< 詩篇 7 >
1 【苦中投奔於主】 達味有感於本雅明族人的話,向上主唱流離之歌。 上主,我的天主!我一心投奔你;求你助我逃脫一切追逐我的人,求你救拔我;
Dawid adesrɛ dwom a Benyaminni Kus nsɛm enti ɔto maa Awurade. Ao, Awurade me Onyankopɔn, medwane metoa wo; Gye me firi wɔn a wɔtaa me nyinaa nsam,
anyɛ saa a wɔbɛtete me mu sɛ gyata na wɔatete me mu asinasini a obiara rentumi nnye me.
3 上主!如果我真做了這事,我主!在我手中就真有罪!
Ao, Awurade me Onyankopɔn, sɛ mayɛ yei na sɛ afɔdie aba me so a,
sɛ mayɛ bɔne atia deɛ ɔne me te yie anaasɛ mabɔ me ɔtamfoɔ korɔno kwa a,
5 就讓敵人追逐我,擒獲我,把我的性命踐踏在污地,將我的光榮歸諸於泥灰。
ɛnneɛ ma mʼatamfoɔ ntaa me na wɔmmɛto me; ma wɔntiatia me so wɔ fam na wɔmma me funu nna mfuturo mu.
6 上主,求你震怒奮起,前來克制我仇的暴慢。我的天主,求你醒起助我,施行你定的斷案。
Sɔre wʼabufuo mu, Ao Awurade! Sɔre tia mʼatamfoɔ abufuo. Nyane, me Onyankopɔn; hyɛ atɛntenee mmara.
Ma nnipadɔm mmɛtwa wo ho nhyia. Firi soro hɔ di wɔn so;
8 上主,萬民的審判者! 上主,請照我的正義,請按我的無罪,護衛我的權利。
ma Awurade mmu nnipa no atɛn. Bu me atɛn, Ao Awurade sɛdeɛ me teneneeyɛ teɛ, sɛdeɛ me nokorɛdie teɛ, Ao Ɔsorosoroni.
9 公義的天主! 惟你洞察肺腑和人心,願惡人的毒害停止,求你堅固義人!
Ao Onyankopɔn teneneeni, wo a wohwehwɛ adwene ne akoma mu, fa amumuyɛfoɔ basabasayɛ bra awieeɛ na ma ateneneefoɔ nya banbɔ.
Mʼakokyɛm ne Ɔsorosoro Onyankopɔn deɛ ɔgye akoma mu teneneeni no.
Onyankopɔn yɛ ɔtemmufoɔ teneneeni, Onyame a ɔda nʼabufuo adi da biara.
Sɛ wansesa nʼadwene a, ɔbɛse nʼakofena ano; ɔbɛkuntunu ne tadua na ɔde bɛmma ahyɛ mu.
13 那只是為自己預備死亡的武器,為自己製造帶火的箭矢。
Wasiesie ne kɔdiawuo akodeɛ; ayɛ ne bɛmma a ɛrederɛ no krado.
Deɛ ɔnyinsɛn amumuyɛ na basabasayɛ ahyɛ no ma no, ɔwo nnaadaa.
Deɛ ɔtu tokuro na ɔyi mu dɔteɛ no hwe tokuro a watu no mu.
16 他的兇惡必反轉到自己頭上,他的橫暴必降落在自己的頂上。
Ɔhaw a ɔde ba no dane bɔ nʼankasa so; ne basabasayɛ bɔ nʼankasa tiri so.
Mede aseda bɛma Awurade ne tenenee enti na mato ayɛyi dwom ayi Awurade, Ɔsorosoroni no din ayɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “gittit” sankuo nne so.