< 詩篇 2 >
1 【默西亞必勝】萬邦為什麼囂張,眾民為什麼妄想?
Adɛn enti na amanamanmufoɔ no bo afu? Adɛn enti na wɔsɛe mmerɛ yɛ nhyehyɛeɛ hunu yi?
2 世上列民群集一堂,諸侯畢至聚首相商,反抗上主,反抗他的受傅者:
Asase so ahemfo sɔre gyina na atumfoɔ bom tu agyina tia Awurade ne Deɛ Wɔasra no no.
Wɔka sɛ, “Momma yɛmmubu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn na yɛnto wɔn mpokyerɛ ngu.”
Deɛ ɔte adwa so wɔ soro no sere; Awurade di wɔn ho fɛw.
Afei ɔka wɔn anim wɔ nʼabufuo mu hunahuna wɔn wɔ nʼabufuhyeɛ mu, ka sɛ,
“Masi me Ɔhene wɔ Sion, me bepɔ kronkron no so.”
7 我要傳報上主的聖旨:上主對我說:你是我的兒子,我今日生了你。
Mɛpae mu aka Awurade ahyɛdeɛ: Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Woyɛ me Babarima; ɛnnɛ mayɛ wʼAgya.
8 你向我請求,我必將萬民賜你作產業,我必將八極賜你作領地。
Bisa me, na mede amanaman nyinaa bɛyɛ wʼagyapadeɛ, asase ano nyinaa bɛyɛ wo dea.
Wode dadeɛ ahempoma bɛdi wɔn so; na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwomfoɔ ahina.”
10 眾王!你們現在應當自覺,大地掌權者!你們應受教:
Enti mo ahemfo, monsua nyansa; monkae kɔkɔbɔ yi, mo asase sodifoɔ.
11 應以敬愛之情事奉上主,戰戰兢兢向祂跪拜叩首;
Momfa suro nsom Awurade na monsɛpɛ mo ho ahopopoɔ mu.
12 以免祂發怒將你們滅於中途,因為祂的怒火發怒非常快速。凡一切投奔祂的人真是有福。
Momfe Ɔba no ano, na ne bo amfu ansɛe mo wɔ mo akwan so, ɛfiri sɛ nʼabufuhyeɛ tumi sɔre ntɛm so. Nhyira ne wɔn a wɔdwane toa no nyinaa.