< 詩篇 80 >
1 詠【求以色列復興】阿撒夫的詩歌,交與樂官。 以色列的牧養者,懇求您留心細聽,您率領若瑟的子孫有如率領羊群。坐於革魯賓之上者,求您大顯光榮。
Asaf dwom. Ao Israel dwanhwɛfoɔ, tie yɛn, wo a wodii Yosef anim sɛdeɛ wɔdi nnwankuo anim; wo a wote ahennwa so wɔ Kerubim ntam no, hyerɛn
2 於厄弗辣因、本雅明和默納協之中;求您發顯您的威能,快來作我們的救星!
wɔ Efraim, Benyamin ne Manase anim. Kanyane wo tumi; bra bɛgye yɛn nkwa.
3 天主,求您使我們能以復興,顯示您的慈顏,好拯救我們。
Ao Onyankopɔn, gye yɛn bio; ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, na wɔagye yɛn nkwa.
Ao Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn, wʼabofuo bɛdɛre akɔsi da bɛn wʼabofuo a ɛtia wo nkurɔfoɔ mpaeɛbɔ no?
5 您給他們吃的是含淚的食物,您用汪汪淚水,作他們的飲料。
Wode nisuo yɛɛ aduane maa wɔn diiɛ; wode nisuo kuruwa ma ma wɔnomeeɛ.
6 您使我們四鄰因我們而爭吵,您讓我們的仇人向我們嘲笑。
Woama yɛn mfɛfoɔ abu yɛn animtiaa, na yɛn atamfoɔ sere yɛn.
7 萬軍的天主,求您復興我們,顯示您的慈顏,好拯救我們。
Ao Otumfoɔ Onyankopɔn, gye yɛn bio; ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, na wɔagye yɛn nkwa.
8 您從埃及移來一棵葡萄樹,您把異民趕走,而種植這樹。
Wode bobe firi Misraim baeɛ; wopamoo amanaman no na woduaaɛ.
9 給這樹準備了肥沃土質,這樹深深紮根,滿佈大地。
Wosiesiee asase no baabi maa no, ɛgyee nhini na ɛtrɛɛ asase no so.
10 他的蔭影遮蔽著群山峻嶺,它的枝幹與蒼天松柏相等;
Ne nwunu kataa mmepɔ no so ne mman kataa ntweneduro akɛseɛ no so.
Ɛdendanee kɔɔ Ɛpo so, na ɛfefɛ kɔduruu Asubɔnten no ho.
Adɛn enti na woabubu nʼafasuo ama wɔn a wɔtwam hɔ tete ne bobe aba no?
Kɔkɔte firi wiram bɛsɛe no pasaa na mmoadoma a ɛwɔ ɛserɛ so de yɛ wɔn aduane.
14 萬軍的天主,求您領我們回去,求您從高天之上垂視而憐恤!
Ao Otumfoɔ Onyankopɔn, sane bra yɛn nkyɛn! Firi soro hɔ hwɛ na wobɛhunu! Hwɛ saa bobe yi so,
15 求您常看顧這葡萄樹,和您右手種植的園圃,保護您所培養的小樹。
ntini a wo nsa nifa adua no, ɔbabarima a woatete no ama wo ho no.
16 願那放火焚燒它,砍伐它的人,因懍於您怒容的威嚇而沈淪。
Wɔatwa wo bobe no ato fam, ato mu ogya ama ahye; wʼanimka ma wo nkurɔfoɔ ase tɔre.
17 願您右手扶持您右邊的人。並扶助為您所堅固的子民!
Fa wo nsa kata ɔbarima a ɔwɔ wo nifa no so, onipa ba a woatete no ama wo ho no.
18 從此,我們再不願意離開您,賜我們生存,為能傳揚您名。
Afei yɛrentwe yɛn ho mfiri wo nkyɛn; kanyane yɛn, na yɛbɛbɔ wo din.
19 上主萬軍的天主,求您復興我們,顯示您的慈顏,好拯救我們!
Ao Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn, gye yɛn bio, na ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, na wɔagye yɛn nkwa. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto sɛ “gittit” sankuo nne so.