipa no so.
Awurade yɛ dwanekɔbea ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so, ɔyɛ abandenden wɔ ahohia mmrɛ mu.
10 凡認識你名號的人,必仰望你,上主,尋覓你的人,你必不擯棄。
Wɔn a wɔnim wo din no de wɔn ho bɛto wo so, ɛfiri sɛ, wo Awurade, wonnyaa obiara a ɔhwehwɛ wo no mu da.
11 你們該歌頌上主,祂住在熙雍,在萬民中宣揚祂的一切化工:
Monto ayɛyie dwom mma Awurade a ɔte ahennwa so wɔ Sion; mompae mu nka deɛ wayɛ wɔ amanaman no mu.
12 上主追討血債,常懷念悲苦的人民,上主絕不會忘掉他慘痛的呼聲。
Na ɔkae deɛ ɔtɔ mogya so were no; ɔmmu nʼani ngu ɔbrɛfoɔ sufrɛ so.
13 上主,求你憐憫我,垂視我仇加於我的苦辱,拯救我脫離死亡的門戶,
Ao Awurade, hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ teetee me! Hu me mmɔbɔ na yi me firi owuo apono ano,
14 好使我在熙雍女子門口,宣揚你的美譽,欣享你的助祐。
na matumi apae mu aka wʼayɛyie wɔ Ɔbabaa Sion apono ano na ɛhɔ, madi ahurisie wɔ wo nkwagyeɛ no mu.
15 異民都落於自己挖掘的深坑,他們的腳都掉入自設的陷阱。
Aman amanmufoɔ atɔ amena a wɔatu no mu; afidie a wɔsum hintaaeɛ no ayi wɔn nan.
16 上主自顯於世,行了審判,惡人被自設的羅網所陷。
Awurade atɛntenenee da no adi; amumuyɛfoɔ nsa ano adwuma ayi wɔn.
17 願一般忘卻天主的異族,願一般惡人都歸於陰府! (Sheol )
Amumuyɛfoɔ sane kɔ damena mu, amanaman a wɔn werɛ firi Onyankopɔn nyinaa. (Sheol )
18 困苦的人絕不會被遺忘,窮人的依靠永不會喪亡。
Nanso ɛnyɛ daa na ne werɛ bɛfiri ohiani, anaa sɛ mmɔborɔni anidasoɔ bɛyera korakora.
19 上主,起來,莫讓世人獲勝,願異民盡都在你前受審!
Sɔre! Ao Awurade, mma ɔdasani nni nkonim, bu amanaman no atɛn wɔ wʼanim.
Hunahuna wɔn, Ao Awurade; na ma wɔnhunu sɛ, wɔyɛ adasamma.