< 詩篇 32 >
Dawid dwom. Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn amumɔyɛ akyɛ wɔn, na wɔakata wɔn bɔne so.
Nhyira nka onipa a Awurade mmu ne bɔne ngu no so na nnaadaa nni ne honhom mu.
3 就在我緘默不語的時期內,我的骸因常傷歎而疲衰;
Bere a meyɛɛ komm no, me nnompe yɛɛ mmrɛw, apini a misii no da mu nyinaa nti.
4 因為你的手晝夜在重壓著我,我的力量像在盛暑中而消耗。(休止)
Awia ne anadwo wo nsa yɛɛ den wɔ me so; mʼahoɔden sae te sɛ awia bere mu ɔhyew.
5 我終於向你承認我的罪過,絲毫也沒有隱瞞我的邪惡,我說:「我要向上主承認我的罪孽,」你立刻便寬赦了我的罪債。(休止)
Afei, migyee me bɔne too mu. Mankata mʼamumɔyɛ so. Mekae se, “Mɛka me bɔne akyerɛ Awurade,” na wode me bɔne ho afɔdi kyɛɛ me.
6 為此虔敬的人在困厄時,都應向你哀禱,縱使大水氾濫成災,他也不會遭受波濤。
Enti, ma agyidifo nyinaa mmɔ wo mpae bere a wohu wo; ampa ara sɛ asu akɛse yiri a, ɛrenka no.
7 你是我的避難所,救我脫離災禍,你以拯救我的喜樂,常環繞著我。(休止)
Wone me hintabea; wobɛbɔ me ho ban wɔ amanehunu mu na wode nkwagye nnwom atwa me ho ahyia.
8 我教導你,指示你應走的正道,雙眼注視你,親自作你的嚮導。
Mɛkyerɛkyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so metu wo fo na mahwɛ wo so.
9 不要像騾馬一般糊塗,需要韁轡來加以管束;不然,不向你眼前趨赴。
Ɛnyɛ sɛ ɔpɔnkɔ anaa afurumpɔnkɔ a onni ntease nti wɔde nnareka ne hama na ɛdannan no, sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛba wo nkyɛn.
10 邪惡的人必要受許多的痛苦;仰望上主的人,必有慈愛圍護,
Omumɔyɛfo amanehunu dɔɔso, nanso Awurade adɔe a ɛnsa da no twa onipa a ɔde ne ho to no so no ho hyia.
11 正義的人們!你們應在上主內歡欣喜樂。 心正的人們!你們應在上主內歡呼踴躍。
Munni ahurusi na mo ani nnye wɔ Awurade mu, mo atreneefo; monto dwom, mo a mo koma mu tew.