< 詩篇 60 >
1 達味金詩,交與樂官。 約阿布歸來,在鹽谷殺了一萬二千人。 天主,你拋棄了我們,粉碎了我們!你曾發怒,今求你復興我們。
Dawid “Miktam” dwom. Wɔde yɛ nkyerɛkyerɛ. Ɔtoo no ɛberɛ a ɔne Aram Naharanfoɔ ne Aram Sabafoɔ koeɛ na Yoab sane kɔkumm Edomfoɔ mpem dumienu wɔ Nkyene Bɔnhwa mu no. Ao Onyankopɔn, woapo yɛn, woabɔ yɛagu; wo bo afu yɛn, nanso gye yɛn bio!
2 你曾使大地震動,使地裂土崩,求你彌補裂縫,因它搖搖不定。
Woawoso asase no na woapae mu; toatoa deɛ abubuo no, ɛfiri sɛ, ɛrehinhim.
Woama wo nkurɔfoɔ ahunu mmerɛ bɔne; woama yɛn nsã a ɛma yɛtɔ ntentan.
4 然後你為敬愛你的人,豎起旗幟,為使他們閃避仇敵的弓矢;
Nanso wɔn a wɔsuro wo deɛ, woama wɔn frankaa so sɛ wɔntu ntia kuntun no.
5 為叫你所愛的人,獲得救恩;求你以右手協助,垂允我們。
Gye yɛn nkwa na fa wo nsa nifa boa yɛn, na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.
6 天主在自己的聖所說:「我要凱旋,將舍根分疆,將穌苛特的平原測量。
Onyankopɔn akasa firi kronkronbea sɛ, “Nkonim mu, mɛkyɛ Sekem mu, na masusu Sukot bɔnhwa no.
7 基肋阿得地屬於我,默納協地也屬於我;我的頭盔就是厄弗辣因,猶大成為我手中的權棍;
Gilead wɔ me, Manase wɔ me; Efraim yɛ me dadeɛ kyɛ, ɛna Yuda yɛ mʼahempoma.
8 摩阿布是我的沐浴池,我向厄東投我的鞋隻,我還要戰勝培肋舍特。
Moab yɛ me dwaresɛn, Edom so na meto me mpaboa guo; na meteam nkonimdie so gu Filistifoɔ so.”
Hwan na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu? Hwan na ɔbɛdi mʼanim akɔ Edom?
10 天主,莫非你已將我們拋棄,難道不率領我軍出擊?
Ɛnyɛ wo, Ao Onyankopɔn, wo a woapo yɛn na wone yɛn akodɔm ankɔ sa bio no?
11 求你援助我們抵抗仇讎,因為人的援助盡是虛無。
Boa yɛn tia ɔtamfoɔ no, na ɔdasani mmoa nka hwee.
12 我們倚靠天主奮勇行事,祂必要,踐踏我們的仇敵。
Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yɛbɛdi nkonim, na ɔbɛtiatia yɛn atamfoɔ so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoɔ.